Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 35 - New Revised Asante Twi Bible


Homeda ho nhyehyɛɛ

1 Na Mose hyiaa Israelfoɔ asafo no nyinaa, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. Nsɛm a AWURADE ahyɛ sɛ monni soɔ nie:

2 Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no nyɛ mo homeda kronkron a mode home ma AWURADE; obiara a ɔbɛyɛ mu adwuma no, wɔbɛku no.

3 Monnsɔ gya mo tenaberɛ nyinaa homeda.


Mmasoɔ afɔrebɔdeɛ
( Eksodɔs 25.1-9 )

4 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ asafo no nyinaa sɛ: Asɛm a AWURADE ahyɛ nie:

5 Monyi mmasoɔ afɔrebɔdeɛ wɔ mo mu mmrɛ AWURADE; obiara a n’akoma pɛ no mfa mmasoɔ afɔrebɔdeɛ mmrɛ AWURADE: Sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,

6 ne bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi.

7 Deɛ ɛka ho ne adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma, okuo nnua,

8 kanea no ho ngo, nnuhwam a wɔde bɛyɛ sra ngo, ɔhyeɛ aduhwam,

9 apopobibire aboɔ, nsisimu aboɔ a wɔde bɛyɛ asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no.


Ntomadan no ho nnoɔma
( Eksodɔs 39.32-43 )

10 Na mo mu akoma mu anyansafoɔ nyinaa mmra mmɛyɛ adeɛ a AWURADE ahyɛ nyinaa,

11 tenabea no, ntomadan ne ne nkatasoɔ, nkɔtɔkorɔ ne ne ntaaboɔ a ɛsisi ho, ne mmeamu, n’adum ne ne nnyinasoɔ;

12 adaka no ne ne mpoma, mpata adwa no ne ntwamutam a ɛtwa mu no,

13 ɛpono no ne ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kyerɛ paanoo no.

14 Bio, kaneadua no ne ɛho nnoɔma ne ne nkanea ne ɛho ngo,

15 ne aduhwamhyeɛ bukyia no ne ne mpoma ne sra ngo no ne hyeɛ aduhwam no ne tenabea no ano nkataano no;

16 ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ne kɔbere mfrafraeɛ ntentan no, ne mpoma ne ɛho nnoɔma nyinaa, kuduo no ne ne ntaaseɛ.

17 Deɛ ɛka ho ne adihɔ no ho ntwamutam no, n’adum ne ne nnyinasoɔ ne adihɔ no aboboano nkataano no,

18 tenabea no ho mpɛɛwa ne ɛho ntampehoma;

19 ɔsom ntadeɛ a wɔde som kronkronbea hɔ, Ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron no ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no.


Ɔman no afɔrebɔdeɛ

20 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa firii Mose anim kɔe.

21 Na wɔbae, obiara a n’akoma kanyan no ne obiara a ne honhom kaa no, na wɔde AWURADE mmasoɔ afɔrebɔdeɛ baa sɛ wɔmfa nyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ne ɛho som nnoɔma nyinaa ne ntadeɛ kronkron no.

22 Na mmarima ne mmaa nyinaa, dodoɔ a wɔn akoma pɛ nyinaa bae, na wɔde nkapo ne nsomuadeɛ ne mpɛtea ne krakyere ne sika nnwinneɛ ahodoɔ nyinaa bae, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔde sika ohim afɔdeɛ brɛ AWURADE,

23 ne obiara a ne nsam wɔ bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa ne mmirekyie nwi ne adwennini nwoma kɔkɔɔ ne sukraman nwoma no de bae;

24 obiara a ɔkura dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ mmasoɔ afɔrebɔdeɛ ma AWURADE de bae, na obiara a ne nsam wɔ okuo nnua a wɔde bɛyɛ ɔsom nnoɔma no biara nso de bae.

25 Na mmaa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa de wɔn nsa too asaawa, na wɔde deɛ wɔtoeɛ no bae, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa;

26 na mmaa a wɔn akoma pɛ de wɔn nyansa mu nyinaa too mmirekyie nwi asaawa.

27 Na mpanimfoɔ no de apopobibire aboɔ ne nsisimu aboɔ a wɔde bɛyɛ asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no bae.

28 Wɔde nnuhwam ne ngo a wɔde bɛyɛ nkanea ngo ne sra ngo ne ɔhyeɛ aduhwam no nso bae.

29 Na Israelfoɔ mu mmarima ne mmaa nyinaa a wɔn akoma pɛ wɔn sɛ wɔmfa nnwuma a AWURADE nam Mose so hyɛɛ sɛ wɔnyɛ no ho biribi mmra no de ayamyi ayɛyɛdeɛ brɛɛ AWURADE.


Ntomadan sie ho adwumayɛfoɔ
( Eksodɔs 31.1-11 )

30 Na Mose ka kyerɛɛ Israelfoɔ no sɛ: Monhwɛ, AWURADE afrɛ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu,

31 na ɔde Nyankopɔn honhom ahyɛ no ma, nyansa, nhunumu, nimdeɛ ne adwinnie nyinaa mu,

32 sɛ ɔnni adwini ahodoɔ; sika, dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,

33 ne nsisimu aboɔ mu nkurukyireeɛ, nnuasene ne adwini ahodoɔ,

34 na ɔde ahyɛ n’akomam sɛ ɔnkyerɛ ebinom nso. Ɔno ne Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu no.

35 Wɔn na ɔde akoma mu nyansa ahyɛ wɔn ma sɛ wɔnni adwini ahodoɔ nyinaa, sikadwumfoɔ, duadwumfoɔ, ɔnwomfoɔ a ɔdi bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa mu adwini ne ntomanwomfoɔ deɛ; wɔn a wɔdi adwini biara, ne wɔn a wɔbɔ wɔn tirim di adwini ahodoɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan