Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 12 - New Revised Asante Twi Bible


Natan ka Dawid anim

1 Na AWURADE somaa Natan maa no kɔɔ Dawid nkyɛn. Na ɔbaa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima baanu tenaa kuro bi mu, ɔbaako yɛ ɔdefoɔ, na ɔbaako yɛ ohiani.

2 Ɔdefoɔ no wɔ nnwan, mmirekyie ne anantwie bebree pa ara,

3 na ohiani no deɛ, na ɔnni hwee sɛ odwammereɛ ketewa baako a ɔtɔɔ no. Na ɔyɛnee no, na ɔne no ne ne mma bɔɔ mu nyinii. Ɔdi ne buprɛko bi, na ɔnom ne kuruwa ano, na ɔda ne koko mu, na ɔyɛɛ no sɛ ɔbabaa.

4 Da koro bi a ɔhɔhoɔ bi baa ɔdefoɔ no nkyɛn no, wampɛ sɛ ɔde ne nnwan ne n’anantwie no bi som ɔkwantuni a ɔbɛsoɛɛ no no hɔhoɔ, na ɔkɔfaa ohiani no dwan no siesie maa ɔbarima a ɔbaa ne nkyɛn no.

5 Ɛnna Dawid bo fuu pii tiaa ɔbarima no, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, ɔbarima a ɔyɛɛ yei no sɛ wuo.

6 Na odwan no, ɔnhyɛ ananmu mprɛnnan, sɛ wadi saa asɛm yi na wanhunu mmɔborɔ.

7 Ɛnna Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wone ɔbarima no! Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Me na mesraa wo ngo de wo sii Israel so hene, na me na meyii wo Saulo nsam;

8 na mede wo wura fie memaa wo, na mede wo wura yerenom nso meguu wo kokom, na mede Israel ne Yuda fie memaa woɔ; na sɛ ɛsua a, anka mede pii saa ara bɛka wo ho.

9 Adɛn nti na woabu AWURADE asɛm animtia ayɛ n’anim bɔne yi? Wode nkrantɛ akum Hetini Uria, na woafa ne yere ayɛ wo yere, na wode Amonfoɔ nkrantɛ adi no awu.

10 Na afei nkrantɛ remfiri wo fie da, ɛsiane sɛ woabu me animtia na woafa Hetini Uria yere abɛyɛ wo yere.

11 Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mɛma bɔne asɔre wo fie aba wo so, na magye wo yerenom w’anim mede mama wo yɔnko, na ɔne wo yerenom adeda petee mu, awia ketee.

12 Na wo deɛ, woyɛɛ no ahuntaeɛ mu, na me deɛ, mɛdi asɛm yi Israel nyinaa anim awia ketee.


Dawid pae mu ka ne bɔne

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ: Mayɛ AWURADE bɔne. Na Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: AWURADE nso de wo bɔne akyɛ wo, worenwu.

14 Nanso sɛ wode asɛm a woadie yi ama AWURADE atamfoɔ anya kwan aka abususɛm atia no nti, ɛyɛ dɛn ara a, ɔba a wɔawo no ama woɔ no bɛwu.

15 Na Natan kɔɔ ne fie. Na AWURADE de owuyadeɛ bɔɔ ɔba a Uria yere no wo maa Dawid no.

16 Na Dawid srɛɛ Onyankopɔn maa abɔfra no; na Dawid bua dae, na ɔkɔɔ dan mu kɔdaa fam anadwo no.

17 Na ne fie mpanimfoɔ bɛgyinaa ne ho sɛ anka wɔbɛma ne so afiri fam; nanso wampene, na ɔne wɔn nso annidi.

18 Na da a ɛtɔ so nson no akɔkoaa no wui. Na Dawid asomfoɔ no suroo sɛ wɔbɛka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu, na wɔkaa sɛ: Hwɛ, akɔkoaa no da so te aseɛ no mpo, yɛne no kasae, na wantie yɛn: Na yɛbɛyɛ dɛn aka akyerɛ no sɛ akɔkoaa no awu na ɔrenyɛ ne ho bɔne bi anaa?

19 Nanso ɛberɛ a Dawid hunuu sɛ n’asomfoɔ no reyɛ huhuhuhu no, ɔhunuu sɛ akɔkoaa no awu; enti Dawid bisaa ne nkoa no sɛ: Akɔkoaa no awu anaa? Na wɔse: Wawu.

20 Ɛnna Dawid sɔre firii fam, na ɔdware srae, na ɔsakyeraa n’atadeɛ, na ɔkɔɔ AWURADE fie kɔsɔree. Na ɔbaa ne fie, na ɔbisa maa wɔde aduane bɛsii n’anim, na ɔdiiɛ.

21 Ɛnna n’asomfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Asɛm bɛn na woadie yi? Akokoaa no da so te aseɛ no, wobua dae na wosui; na akɔkoaa no wuiɛ mmom no, woasɔre adidi.

22 Ɔkaa sɛ: Akokoaa no da so te aseɛ no, mebua dae na mesui, na mese: Hwan na ɔnim sɛ ebia AWURADE bɛdom me na akɔkoaa no anya nkwa;

23 na afei wanya awu; adɛn nti na menni abuada? Mɛtumi masane de no aba bio anaa? Me na mɛkɔ ne nkyɛn, na ɔno deɛ, ɔrensane mma me nkyɛn.

24 Na Dawid kyekyeree ne yere Batseba werɛ; na ɔne no kɔdae; na ɔwoo babarima, na ɔtoo no din Salomo. Na AWURADE dɔ abɔfra no,

25 na ɔsoma nam Odiyifoɔ Natan so kɔtoo no din Yedidia, ɛsiane AWURADE nti.


Wɔko fa Raba
( 1 Berɛsosɛm 20.1-3 )

26 Na Yoab ne Amonfoɔ a wɔwɔ Raba koe, na ɔgyee ahenkuro no.

27 Na Yoab somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn sɛ: Me ne Raba ako, nso magye nsuo ano kuro no.

28 Na afei boaboa ɔman a aka no ano bɛkyere kuro no ho nsraban, na gye, na mannye kuro no, na wɔamfa me din anto so.

29 Na Dawid boaboaa ɔman no nyinaa ano kɔɔ Raba ne no kɔkoe, na ɔfaeɛ.

30 Na ɔyii wɔn hene abotire firii ne ti; na emu duro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu, na wɔde bɔɔ Dawid ti, na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi baeɛ.

31 Na ɔde nnipa a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma, na wɔyɛɛ adwuma denden, ntaayaa fononoo ho; na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan