2 Mose 34 - New Revised Asante Twi BibleWɔyɛ aboɔpono no foforɔ ( Deuteronomium 10.1-5 ) 1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na mentwerɛ kane apono a wobobɔeɛ no so nsɛm no wɔ so. 2 Na siesie wo ho sie anɔpa, na foro bra Sinai bepɔ so anɔpa, na gyina hɔ twɛn me bepɔ no atifi. 3 Mma obiara nnka wo ho mmforo mmma, na mma wɔnnhunu obiara nso bepɔ no so baabiara, na mma nnwan anaa anantwie mmmɛdidi bepɔ no ho. 4 Na Mose senee aboɔpono mmienu sɛ kane deɛ no, na ɔtuaa nhema foro kɔɔ Sinai bepɔ no so, sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔfaa aboɔpono mmienu no kuraa ne nsam. 5 Na AWURADE nam mununkum mu sianee, na ɔne no bɛgyinaa hɔ, na ɔpaee n’ankasa ne din YHWH (AWURADE) din. 6 Na AWURADE bɛtwaa mu n’anim, na ɔpaee sɛ: YHWH, YHWH, (AWURADE, AWURADE), Nyankopɔn mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ, deɛ n’abodwoɔ kyɛre na n’adɔeɛyɛ ne ne nokorɛ dɔɔso pii, 7 deɛ ɔkora adɔeɛyɛ ma mpempem, na ɔde amumuyɛ ne mmarato ne bɔne kyɛ, na bem na ɔmma ɔbɔnefoɔ nnie, ɔtua nananom amumuyɛ so ka fa mma ne mma mma so kɔsi awoɔ ntoatoasoɔ mmiɛnsa ne nnan so. 8 Na Mose yɛɛ ntɛm kotoo fam sɔree; 9 na ɔkaa sɛ: AWURADE, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, ma AWURADE ntena yɛn mu ne yɛn nkɔ, ɛfiri sɛ wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene; na fa yɛn amumuyɛ ne yɛn bɔne kyɛ yɛn, na fa yɛn yɛ wo deɛ. AWURADE ne wɔn apam ( Eksodɔs 23.14-19 ; Deuteronomium 7.1-5 ; 16.1-17 ) 10 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, me deɛ, merepam apam: Wo man no nyinaa anim na mɛyɛ anwanwadeɛ a wɔnyɛɛ bi da asase nyinaa soɔ ne amanaman nyinaa mu, na ɔman a wowɔ wɔn mu no nyinaa ahunu AWURADE nnwuma, na adeɛ a merebɛyɛ woɔ no bɛyɛ hu. 11 Di deɛ mehyɛ wo nnɛ yi so. Hwɛ, meretu Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no afiri w’anim. 12 Hwɛ wo ho yie na wo ne deɛ ɔte asase a worekɔ soɔ no soɔ no ampam, na wɔammɛdane wo mu fidie; 13 na mmom mommubu wɔn afɔrebukyia na monnwiri wɔn ɔboɔ adum, na montwitwa wɔn abosompɔ Asera ngu. 14 Na nsɔre onyame foforɔ biara, ɛfiri sɛ AWURADE a ne din ne oninkunfoɔ no yɛ Onyankopɔn ninkunfoɔ; 15 na wo ne deɛ ɔte asase no soɔ no ampam, na wɔdi wɔn anyame akyi bɔ adwaman na wɔbɔ wɔn anyame afɔdeɛ a, obi ammɛfrɛ wo na woankɔdi n’afɔrebɔdeɛ no bi, 16 na woanware ne mmammaa no bi amma wo ba, na ne mma mmaa no anni wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman, na wɔamma wo mmammarima nso ankɔdi wɔn anyame no akyi ammɔ adwaman. 17 Nyɛ anyame a wɔaguo mfa. Afahyɛ mmiɛnsa no 18 Di apiti nnapɔnna no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu, ɛfiri sɛ bosome Abib mu na wofiri Misraim baeɛ. 19 Adeɛ biara a ɛbue ɔyafunu ano no ne wo mmoa nyinaa mmakan a wɔyɛ anini no, nantwie oo, odwan oo, me dea. 20 Na afunumu abakan deɛ, fa odwan ba sesa no, na sɛ woansesa no a, ɛnneɛ bu ne kɔn mu. Wo mmammarima mu mmakan nyinaa, sesa gye wɔn; na obiara mmfa ne nsapan mmmɛpue m’anim. 21 Nnansia na yɛ adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no deɛ, home, funtum berɛ mu ne otwa berɛ mu na home. 22 Na hyɛ wo nnapɛn fa no, ayuotwa berɛ mu adekan deɛ no, ɛne anoboa afahyɛ no, afeda mu. 23 Afe mu mprɛnsa na wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn, Israel Nyankopɔn, no anim. 24 Na mɛtu amanaman no afiri w’anim, na matrɛ w’ahyeɛ mu; na woreforo akɔpue AWURADE wo Nyankopɔn anim afirinhyia mu mprɛnsa no a, obiara ani remmere w’asase. 25 Mfa mmɔreka nka w’afɔdeɛ a wobɔ no mogya ho, na mma adeɛ nnkye twam afahyɛ afɔdeɛ no so. 26 W’asase so adekan a ɛbɛba kane no fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu. 27 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ nsɛm yi fa, ɛfiri sɛ nsɛm yi so na magyina me ne wo ne Israelfoɔ no apam. Mose de aboɔpono no ba 28 Na ɔne AWURADE dii hɔ adaduanan awia ne anadwo, wannidi na wannom. Na ɔtwerɛɛ apam nsɛm no, nsɛm du no, apono no so. 29 Na Mose firi Sinai bepɔ so resiane no, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam; na ɔfiri bepɔ no so sianeeɛ no, na Mose nnim sɛ ɔne AWURADE kasaeɛ nti, n’anim wedeɛ ahyerɛn. 30 Na Aaron ne Israelfoɔ no nyinaa hunuu Mose no, na hwɛ, n’anim wedeɛ hyerɛn; na wɔsuroo sɛ wɔbɛbɛn no. 31 Na Mose frɛɛ wɔn, na Aaron ne asafo no mu mpanimfoɔ no nyinaa sane baa ne nkyɛn, na Mose ne wɔn kasae. 32 Na ɛno akyiri no, Israelfoɔ no nyinaa twe bae, na ɔhyɛɛ wɔn deɛ AWURADE ka kyerɛɛ no Sinai bepɔ soɔ no nyinaa. 33 Na Mose ne wɔn wiee kasa no, ɔde nkatanimu kataa n’anim. 34 Na daa sɛ Mose rekɔ AWURADE anim ne no akɔkasa a, ɔyi nkatanimu no de kɔsi sɛ ɔbɛfiri adie; na ɔfiri adi a ɔbɛka deɛ wɔahyɛ no no kyerɛ Israelfoɔ no. 35 Na sɛ Israelfoɔ no hunu Mose anim sɛ n’anim wedeɛ no ahyerɛn; na Mose de nkatanimu no sane kata n’anim kɔsi sɛ ɔkɔ mu ne no kɔkasa. |
The Bible Society of Ghana, 2012