2 Samuel 23 - New Revised Asante Twi BibleDawid nsɛm a ɛdi akyire 1 Na yeinom ne Dawid nsɛm a ɛdi akyire. Yisai ba Dawid adiyisɛm a wanya sɛ ɔreka, ɔbarima a wɔmaa no soɔ no adiyisɛm, deɛ Yakob Nyankopɔn asra no ne Israel dwom dɛdɛ tofoɔ asɛm a ɔreka nie: 2 AWURADE honhom nam me so kasa, na n’asɛm wɔ me tɛkyerɛma so. 3 Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu. 4 Na ɔbɛyɛ sɛ anɔpa hann, berɛ a owia repue, sɛ anɔpa a mununkum nni hɔ, sɛ owia gyegyeɛ ne osutɔ nti wira fifiri fam. 5 Aane, ɛnyɛ saa na me fie teɛ wɔ Nyankopɔn nkyɛn? Na ɔne me apam daa apam, wasiesie nnoɔma nyinaa mu na wɔhwɛ so. Na me mmoa nyinaa ne deɛ mepɛ nyinaa, ɔremma no mfefɛ anaa? 6 Nanso ahuhufoɔ deɛ, wɔn nyinaa te sɛ nkasɛɛ a wɔato aguo, na wɔmfa nsa nsɔ mu. 7 Na onipa a ɔrebɛka no no, wɔde dadeɛ ne pea dua ma no ma no de mia, na ɛhyeɛ ara na wɔde ogya bɛhyeɛ ama no asa koraa. Dawid nnɔmmarima ne wɔn nneyɛɛ ( 1 Berɛsosɛm 11.10-41 ) 8 Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so wɔ nnipa ahanwɔtwe so a ɔkunkumm wɔn prɛko. 9 Na deɛ ɔdi n’akyire ne Ahohi ba Dodo ba Eleasa a ɔfra nnɔmmarima baasa a wɔka Dawid ho berɛ a wɔresopa Filistifoɔ a na wɔaboaboa wɔn ano rebɛko na Israel mmarima foro kɔeɛ no mu. 10 Ɔno na ɔsɔre kunkumm Filistifoɔ no kɔsii sɛ ne nsam goeɛ na ne nsa fam ne nkrantɛ ho. Na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ da no, na ɛdɔm no dane kɔdii n’akyiri sɛ wɔbɛfom adeɛ nko. 11 Na deɛ ɔdi n’akyire ne Hararini Agee ba Sama. Na Filistifoɔ no boaboaa wɔn ano yɛɛ asafo, na asasewa bi wɔ hɔ a asedua wɔ soɔ, na ɔman no dwane Filistifoɔ no anim. 12 Na ɔno deɛ, ɔgyinaa asase no mfimfini na ɔperee, na ɔkumm Filistifoɔ no, na AWURADE yɛɛ nkonim ade kɛseɛ. 13 Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu. 14 Nso ɛberɛ no mu no, na Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ no mu, na Filistifoɔ bansifoɔ wɔ Betlehem. 15 Na sukɔm dee Dawid, na ɔkaa sɛ: Hwan na ɔbɛma me Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo anom? 16 Na nnɔmmarima baasa no te faa Filistifoɔ nsraban no mu kɔsaa Betlehem asubura a ɛwɔ kuro pono ho no mu nsuo de brɛɛ Dawid. Nanso wampɛ sɛ ɔnom, na ɔhwie gu maa AWURADE, 17 na ɔse: Ɛmpare me, AWURADE, sɛ mɛyɛ yei. Mennom mmarima a wɔde wɔn kra too wɔn nsam kɔeɛ no mogya? Na wampɛ sɛ ɔnom. Yei na nnɔmmarima baasa no yɛeɛ. 18 Na Yoab nua Seruia ba Abisai nso di baasa no mu titire. Ɔno na ɔtwee ne pea kumm nnipa ahasa, na ɔgyee din sɛ baasa no. 19 Ɔno na na ɔwɔ animuonyam kɛseɛ wɔ nnipa aduasa no mu, na ɔdi wɔn so safohene, nanso wanto akane nnipa baasa no. 20 Na Yehoiada ɔbarima a ɔfiri Kabseel a ɔyɛ mmaninneɛ a ɛso no ba Benaia kumm Moab gyatasɛefoɔ baanu; na ɔno nso siane kɔkum gyata wɔ abura mu, sukyerɛmma da bi; 21 na ɔno ara nso kɔkumm Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no. 22 Yei na Yehoiada ba Benaia yɛeɛ, na ɔnyaa din nnɔmmarima baasa no mu. 23 Akunini aduasa no mu na ɔwɔ animuonyam, na akane baasa no deɛ, wanto wɔn. Na Dawid de no sii n’ankɔbeafoɔ so. 24 Yoab nua Asahel fra aduasa no mu; Dodo ba Elhanan a ɔfiri Betlehem, 25 Harodini Sama, Harodini Elika, 26 Paltini Heles, Ikes ba Ira a ɔyɛ Tekoani, 27 Anatotni Abieser, Husatni Mebunai, 28 Ahohini Salmon, Netofani Maharai, 29 Netofani Baana ba Heleb, Ribai ba Itai a ɔfiri Benyamin mma Gibea. 30 Piratonni Benaia, Hidai a ɔfiri Nahale-gaas, 31 Arabani Abi-albon, Barhumini Asmawet, 32 Saalbonni Eliahba, Yasenfoɔ no mu: Yonatan. 33 Hararini Sama, Hararini Sarar ba Ahiam, 34 Maakati ba Ahasbai ba Elifelet, Giloni Ahitofel ba Eliam, 35 Karmelni Hesro, Arbini Paarai, 36 Natan ba Yigal a ɔfiri Soba, Gadni Bani, 37 Amonni Selek, Beerotni Naharai, Seruia ba Yoab akodeɛkurani, 38 Yitrini Ira, Yitrini Gareb, 39 Hetini Uria. Wɔn nyinaa yɛ aduasa nson. |
The Bible Society of Ghana, 2012