2 Mose 38 - New Revised Asante Twi BibleWɔyɛ Ɔhyeɛ Afɔrebukyia no ( Eksodɔs 27.1-8 ) 1 Na ɔde okuo yɛɛ ɔhyeɛ afɔrebukyia no, ne tentene yɛ basafa mmienu ne fa, ne tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu ne fa, ɛyɛ ahinanan, na ne sorokorɔ yɛ basafa baako ne fa. 2 Na ɔyɛɛ ne mmɛn, ne mfatorɔ nnan no so, emu ara na na ne mmɛn no tuatua, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraa ho. 3 Na ɔyɛɛ afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa: Nsenaa ne sesa adeɛ ne nkoraa, adinam ne nsramma kukuwa no; ɛho nnoɔma nyinaa, ɔde kɔbere mfrafraeɛ na ɛyɛeɛ. 4 Na ɔnwonoo afɔrebukyia no ho kɔbere mfrafraeɛ ntentan a wɔanwono no sɛ atena, ne bamma no ase firi fam kɔduru mfimfini. 5 Na ɔguu nkaa nnan tuatuaa kɔbere mfrafraeɛ ntentan no ntwea nnan no so, sɛ ɛnyɛ mpoma no hyehyɛbea. 6 Na ɔde okuo senee mpoma, na ɔde kɔbere mfrafraeɛ duraduraa ho. 7 Na ɔde mpoma no wurawuraa nkaa no mu afɔrebukyia no nkyɛn nkyɛn na wɔde asoa. Ɔde ntaaboɔ na ɛyɛeɛ, na emu da kwan. Wɔyɛ kuduo ne adihɔ ( Eksodɔs 30.18 ) 8 Na ɔde kɔbere mfrafraeɛ yɛɛ kuduo no, na ne ntaaseɛ nso yɛ kɔbere mfrafraeɛ a ɔnya firii mmaa a wɔba bɛsom, ahyiaeɛ ntomadan no ano, no kɔbere mfrafraeɛ nhwehwɛ mu. 9 Na ɔyɛɛ adihɔ no: Anafoɔ fam a ɛkyerɛ adihɔ ntwamutam a wɔde asaawa fitaa a wɔafira anwono, basafa aduonum, 10 ne n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu, adum no mprɛngo ne ne mmeaeɛ yɛ dwetɛ; 11 ne atifi fam ntwamutam no, basafa aduonum, n’adum aduonu ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ aduonu, adum no nnadewa ne ne mmeaeɛ yɛ dwetɛ; 12 ne atɔeɛ fam ntwamutam no basafa aduonu nnum, n’adum du ne ne nnyinasoɔ du, adum no nkɔtɔkorɔ ne ne mmeamu yɛ dwetɛ; 13 ne anim fam a ɛkyerɛ apueeɛ deɛ, basafa aduonu nnum, 14 ɔfa ha ntwamutam basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa; 15 na ɔfa baako no deɛ nso adihɔ no aboboano ɔfa ha ne ha ntwamutam basafa nson ne fa, n’adum mmiɛnsa ne ne nnyinasoɔ mmiɛnsa. 16 Adihɔ no ntwamutam a ɛtwa ho hyia nyinaa, asaawa fitaa a wɔafira na wɔde yɛeɛ, 17 na adum no yɛ kɔbere mfrafraeɛ, adum no mprɛngo ne ne mmeamu yɛ dwetɛ, ne tiri nnuraho yɛ dwetɛ; adihɔ no adum nyinaa, dwetɛ mmeaeɛ na ɛbeabea ho; 18 na adihɔ no aboboano nkataano no yɛ adenwono adwuma a wɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na ayɛ, na ne tentene yɛ basafa du, na ne sorokorɔ wɔ ne trɛ mu yɛ basafa mmienu ne fa, te sɛ adihɔ no ho ntwamutam no; 19 na n’adum nnan, ne ne kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnan, ne nnadewa yɛ dwetɛ, na ne tiri nnuraho ne ne mmeamu yɛ dwetɛ. 20 Na tenabea no ne adihɔ no ho mpɛɛwa a ɛtwa ho hyia no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ. Ɔman no ayɛyɛdeɛ no anobuo 21 Yei ne tenabea no, adanseɛ tenabea no ho nnoɔma anobuo, sɛdeɛ wɔnam Mose anomu asɛm so maa Ɔsɔfoɔ Aaron ba Itamar buu ano maa Lewifoɔ som no. 22 Na Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu no yɛɛ deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa; 23 na deɛ ɔka ne ho ne Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu a ɔyɛ sika ne dua dwumfoɔ ne ɔnwomfoɔ a ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini no. 24 Sika a wɔde yɛɛ adwuma no nyinaa, kronkronbea no ho nnwuma nyinaa, ɛtoɔ sika no, ano si dwetikɛseɛ aduonu nkron ne nnwetɛbena ahanson aduasa, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ. 25 Na asafo no mu nnipa a wɔkan wɔn no dwetɛ ano si dwetikɛseɛ ɔha ne nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum, sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ. 26 Wɔn a wɔkan wɔn fraa dodoɔ no mu a wɔadi mfirinhyia aduonu anaa deɛ ɛboro saa a wɔyɛ mpem ahansia ne mpensa ne ahanum aduonum no mu biara yii beka baako (a ɛyɛ dwetɛbena fa sɛdeɛ kronkronbea dwetɛbena no teɛ). 27 Na wɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha no guu kronkronbea no nnyinasoɔ ne ntwamutam no nnyinasoɔ no, nnyinasoɔ ɔha no yɛ dwetikɛseɛ ɔha, dwetikɛseɛ baako yɛ nnyinasoɔ baako. 28 Na nnwetɛbena apem ahanson aduɔson nnum no, ɔde yɛɛ adum no mprɛngo, na ɔde bi duraduraa etire tire, na ɔde bi beabeaa ho. 29 Na ɛtoɔ kɔbere mfrafraeɛ no ano si dwetikɛseɛ aduɔson ne nnwetɛbena mpem mmienu ahanan. 30 Na ɛno na ɔde yɛɛ ahyiaeɛ ntomadan no ano nnyinasoɔ ne kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia ne ɛho kɔbere mfrafraeɛ ntentan ne afɔrebukyia no ho nnoɔma nyinaa, 31 ne adihɔ no nnyinasoɔ a ɛtwa ho hyia, ne adihɔ no aboboano nnyinasoɔ, ne tenabea no ho mpɛɛwa nyinaa, ne adihɔ no mpɛɛwa a ɛtwa ho hyia nyinaa. |
The Bible Society of Ghana, 2012