Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Samuel 11 - New Revised Asante Twi Bible


Dawid awaresɛeɛ

1 Na afe bi mu wɔ ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ a ahemfo tu sa mu no, Dawid somaa Yoab a ne nkoa ka ne ho, ne Israel nyinaa sɛ wɔnkɔsɛe Amonfoɔ; na wɔkɔtuaa Raba. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem.

2 Na da bi anwummerɛ a Dawid sɔre firii ne mpa soɔ na ɔnenam ɔhene dan atifi no, ɔfiri ɛdan no atifi hɔ hunuu ɔbaa bi sɛ ɔredwareɛ, na na ɔbaa no ho yɛ fɛ sɛ.

3 Na Dawid soma maa wɔkɔbisaa ɔbaa no ho asɛm. Na wɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Eliam ba Batseba, Hetini Uria yere no nie?

4 Na Dawid somaa abɔfoɔ maa wɔkɔfaa ɔbaa no baa ne nkyɛn, na ɔne no dae. Na ɔsane kɔɔ ne fie. (Nso ɛberɛ no mu na ɔredwira ne ho afiri ne nsabuo no mu.)

5 Na ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Manyinsɛn.

6 Na Dawid soma maa wɔkɔɔ Yoab nkyɛn sɛ: Ma Hetini Uria mmra me nkyɛn. Na Yoab somaa Uria baa Dawid nkyɛn.

7 Na ɛberɛ a Uria bɛduruu ne nkyɛn no, Dawid bisaa no sɛdeɛ Yoab ne ɛdɔm no ho teɛ ne sɛdeɛ ɛsa no rekorɔ.

8 Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Siane kɔ wo fie na kɔhohoro wo nan ase. Na Uria firii ɔhene fie kɔeɛ no, wɔde ɔhene ayɛyɛdeɛ firi dii n’akyi.

9 Na Uria kɔdaa ɔhene fie pono ano, ɔne ne wura nkoa nyinaa, na wansiane ankɔ ne fie.

10 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Uria ansiane ankɔ ne fie. Na Dawid bisaa Uria sɛ: Ɛnyɛ ɔkwan na wofiri baeɛ? Adɛn nti na woansiane ankɔ wo fie?

11 Na Uria buaa Dawid sɛ: Onyankopɔn adaka no ne Israel ne Yuda tete asese mu, na me wura Yoab ne me wura nkoa abobɔ nsraban wiram, na me deɛ, menkɔ me fie menkɔdidi na mennom na me ne me yere nna anaa? Sɛ wote aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merenni saa asɛm yi.

12 Na Dawid ka kyerɛɛ Uria sɛ: Tena ha nnɛ nso, na ɔkyena mɛma woakɔ. Ɛnna Uria tenaa Yerusalem da no ne adekyeeɛ.

13 Na Dawid hyiaa no, na ɔdidii n’anim na ɔnomee, na ɔmaa no boroe; na anwummerɛ no, ɔfirii adi kɔdaa ne mpa so, ɔne ne wura nkoa, na wansiane ankɔ ne fie.

14 Na adeɛ kyee anɔpa no, Dawid twerɛɛ nwoma de nam Uria so kɔmaa Yoab,

15 na ɔtwerɛɛ no nwoma no mu sɛ: Ma Uria nkɔdi dɔm a ɛyɛ den no ano, na montwe mo ho mfiri n’akyi, na wɔmmɔ no, na ɔntɔ.

16 Na ɛbaa sɛ, Yoab retua kuro no no, ɔde Uria kɔdii deɛ ɔnim sɛ dɔmmarima wɔ no.

17 Na kuro no mu mmarima firii adi ne Yoab bɛkoe, na dɔm a wɔyɛ Dawid nkoa no mu bi totɔe, na Hetini Uria nso tɔe.

18 Ɛnna Yoab soma maa wɔkɔkaa ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛɛ Dawid.

19 Na ɔhyɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sɛ woka ɛsa no mu nsɛm nyinaa kyerɛ ɔhene wie,

20 na ɔhene bo fu na ɔka kyerɛ wo sɛ: Adɛn nti na mobɛn kuro no kɔkoo saa? Monnim sɛ wɔbɛfiri ɔfasuo no so abɛtoto agyan?

21 Hwan na ɔkumm Yerubeset ba Abimelek? Ɛnyɛ ɔbaa bi na ɔtoo ayuyammoɔ ba firi ɔfasuo so bɔɔ no maa no tɔeɛ Tebes no? Adɛn nti na mobɛn ɔfasuo no saa? Ɛnneɛ ka sɛ: W’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

22 Na ɔbɔfoɔ no sii mu, na ɔbɛkaa asɛm a Yoab de somaa no no nyinaa kyerɛɛ Dawid.

23 Na ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Mmarima no yɛɛ yɛn so den, na wɔfiri baa yɛn so petee mu no, yɛpamm wɔn ara kɔduruu kuro no pono ano.

24 Na agyantofoɔ no firi ɔfasuo no so toto guu wo nkoa so, na ɔhene nkoa no bi totɔe, na w’akoa Uria, Hetini no nso atɔ.

25 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ɔbɔfoɔ no sɛ: Sei na kɔka kyerɛ Yoab: Mma asɛm yi nha wo, na nkrantɛ twa ha na ɛtwa ha nso. Ma wo ko no mu nyɛ den ntia kuro no, na dwiri gu. Na hyɛ no nkuran.

26 Na Uria yere no tee sɛ ne kunu Uria awuo no, ɔgyamm ne wura no.

27 Na kunayɛ berɛ twaa mu no, Dawid soma maa wɔkɔfaa no baa ne fie, na ɔbɛyɛɛ ne yere, na ɔwoo babarima maa no. Na asɛm a Dawid diiɛ no ansɔ AWURADE ani.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan