Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 40 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔtu Tenabea no hyɛ AWURADE nsa

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

2 Bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no na si ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no.

3 Na fa adanseɛ adaka no si mu, na fa ntwamutam no kata adaka no ani.

4 Na fa ɛpono no kɔ mu, na siesie deɛ wɔde sisi soɔ no; na fa kaneadua no kɔ mu, na fa ne nkanea no sisi so.

5 Na fa sika aduhwamhyeɛ bukyia no kɔsi adanseɛ adaka no anim; na fa tenabea no ano nkataano no sɛne hɔ.

6 Na fa ɔhyeɛ afɔrebukyia no si ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano.

7 Na fa kuduo no si ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na fa nsuo gu mu.

8 Na sisi adihɔ no hyia, na fa adihɔ no aboboano nkataano no sɛne hɔ.

9 Na fa sra ngo no sra tenabea no ne emu adeɛ nyinaa, na yɛ ɛno ne ɛho nnoɔma nyinaa kronkron na ɛnyɛ akronkronneɛ.

10 Na sra ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ngo, na yɛ afɔrebukyia no kronkron, na afɔrebukyia no nyɛ akronkronneɛ mu ade kronkron.

11 Na sra kuduo no ne ne ntaaseɛ no ngo, na yɛ no kronkron.

12 Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn.

13 Na fa ntade kronkron no hyɛ Aaron, na sra no ngo yɛ no kronkron, na ɔnni me sɔfoɔ.

14 Na fa ne mma nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ,

15 na sra wɔn ngo, sɛdeɛ wosraa wɔn agya no, na wɔnni me asɔfoɔ, na wɔn sra no nyɛ wɔn daa asɔfodie, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu.

16 Na sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na ɔyɛeɛ.

17 Na ɛbaa sɛ afe a ɛtɔ so mmienu no bosome a ɛdi kan no da a ɛdi kan no, wɔsii tenabea no.

18 Na Mose sii tenabea no, na ɔhyehyɛɛ ne nnyinasoɔ na ɔgyinagyinaa ne ntaaboɔ no, na ɔde ne mmeamu no beabeaa mu, na ɔgyinagyinaa ne nsisimu adum.

19 Na ɔyeree ntomadan no kataa tenabea no so, na ɔde ntomadan no nkatasoɔ no kataa so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

20 Na ɔfaa Adanseɛ no de hyɛɛ adaka no mu, na ɔde mpoma wurawuraa adaka no ho, na ɔde mpata adwa no sii adaka no so;

21 na ɔde adaka no kɔɔ tenabea no mu, na ɔsii ntwamutam no, na ɔde kataa adanseɛ adaka no ano, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

22 Na ɔde ɛpono no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ atifi fam wɔ ntwamutam no akyi;

23 na ɔsiesiee ɛso paanoo AWURADE anim sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

24 Na ɔde kaneadua no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu a ɛkyerɛ anafoɔ fam;

25 na ɔde nkanea no sisii so AWURADE anim, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

26 Na ɔde sika afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan no mu, ntwamutam no anim;

27 na ɔhyee so aduhwam, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no.

28 Na ɔde nkataano no sɛnee tenabea no ano.

29 Na ɔde ɔhyeɛ afɔrebukyia no sii ahyiaeɛ ntomadan tenabea no ano, na ɔbɔɔ so ɔhyeɛ ne aduane afɔdeɛ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

30 Na ɔde kuduo no sii ahyiaeɛ ntomadan no ne afɔrebukyia no ntam, na ɔde nsuo guu mu sɛ wɔmfa nhohoro wɔn ho.

31 Na Mose ne Aaron ne ne mma no de hohoroo wɔn nsa ne wɔn nan ho;

32 sɛ wɔkɔ ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛbɛn afɔrebukyia no ho a, wɔhohoroo wɔn ho, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

33 Na ɔsii adihɔ no de twaa tenabea no ne afɔrebukyia no ho hyiae, na ɔde adihɔ no aboboano ntwamutam no sɛnee hɔ. Na Mose wiee adwuma no.


Mununkum bɛkata Tenabea no so
( Numeri 9.15-23 )

34 Ɛnna mununkum no bɛkataa ahyiaeɛ ntomadan no soɔ, na AWURADE animuonyam bɛhyɛɛ tenabea no ma.

35 Na Mose antumi anhyɛne ahyiaeɛ ntomadan no mu, ɛfiri sɛ na mununkum no te so, na AWURADE animuonyam ahyɛ tenabea no ma.

36 Na Israelfoɔ akwantuo no nyinaa mu, sɛ mununkum no ma ne ho so firi tenabea no so a, na wɔkɔ wɔn anim;

37 na sɛ mununkum no amma ne ho so a, ɛnneɛ wɔntu ara kɔsi da a ɛma ne ho soɔ.

38 Ɛfiri sɛ wɔn akwantuo no nyinaa mu, na AWURADE mununkum no wɔ tenabea no so awia, na ogya wɔ mu anadwo, Israel fie no nyinaa anim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan