Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 22 - New Revised Asante Twi Bible


Dawid aseda ne nkonimdie dwom
( Nnwom 18 )

1 Na da a AWURADE yii Dawid firii n’atamfo nyinaa ne Saulo nsam no, ɔkaa dwom yi mu nsɛm kyerɛɛ AWURADE,

2 na ɔse: AWURADE, ne me botan, m’abankɛseɛ ne me gyefoɔ,

3 me botantim Nyankopɔn a medwane mekɔtoa no. Me kyɛm ne me nkwagyeɛ abɛn, m’abantenten ne me dwanekɔbea, m’agyenkwa a wogyee me firii akakabensɛm mu.

4 AWURADE a ɔfata sɛ wɔyi no ayɛ no na mesu mefrɛ no, na ɔgye me m’atamfoɔ nsam.

5 Na owuo asorɔkyeɛ twaa me ho hyiae, na sɛeɛ asuasu woro yii me hu.

6 Asamando nhoma kyekyeree me, owuo fidie bɛhyiaa me rebɛyi me.

7 M’ahohiahia mu mesu mefrɛɛ AWURADE, me Nyankopɔn na meteaa mu mefrɛɛ no. Na ɔtee me nne n’asɔrefie, na me nteamu duruu n’aso mu.

8 Ɛnna asase hinhimiiɛ, na ɛwosoe, ɔsoro nnyinasoɔ nso popoe, na ɛhinhimii, ɛfiri sɛ na ne bo afu.

9 Wisie tu firii ne hwenem, na ogya firii n’anomu hyee adeɛ, na nnyansramma a wɔasɔ ne mu.

10 Ɔkuntunuu ɔsoro na ɔdurui fam, na esum kabii wɔ ne nan ase.

11 Na ɔtenaa Kerub so tui, na wɔhunuu no mframa ntaban so.

12 Na ɔde esum yɛɛ ne ho asese, nsuo mmoaano, danee mununkum kusuu.

13 Ne ho haran mu na nnyansramma dɛreeɛ.

14 AWURADE bɔɔ mu firii soro, na ɔsorosoroni no maa wɔtee ne nne.

15 Na ɔtotoo agyan de bɔɔ wɔn petee, aprannaa na ɔde tuu wɔn ase.

16 Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE animuka nti, ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.

17 Ɔtenee ne nsa firii soro bɛfaa me, ɔtwee me firii nsuo pii mu.

18 Ɔgyee me firii me tamfo aniɛdenfoɔ ne wɔn a wɔkyiri me no nsam, ɛfiri sɛ wɔn ho yɛ den sene me.

19 Wɔbɛtoaa me m’amanehunu da mu, na AWURADE bɛyɛɛ me okyigyinafoɔ,

20 na ɔyii me kɔgyinaa deɛ ɛhɔ trɛ, ɔgyee me, ɛfiri sɛ na ɔpɛ m’asɛm.

21 AWURADE tuaa me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ me bemdie teɛ na ɔtuaa me ka.

22 Na mehwɛɛ AWURADE akwan, na menyɛɛ bɔne mfirii me Nyankopɔn ho.

23 Na n’atemmudeɛ nyinaa wɔ m’ani so, na n’ahyɛdeɛ nso, memfirii ho.

24 Na manni fɔ wɔ n’anim, na mahwɛ me ho so afiri m’amumuyɛ ho.

25 Na AWURADE atua me ka sɛdeɛ me tenenee teɛ, sɛdeɛ m’ahoteɛ a ɛda n’anim no teɛ.

26 Ɔnokwafoɔ na wo ne no bɛdi no nokorɛ mu, ɔbarima a ɔdi mu na wo ne no bɛdi no amudie soɔ.

27 Deɛ ne ho teɛ na wobɛte wo ho akyerɛ no, na ɔkontonkyini deɛ, wobɛkyinkyim wo ho akyerɛ no.

28 Na ɔman a wɔbrɛ wɔn ho aseɛ no, wogye wɔn, na w’ani sa ahantanfoɔ na woabrɛ wɔn ase.

29 Na wo, AWURADE, wone me kanea, na AWURADE haran me sum mu ma me.

30 Na wo na mede wo tu dɔm, na mede me Nyankopɔn mehuri metra ɔfasuo.

31 Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.

32 Na hwan ne onyame? Gye sɛ AWURADE nko. Na hwan na ɔyɛ ɔbotan? Gye sɛ yɛn Nyankopɔn.

33 Saa Onyankopɔn yi ne m’aban a ɛyɛ den, na ɔma me kwan yɛ dwoodwoo.

34 Ɔyɛɛ me nan sɛ aforotebereɛ deɛ, na ɔmaa megyinaa me mmepɔ so pintinn.

35 Ɔkyerɛ me nsa akodie, na m’abasa akuntunu kɔbere mfrafraeɛ tadua mu.

36 Na wode wo nkwagye kyɛm maa me, na wo mmoa ma meyɛɛ kɛseɛ.

37 Wotrɛ m’anammɔn tutuo mu wɔ m’ase na me nan anwatiri.

38 Metii m’atamfoɔ na mesɛee wɔn, na mansane de kɔsii sɛ mehyee wɔn,

39 na memenee wɔn, na mebobɔɔ wɔn na wɔansɔre, na wɔtotɔe wɔ me nan ase.

40 Na wode ahoɔden bɔɔ me abɔsoɔ maa akodie, wobrɛɛ wɔn a wɔsɔre tiaa me no ase hyɛɛ m’ase.

41 Na womaa m’atamfoɔ danee wɔn akyi kyerɛɛ me, wɔn a na wɔkyiri me no, na mesɛee wɔn.

42 Wɔhwɛe, na ɔgyefoɔ biara nni hɔ, wɔsu frɛɛ AWURADE, na wammua wɔn.

43 Na mepɛkyɛɛ wɔn pasaa sɛ fam mfuturo, metiatiaa wɔn so mewɔɔ wɔn sɛ mmɔntene so dɔteɛ.

44 Woyii me firii m’amanko mu, woahwɛ me sɛ menyɛ amanaman ti. Ɔman a menni wɔn no som me.

45 Ananafoɔ bɛbrɛ wɔn ho ase ama me, wɔtee me nka pɛ, wɔtiee me.

46 Ananafoɔ bo tui, na wɔde ahopopoɔ firi wɔn aban mu bae.

47 AWURADE te ase, na nhyira nka me botantim no. Na me nkwagyeɛ botan Nyankopɔn no, wɔmma no so.

48 Onyankopɔn a ɔtɔɔ were maa me, na ɔbrɛɛ aman ase hyɛɛ m’ase,

49 deɛ ɔyii me firi m’atamfoɔ nsam, aane, wo na woma me so boro wɔn a wɔsɔre tia me no soɔ, wogyee me firi aniɛdenfoɔ nsam,

50 Enti, AWURADE, mɛkamfo wo amanaman mu, na mabɔ wo din mato ayeyie nnwom,

51 sɛ wone deɛ ɔma ne hene nkwagyeɛ so, na ɔyɛ deɛ wasra no no adɔeɛ, Dawid ne n’asefoɔ daa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan