2 Mose 39 - New Revised Asante Twi BibleAsɔfoɔ Ntadeɛ no yɛ ( Eksodɔs 28.1-14 ) 1 Na bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan no, wɔde yɛɛ ɔsom ntadeɛ a wɔde bɛsom kronkronbea hɔ, na wɔyɛɛ Aaron ntade kronkron no, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 2 Na ɔde sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo asɔfotadeɛ no. 3 Na wɔboroo sika tratra twitwaa no nteanteaa sɛ wɔde rebɛsa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa no mu adi no adwini. 4 Wɔyɛɛ ɛho mmatire a wɔde toa. Na wɔkaa ano mmienu no toae; 5 na asɔfotadeɛ no nkyekyeremu a ɛwɔ soɔ no, ɛfiri emu ara te sɛ n’adwini no ara, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 6 Na wɔyɛɛ apopobibire aboɔ a ɛsisi sika nnwinneɛ mu a wɔakurukyire soɔ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ Israel mma din teɛ. 7 Na ɔde fam asɔfotadeɛ no mmatiri so sɛ ɛnyɛ Israelfoɔ no nkaeɛ aboɔ, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Adaaboɔ no yɛ ( Eksodɔs 28.15-30 ) 8 Na ɔde adwinni nwonoo adaaboɔ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no adwini no teɛ, sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira. 9 Ɛyɛ ahinanan, wɔbuka adaaboɔ no to so, ne tentene yɛ saama na ne tɛtrɛtɛ yɛ saama, na wɔbuka to so. 10 Na wɔde aboɔ kyerɛpɛn nnan sisii mu. Kyerɛpɛn a ɛdi kan no yɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ; 11 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu yɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ; 12 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ; 13 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan yɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no wɔyɛɛ ho sika nnwinneɛ hyiae. 14 Na aboɔ no duru Israel mma no din ano, dummienu, sɛdeɛ wɔn din teɛ; ɛyɛ nsɔanodeɛ kurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛdeɛ mmusuakuo dummienu no teɛ. 15 Na wɔde sika amapa yɛɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma no. 16 Na wɔyɛɛ sika nnwinneɛ mmienu ne sika nkaa mmienu, na wɔde nkaa mmienu no hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so. 17 Na wɔde sika mmɛsa mmienu no koakoaa nkaa mmienu a ɛwowɔ adaaboɔ no ntwea soɔ no mu. 18 Na wɔde mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no koakoaa nnwinneɛ mmienu no mu, na wɔde hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no mmatiri no so, anim fam. 19 Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu de hyehyɛɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, wɔ ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no. 20 Na wɔyɛɛ sika nkaa mmienu bio de hyehyɛɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so. 21 Na wɔde bibire nhoma kyekyeree adaaboɔ nkaa no de sosɔɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu sɛ ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no antwetwe amfiri asɔfotadeɛ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Asɔfotadeɛ afoforɔ no yɛ ( Eksodɔs 28.31-43 ) 22 Na ɔyɛɛ asɔfotadeɛ no ase batakari no, wɔde birisi na ɛnwonoo ne nyinaa. 23 Na batakari no tokuro da ne mfimfini te sɛ adaaboɔ mu tokuro, wɔde ntomaban abare tokuro no ano ahyia, na ansuane. 24 Na wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan a wɔafira yɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ wɔ batakari no mmuano so. 25 Na wɔyɛɛ sika amapa nnɔnnɔmma, na wɔde nnɔnnɔmma no sensɛnee atoaa aba no ntam ntam, batakari no mmuano no so de twaa ho hyiae, atoaa aba no ntam ntam; 26 adɔmma ne atoaa aba, adɔmma ne atoaa aba didi so ara batakari no mmuano so hyia, na wɔde asom, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 27 Na wɔde nwera fɛfɛ a wɔanwono yɛɛ ntadeɛ yuu no maa Aaron ne ne mma, 28 na nwera abotitene ne nwera ahokeka abotire ne nwera twakoto a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ayɛ, 29 ne adenwono aboomu a wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛeɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. 30 Na wɔboroo sika amapa tratraa de yɛɛ abɔanimu kronkron no, na wɔtwerɛɛ so atwerɛ sɛ nsɔanodeɛ so nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE. 31 Na wɔde bibire homa kyekyeree fam abotitene no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no. Adwuma no wie ( Eksodɔs 35.10-19 ) 32 Na wɔyɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho adwuma nyinaa wiee, na Israelfoɔ yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa. 33 Na wɔde tenabea no brɛɛ Mose: Ntomadan no ne ɛho nnoɔma nyinaa, ne nkɔtɔkorɔ, ne nsisiho ntaaboɔ, ne mmeamu ne ne nsisimu adum ne ne nnyinasoɔ; 34 ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ nkatasoɔ ne sukraman nwoma nkatasoɔ ne ntwamutam no; 35 adanseɛ adaka ne ne mpoma ne mpata adwa no; 36 ɛpono no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no; 37 kaneadua kronkron no, ne ne nkanea a wɔasiesie sisi soɔ ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kanea no ngo; 38 ne sika afɔrebukyia ne sra ngo ne ɔhyeɛ aduhwam ne ntomadan no ano nkataano no; 39 kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia no ne ɛho kɔbere mfrafraeɛ ntentan no, ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa; nkuduo no ne ne ntaaseɛ; 40 adihɔ no ntwamutam, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano, ne ntampehoma ne ne mpɛɛwa, ne ahyiaeɛ ntomadan no tenabea no som ho nnoɔma nyinaa; 41 ɔsom ntadeɛ a wɔde som kronkronbea hɔ ne Ɔsɔfoɔ Aaron ntade kronkron ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no. 42 Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa, saa ara na Israelfoɔ yɛɛ adwuma no nyinaa. 43 Na Mose hwɛɛ adwuma no nyinaa, na hwɛ, wɔayɛ no sɛdeɛ AWURADE hyɛeɛ no, saa ara pɛ na wɔyɛeɛ. Na Mose hyiraa wɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012