Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 24 - New Revised Asante Twi Bible


Ɔman no kan ne ɛho asotwe
( 1 Berɛsosɛm 21.1-27 )

1 Na AWURADE bo huru tiaa Israel bio, na ɔpiapiaa Dawid hyɛɛ wɔn sɛ: Kɔ na kɔkan Israel ne Yuda.

2 Na ɔhene ka kyerɛɛ Ɔsahene Yoab a ɔka ne ho no sɛ: Kɔkyini Israel mmusuakuo nyinaa mu firi Dan kɔsi Beer-seba, na monkan ɔman no, na menhunu ɔman no dodoɔ.

3 Na Yoab ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ma AWURADE wo Nyankopɔn nka ɔman no sɛdeɛ wɔteɛ yi ho mprɛha, na me wura ɔhene ani nhunu, na adɛn nti na me wura ɔhene pɛ sɛ wɔdi saa asɛm yi?

4 Nanso ɔhene asɛm no yɛɛ Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no so den. Na Yoab ne ɛdɔm no mu asafohene no firi ɔhene anim firii adi, sɛ wɔrekɔkan Israel man no.

5 Na wɔkɔtwaa Yordan, na wɔkɔsoɛɛ Aroer, kuro bi a ɛda Gad subonhwa no mu a ɛkyerɛ Yaser no nifa,

6 na wɔkɔɔ Gilead ne anafoɔ Hodsi asase so, na wɔkɔɔ Dan-yaan ne Sidon.

7 Na wɔduruu Tiro kuro a ɛyɛ den no ne Hewifoɔ ne Kanaanfoɔ nkuro nyinaa mu. Na wɔfiri hɔ baa Yuda anafoɔ fam wɔ Beer-seba.

8 Na wɔkyinii asase no nyinaa so, na abosome nkron ne adaduonu akyiri no, wɔbaa Yerusalem,

9 na Yoab de ɔman no anobuo no dodoɔ brɛɛ ɔhene, na Israel dɔm mu mmarima a wɔtwe nkrantɛ ano si mpem ha ahodoɔ nwɔtwe, na Yuda mmarima yɛ mpem ha ahodoɔ nnum.

10 Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!

11 Na Dawid sɔree anɔpa no, AWURADE asɛm baa Odiyifoɔ Gad, Dawid dehununi no nkyɛn sɛ:

12 Kɔ na kɔka kyerɛ Dawid sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Adeɛ mmiɛnsa na mede mereto w’anim, fa emu baako na memfa menyɛ wo.

13 Na Gad baa Dawid nkyɛn bɛka kyerɛɛ no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛkɔm mmra w’asase so mfeɛ nson, anaasɛ wobɛdwane w’atamfoɔ a wɔpamo woɔ anim abosome mmiɛnsa, anaasɛ ɔyaredɔm mmra w’asase so nnansa? Afei hwɛ, na hunu mmuaeɛ ko a memfa mensane menkɔma deɛ ɔsomaa me no.

14 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Gad sɛ: Me ho hiahia me sɛ! Ma yɛnhwe AWURADE nsa mu ɛ, na ne mmɔborɔhunu dɔɔso; na nnipa nsam na wɔmmma mennhweɛ.

15 Ɛnna AWURADE maa owuyadeɛ baa Israel soɔ firi anɔpa kɔsii berɛ a ɔhyɛeɛ no, na ɔman a ɛfiri Dan kɔsi Beer-seba no mu nnipa mpem aduɔson wuwui.


Arauna ayuporebea afɔrebɔ

16 Na ɔbɔfoɔ no tenee ne nsa Yerusalem so sɛ ɔresɛe no no, AWURADE nuu ne ho mmusuo no ho, na ɔka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no sɛ: Ayɛ yie, pono wo nsa. Na AWURADE bɔfoɔ no aduru Yebusini Arauna ayuporebea ho.

17 Na Dawid hunuu ɔbɔfoɔ a ɔsɛe ɔman no no, ɔka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Hwɛ, me na mayɛ bɔne, na me na mafom, na nnwan yi deɛ, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo nsa mmra me ne m’agya fie so.

18 Na Gad baa Dawid nkyɛn da no bɛka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma AWURADE Yebusini Arauna ayuporebea hɔ.

19 Na Dawid nam Gad asɛm no so foro kɔe, sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no.

20 Na Arauna hwɛeɛ no, ɔhunuu ɔhene ne ne nkoa sɛ wɔresene aba ne nkyɛn. Na Arauna firii adi kɔbɔɔ ne mu ase ɔhene anim.

21 Ɛnna Arauna bisaa sɛ: Adɛn nti na me wura ɔhene reba n’akoa nkyɛn yi? Na Dawid buaa sɛ: Merebɛtɔ wo hɔ ayuporebea no, na masi afɔrebukyia mama AWURADE, na wɔasi ɔhaw no kwan afiri ɔman no so.

22 Na Arauna ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ma me wura ɔhene mfa, na ɔmmɔ afɔdeɛ sɛdeɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Hwɛ, ɔhyeɛ afɔrebɔ nantwie ne poreɛ nteaseɛnam ne anantwie no adwumayɛ nnua a wɔde bɛyɛ nnyina nie.

23 Ɔhene, Arauna de ne nyinaa ma ɔhene. Na Arauna ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: AWURADE wo Nyankopɔn ani nsɔ wo.

24 Na ɔhene ka kyerɛɛ Arauna sɛ: Dabi, na tɔ na mɛtɔ no wo hɔ, sɛdeɛ ne boɔ teɛ, na meremfa adeɛ biara a ɛnsom me boɔ memmɔ AWURADE me Nyankopɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. Na Dawid tɔɔ ayuporebea no ne anantwie no maa dwetɛ nnwetɛbena aduonum.

25 Na Dawid sii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ, na ɔbɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ. Na AWURADE gyee mpata no maa asase no, na wɔsii ɔhaw no kwan firii Israel so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan