2 Samuel 19 - New Revised Asante Twi BibleDawid agyaadwotwa 1 Wɔka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, ɔhene resu, na ɔretwa Absalom ho adwo. 2 Na nkonimdie no danee nnipa no nyinaa abooboodie ɛda no; na nkurɔfoɔ no tee da no sɛ ɔhene redi awerɛhoɔ ma ne ba. 3 Na nnipa no wiawiaa wɔn ho baa kuro no mu da no, sɛdeɛ ɛdɔm a wɔredwane ɔko mu wɔ ahohora mu wiawia wɔn ho no. 4 Na ɔhene deɛ, na wakata n’anim, na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Ao, me ba Absalom, ao, Absalom me ba, me ba! 5 Na Yoab baa ɔhene nkyɛn efie, na ɔkaa sɛ: Woahyɛ wo nkoa a ɛnnɛ wɔagye wo kra, wo mmammarima, wo mmammaa kra, wo yerenom kra ne wo mpenafoɔ kra no nyinaa aniwuo nnɛ, 6 sɛ wodɔ w’atamfoɔ na wotane w’adɔfoɔ. Na woakyerɛ nnɛ sɛ asafohene ne nkoa nyɛ hwee mma wo; na mahunu sɛ, sɛ Absalom nyaa nkwa na yɛn nyinaa wuwuiɛ a, anka wopɛ. 7 Na afei sɔre firi adi, na kɔka abotɔyam asɛm kyerɛ wo nkoa. Na medɔ Nyame sɛ, sɛ woamfiri adi a, obiara rentena wo nkyɛn anadwo yi, na ɛno mmom bɛyɛ bɔne ama wo asene bɔne biara a aba wo soɔ firi wo mmeranteberɛ mu de abɛduru sɛsɛɛ. 8 Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu. Dawid saneba 9 Na ɔman no nyinaa kasakasaa Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ: Ɔhene gyee yɛn firii yɛn atamfoɔ nsam, na ɔyii yɛn Filistifoɔ nsam; na afei Absalom nti wadwane afiri asase yi so. 10 Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi? 11 Na Ɔhene Dawid tee deɛ Israel nyinaa aka no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Asɔfoɔ Sadok ne Abiatar nkyɛn sɛ: Monkɔbisa nkyerɛ Yuda mpanimfoɔ sɛ: Adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akɔ ne fie? 12 Me nuanom ne mo, me nnompe ne me nam ne mo, na adɛn nti na motwentwɛn mo nan ase sɛ mobɛba abɛfa ɔhene asane akorɔ? 13 Na Amasa nso, monka nkyerɛ no sɛ: Ɛnyɛ me nnompe ne me nam ne wo? Sɛ woanyɛ dɔm so safohene m’anim nna nyinaa ansi Yoab ananmu a, Onyankopɔn nyɛ me sɛɛ na ɔnkɔ so nyɛ me sɛɛ! 14 Ɔtwee Yuda mmarima nyinaa bae sɛ onipa baako, na wɔsoma maa wɔbaa ɔhene nkyɛn sɛ: Wo ne wo nkurɔfoɔ nyinaa, monsane mmra. 15 Na ɔhene sane baa Yordan ano. Na Yuda baa Gilgal sɛ wɔreba abɛhyia Ɔhene, na wɔde no atwa Yordan. 16 Na Benyaminni Gera ba Simei a ɔfiri Bahurim no yɛɛ ntɛm ne Yuda mmarima no siane ba bɛhyiaa Ɔhene Dawid, 17 na Benyamin mmarima apem ka ne ho, na Saulo fie abɔfra Siba ne ne mma dunum ne n’asomfoɔ aduonu no ne no bɛtwaa Yordan baa ɔhene anim. 18 Na kodoɔ no twa kɔɔ sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fiefoɔ, na wɔayɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na ɔhene rebɛtwa Yordan no, Gera ba Simei bɔɔ ne mu ase n’anim, 19 na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Mma me wura mmmu amumuyɛ nnto me so, na nkae deɛ w’akoa fom yɛɛ no da a me wura ɔhene firii Yerusalem no, na ɔhene mmfa nnhyɛ n’akomam. 20 Na w’akoa nim sɛ mayɛ bɔne; saa nti, hwɛ, me na madi Yosef fie nyinaa kan maba nnɛ sɛ meresiane mabɛhyia me wura ɔhene. 21 Na Seruia ba Abisai bisaa sɛ: Ɛnsɛ sɛ wɔkum Simei, sɛ wadome deɛ AWURADE asra no no anaa? 22 Na Dawid buaa sɛ: Ɛdeɛn na me ne mo Seruia mma wɔ yɛ, sɛ moyɛ sɛ atamfoɔ a wɔne me di asie nnɛ yi? Ɛnnɛ ɛsɛ sɛ wɔkum obi Israel anaa? Mennim sɛ ɛnnɛ mene Israel so hene anaa? 23 Na ɔhene ka kyerɛɛ Simei sɛ: Wɔrenku wo. Na ɔhene kaa no ne ntam. 24 Na Saulo ba Mefiboset siane ba bɛhyiaa ɔhene; na ɔnsiesiee ne nan ase, na ɔnyii ne bɔgyesɛ, na ne ntadeɛ nso ɔnsii, firi da a ɔhene kɔeɛ no de bɛsi da a ɔbaa fie asomdwoeɛ mu no. 25 Na ɔfirii Yerusalem bɛhyiaa ɔhene no, ɔhene bisaa no sɛ: Mefiboset, adɛn nti na wo ne me ankorɔ? 26 Na ɔbuaa sɛ: Ao, me wura ɔhene, me somfoɔ no na ɔdaadaa me; na wo somfoɔ ka kyerɛɛ no sɛ: Hyehyɛ afunumu na mentena no so nkɔ ne ɔhene nkɔ, ɛfiri sɛ wo somfoɔ yɛ apakye. 27 Na ɔbɛsɛee me kyerɛɛ me wura ɔhene. Na me wura ɔhene te sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ, enti yɛ deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. 28 Na m’agya fie nyinaa nsɛ hwee sɛ owuo mma ma me wura ɔhene, nanso wode wo somfoɔ sii wɔn a wɔdidi wo pono soɔ mu, enti kwan bɛn na mewɔ bio, nso ɛdeɛn na mede bɛsu afrɛ ɔhene bio? 29 Na ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na woda so ka w’asɛm yi bio? Mese: Wone Siba nkɔkyɛ asase no mu. 30 Na Mefiboset ka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ me wura ɔhene de asomdwoeɛ anya aba ne fie yi, ma Siba mfa asase nyinaa mpo. 31 Na Gileadni Barsilai siane firii Rogelim bae, na ɔne ɔhene twaa Yordan, sɛ ɔrekɔgya no Yordan agya. 32 Nso na Barsilai abɔ akora sɛ, wadi mfirinhyia aduɔwɔtwe. Na ɔhene tenaa Mahanaim no, ɔno na ɔhwɛɛ no, na ɔyɛ ɔdefoɔ kɛseɛ. 33 Na ɔhene ka kyerɛɛ Barsilai sɛ: Wo deɛ, wo ne me ntwa nkɔ, na menhwɛ wo me nkyɛn wɔ Yerusalem. 34 Na Barsilai bisaa ɔhene sɛ: Me nkwa nna aka ahe na me ne ɔhene mforo nkɔ Yerusalem yi? 35 Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene? 36 Enti wo somfoɔ bɛgya ɔhene kwan Yordan agya ara. Na adɛn nti na ɔhene de akatua yi bɛtua me? 37 Wo kyɛw nie, ma w’akoa nsane nkɔwu ne kurom, n’agya ne ne na damena ho. Na hwɛ, ma wo somfoɔ Kimham ne me wura ɔhene ntwa nkɔ, na yɛ no deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ. 38 Na ɔhene kaa sɛ: Kimham ne me ntwa nkɔ, na mɛyɛ no deɛ ɛyɛ wɔ w’ani soɔ; na biribiara a wobɛhwehwɛ no me hɔ no, mɛyɛ ama wo. 39 Na ɔman no nyinaa twaa Yordan, na ɔhene nso twae; na ɔhene yɛɛ no atuu, na ɔhyiraa no maa ɔsane kɔɔ fie. 40 Na ɔhene sene kɔɔ Gilgal; na Kimham ne no kɔe. Na Yuda man nyinaa ne Israel man fa nso de ɔhene sene kɔe. 41 Na hwɛ, Israel mmarima nyinaa baa ɔhene nkyɛn bɛbisaa ɔhene sɛ: Adɛn nti na yɛn nuanom Yuda mmarima awia wo korɔ, na wɔde ɔhene ne ne fiefoɔ ne Dawid mmarima a wɔka ne ho nyinaa akɔtwa Yordan aba? 42 Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa? 43 Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso deɛ yɛwɔ sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn ketewa, na ɛnyɛ yɛn na yɛdii kan kaa sɛ yɛde ɔhene bɛsane aba? Na Yuda mmarima nsɛm ano yɛɛ den sene Israel mmarima nsɛm no. |
The Bible Society of Ghana, 2012