Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 36 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔde ayɛyɛdeɛ no brɛ adwumfoɔ no

1 Na Besalel ne Oholiab ne wɔn a AWURADE ama wɔn nimdeɛ ne nhunumu sɛ wɔnhunu adeɛ no yɛ nyinaa na wɔbɛyɛ kronkronbea ɔsom no ho adwuma sɛdeɛ AWURADE ahyɛ no.

2 Na Mose frɛɛ Besalel, Oholiab ne animdefoɔ a AWURADE de nyansa ahyɛ wɔn akoma mu nyinaa, wɔn a wɔn akoma kanyan wɔn sɛ wɔmmra adwuma no ho mmɛyɛ nyinaa.

3 Na wɔgyee mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a Israelfoɔ de baa sɛ wɔmfa nyɛ kronkronbea som ho adwuma no nyinaa Mose anim sɛ wɔde bɛyɛ. Na wɔkɔɔ so ara de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ no daa anɔpa.

4 Na adwumfoɔ a wɔyɛ kronkronbea no ho adwuma nyinaa firi wɔn nnwuma a wɔreyɛ no ho ba

5 bɛka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔman no ama deɛ wɔde ba no adɔɔso sene deɛ ɛbɛso adwuma a AWURADE hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no.

6 Na Mose hyɛ maa wɔpaee no nsraban no mu sɛ: Ɔbarima oo, ɔbaa oo, obiara mmfa biribi mmmɛyɛ kronkronbea no ho mmasoɔ afɔrebɔdeɛ bio.

7 Ɛnna ɔman no de gyaee ba. Ɛfiri sɛ na deɛ wɔanya no dɔɔso ma adwuma no nyinaa sɛ wɔde bɛyɛ ama ebi aka.


Apam adaka no yɛ
( Eksodɔs 26.1-37 )

8 Na wɔn a wɔyɛ adwuma no animdefoɔ nyinaa yɛɛ tenabea no; wɔde asaawa fitaa a wɔafira ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛɛ ntoma du, kerubim a ɛyɛ ntomanwono mu adwini na wɔde yɛeɛ.

9 Ntoma biara tentene yɛ basafa dunan, na ntoma biara tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma no nyinaa nsusuiɛ yɛ bafua.

10 Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so maa baako toaa baako so, na ɔde ntoma no nnum nso toatoaa so maa baako toaa baako so.

11 Na ɔde bibire bobɔɔ ntoma baako mmuano so nkantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no mmuano so wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no so;

12 nkantankoraa aduonum na ɔbobɔɔ no ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na ɔbobɔɔ no ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no dii mmɔanim.

13 Na ɔyɛɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na ɔde nkɔtɔkorɔ no koakoaa ntoma no, na tenabea no yɛɛ fua.

14 Na ɔyɛɛ mmirekyie nwi ntoma de yɛɛ ntomadan wɔ tenabea no so; ntoma dubaako na ɔyɛeɛ.

15 Ntoma baako tentene yɛ basafa dunum, na ntoma baako tɛtrɛtɛ yɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛm yɛ pɛ.

16 Na ɔde ntoma no nnum toatoaa so yɛɛ no bafua, na ɔde nsia nso toatoaa so yɛɛ no bafua.

17 Na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum, ntoma a ɛdi akyire no mmuano so, wɔ ntoaeɛ no so, na ɔbobɔɔ nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so.

18 Na ɔyɛɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum de koakoaa ntomadan no na ayɛ bafua.

19 Na ɔde adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛɛ ntomadan no nkatasoɔ, na ɔde sukraman nwoma yɛɛ ɛno so nkatasoɔ.

20 Na ɔde okuo yɛɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ no.

21 Taaboɔ baako tentene yɛ basafa nnum, na taaboɔ baako tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa.

22 Ɛnan mmienu tuatua taaboɔ baako ase, na biribi sosɔ ɛnan baako ne baako mu. Saa na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no nyinaa ho.

23 Na ɔyɛɛ tenabea ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu di anafoɔ fam a ɛkyerɛ nifa.

24 Na ɔyɛɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan; nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro ase ma ne nan mmienu no, na nnyinasoɔ mmienu hyehyɛ taaboɔ koro nso ase ma ne nan mmienu no.

25 Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ɔde ntaaboɔ aduonu kɔsisii hɔ,

26 ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, taaboɔ koro ase nnyinasoɔ mmienu, na koro nso ase nnyinasoɔ mmienu.

27 Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, ɔde ntaaboɔ nsia kɔsisii hɔ.

28 Na ɔde ntaaboɔ mmienu kɔsisii tenabea no akyiri ntwea no so,

29 na ɛpam ho firi fam de rekorɔ, nanso ɛyɛ mu kɔduru ne hini so, deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ: Saa na ɔyɛɛ ne mmienu nyinaa ntwea mmienu no soɔ.

30 Na ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia na ɛwɔ hɔ, taaboɔ biara ase nnyinasoɔ mmienu.

31 Na ɔde okuo yɛɛ mmeamu, tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ enum,

32 ne tenabea no nkyɛn baako no nso ntaaboɔ no mmeamu enum no ne tenabea no akyi, atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ, mmeamu nnum.

33 Na ɔde mfimfini mmeamu no beaa ntaaboɔ no mfimfini de twaa mu firi tire kɔduruu tire.

34 Na ɔde sika duraduraa ntaaboɔ no ho, na ɔde sika yɛɛ ɛho nkaa no sɛ ɛnyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na ɔde sika duraduraa mmeamu no ho.

35 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛɛ ntwamutam; ɔyɛɛ no ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu.

36 Na ɔyɛɛ ɛho okuo adum nnan, na ɔde sika duraduraa ho; ne mprɛngo yɛ sika. Na ɔde dwetɛ nnyinasoɔ nnan guu aseɛ.

37 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwonoo nkyeremu de yɛɛ ntomadan no ano nkataano.

38 Na ɔyɛɛ ɛho adum nnum ne mprɛngo, na ɔde sika duraduraa n’atifi ne ne mmeamu ho, na ne nnyinasoɔ nnum yɛ kɔbere mfrafraeɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan