Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 20 - New Revised Asante Twi Bible


Seba mansotwe ne Amasa wuo

1 Na ɔbarima huhuni bi wɔ hɔ a ne din de Seba a ɔyɛ Benyaminni Bikri ba. Na ɔhyɛnee totorobɛnto sɛ: Yɛnni kyɛfa biara wɔ Dawid mu, na yɛnni agyapadeɛ Yisai ba no nkyɛn. Israel, monkɔ mo adan mu.

2 Ɛnna Israel mmarima nyinaa firii Dawid akyi kɔ kɔdii Bikri ba Seba akyire. Na Yuda mmarima deɛ, wɔbataa wɔn hene ho firi Yordan ho ara de baa Yerusalem.

3 Na Dawid baa ne fie wɔ Yerusalem. Na Dawid faa mmaa du, ne mpenafoɔ a ɔgyaa wɔn sɛ wɔnhwɛ fie no de wɔn kɔguu mmaa mu, na ɔbɔɔ wɔn akɔnhoma, na wɔn ho deɛ, wankɔ. Na wɔtoo wɔn mu kɔsii wɔn wu da maa wɔdii wɔn nkwa berɛ te sɛ deɛ wɔyɛ kuna.

4 Na ɔhene ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Kɔfrɛfrɛ Yuda mmarima ma wɔnhyia me nnansa yi mu ara, na wo nso bra bi.

5 Na Amasa kɔɔ sɛ ɔrekɔfrɛfrɛ Yudafoɔ; na ɔkyɛre sene berɛ a wɔhyɛɛ no no.

6 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abisai sɛ: Afei deɛ, Bikri ba Seba bɛyɛ yɛn bɔne asene Absalom deɛ no mpo: Wo deɛ, fa wo wura mmarima no na ti no, na wannya afasuo nkuro no bi amfa, na wammɛha yɛn.

7 Ɛnna Yoab mmarima ne Keretifoɔ ne Peletifoɔ ne nnɔmmarima no nyinaa tu dii n’akyire; na wɔfirii Yerusalem sɛ wɔreti Bikri ba Seba.

8 Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.

9 Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.

10 Na Amasa anhwɛ nkrantɛ a ɛkura Yoab nsam no, na ɔde wɔɔ ne yafunu mu tuee ne nsono guu fam, na wamfoa no so, na ɔwui. Na Yoab ne ne nua Abisai tii Bikri ba Seba.

11 Na Yoab mmeranteɛ no mu bi gyinaa ne nkyɛn na ɔkaa sɛ: Deɛ ɔpɛ Yoab asɛm ne deɛ ɔyɛ Dawid deɛ no, ma no nni Yoab akyi!

12 Na Amasa yantamyantam mogya mu tempɔn no so. Na obiara a ɔbɛduru hɔ sɛ n’ani bɔ no so a, na wagyina. Saa nti, ɔbarima no hunuu sɛ ɛdɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa firii tempɔn no so kɔtoo wiram na ɔde ntoma kataa ne so.

13 Na wɔyii no firii tempɔn no soɔ no, wɔn nyinaa sene kɔdii Yoab akyi tii Bikri ba Seba.

14 Na Seba faa Israel mmusuakuo nyinaa mu twaa mu kɔduruu Abel ne Bet-maaka ne Bikrifoɔ nyinaa so, na wɔhyia boaa ano ba bɛdii n’akyi.

15 Na ɛdɔm a wɔka Yoab ho no nyinaa kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kuro no ho epie wɔ afasuo no akyi, na wɔpempemee afasuo no sɛ wɔredwiri agu.

16 Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaa mu sɛ: Montie, montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔntwe mpini ha, na me ne no nkasa.

17 Na ɔtwe pinii no no, ɔbaa no bisaa no sɛ: Ɔne Yoab anaa? Na ɔkaa sɛ: Mene no. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tie w’abaawa nsɛm yi. Na ɔkaa sɛ: Meretie.

18 Na ɔkaa sɛ: Akane no na wɔka sɛ: Wɔnkɔ abisa wɔ Abel, na wɔawie no saa.

19 Meyɛ wɔn a wɔpɛ asomdwoeɛ ne nokorɛ no mu baako, wo deɛ, worehwehwɛ akum Israel mu kuro a ɛyɛ ɛna; adɛn nti na worebɛmene AWURADE agyapadeɛ?

20 Na Yoab buaa sɛ: Ɛmpare me, ɛmpare me sɛ mɛmene anaasɛ mɛsɛeɛ.

21 Asɛm no nte saa, na ɔbarima bi a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so atia Ɔhene Dawid. Monyi ɔno nko mma, na mɛfiri kuro no ho akɔ. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, wɔbɛto ne tiri afa ɔfasuo no so ama wo.

22 Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.


Dawid asomfoɔ

23 Nso Yoab na na ɔdi Israel asraadɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.

24 Na Adoram di ɛtoɔ soɔ, na Ahilud ba Yosafat ne ɔsɛnkaefoɔ.

25 Na Sefa ne ɔtwerɛfoɔ, na Sadok ne Abiatar ne asɔfoɔ.

26 Na Yairini Ira nso yɛ Dawid sɔfoɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan