Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 32 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔma Aaron yɛ sika nantwie ba
( Deuteronomium 9.6-29 )

1 Na ɔman no hunuu sɛ Mose akyɛreɛ na ɔnsiane mfiri bepɔ no so mma no, ɔman no boaa wɔn ano baa Aaron nkyɛn bɛsee no sɛ: Sɔre yɛ anyame ma yɛn, na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firii Misraim baeɛ no deɛ, yɛnnim deɛ ayɛ no.

2 Ɛnna Aaron ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monyiyi sika nkaa a ɛwowɔ mo yerenom ne mo mmabanin ne mo mmammaa aso mu mfa mmrɛ me.

3 Na ɔman no nyinaa yiyii sika nkaa a ɛwowɔ wɔn aso mu no de brɛɛ Aaron.

4 Na ɔgyee wɔ wɔn nsam, na ɔde pɛeɛ yeyɛe, na ɔyɛɛ no nantwie a wɔaguo; na wɔkaa sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

5 Na Aaron hunuu sɛ wɔn ani gye ho no, ɔsii afɔrebukyia wɔ n’anim; na ɔpaee sɛ: Ɔkyena ne AWURADE afahyɛ.

6 Na wɔtuaa nhema bobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ; na ɔman no tenaa ase didii nomee, na wɔsɔre goroe.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔ, na wo man a wode wɔn firi Misraim asase so baeɛ no redi asɛmmɔne;

8 wɔamane afiri kwan a mekyerɛɛ wɔn no so ntɛm; wɔayɛ nantwie ba a wɔaguo, na wɔasɔre no abɔ afɔdeɛ ama no aka sɛ: Israel, yeinom ne w’anyame a wɔyii wo firii Misraim asase so baeɛ no.

9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Mahunu ɔman yi, na hwɛ, wɔyɛ ɔman a wɔn kɔn asene;

10 na afei ma me kwan na me bo nhuru ntia wɔn, na memmene wɔn, na memfa wo menyɛ ɔman kɛseɛ.

11 Na Mose paa AWURADE ne Nyankopɔn kyɛw sɛ: AWURADE, adɛn nti na wo bo huru tia ɔman a wode ahoɔden kɛseɛ ne nsa a ɛyɛ den kɔyii wɔn Misraim asase so baeɛ no?

12 Adɛn nti na Misraimfoɔ nka sɛ: Adwemmɔne bi nti na ɔbɛyii wɔn kɔeɛ sɛ ɔrekɔkum wɔn mmepɔ soɔ na wapra wɔn afiri asase ani? Sane firi w’abufuhyeɛ no mu, na ma bɔne a worebɛyɛ wo man no nyɛ wo ya.

13 Kae Abraham, Isak ne Israel, wo nkoa a wokaa wɔn wo ara wo ntam see wɔn sɛ: Mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma, na asase a maka ho asɛm yi nyinaa, mede bɛma w’asefoɔ na wɔadi so akɔsi daa no.

14 Na AWURADE nuu ne ho wɔ bɔne a ɔkaa sɛ ɔrebɛyɛ ne man no ho.

15 Na Mose danee ne ho siane firii bepɔ no so, na adanseɛ apono mmienu no kura ne nsam, aboɔpono a wɔatwerɛ n’afanu, wɔatwerɛ so ɛha ne ha.

16 Na apono no yɛ Nyankopɔn adwuma, na atwerɛ no yɛ Nyankopɔn atwerɛ a wɔakurukyire no apono no soɔ.

17 Na Yosua tee sɛ ɔman no rebɔ ose na wɔreyɛ gyegyeegye no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: Ɔko gyegyeegye wɔ nsraban no mu.

18 Na ɔse: Ɛnyɛ nkonimdie ho sebɔ gyegyeegye na ɛnyɛ nkoguo ho nteamu gyegyeegye, na mmom ɛdwontoɔ gyegyeegye na meteɛ yi.

19 Na ɛbaa sɛ Mose bɛn nsraban no na ɔhunuu nantwie ba ne asa no ara pɛ, ne bo fui, na ɔtoo apono a ɛwɔ ne nsam no gui maa no bobɔe wɔ bepɔ no ase.

20 Na ɔfaa nantwie ba a wɔyɛeɛ no de gya hyee, na ɔyam no muhumuhu de petee nsuo ani maa Israelfoɔ no nomee.

21 Na Mose bisaa Aaron sɛ: Ɛdeɛn na ɔman yi yɛɛ woɔ a wode bɔne kɛseɛ aba wɔn soɔ yi?

22 Ɛnna Aaron buaa sɛ: Mma me wura bo mmfu, wo ara wonim ɔman yi sɛ bɔne ara na wɔde asi wɔn anim.

23 Na wɔka kyerɛɛ me sɛ: Yɛ anyame ma yɛn na wɔnni yɛn anim, ɛfiri sɛ Mose yi, ɔbarima a ɔkɔyii yɛn firi Misraim asase so baeɛ no, yɛnnim deɛ ayɛ no.

24 Na mesee wɔn sɛ: Wɔn a wɔwɔ sika bie no, wɔnyi. Na wɔde maa me, na meto guu gya mu, na nantwie ba yi firi mu bae.

25 Na Mose hunuu sɛ ɔman no agye nsam no (Aaron na ama ɔman no nneyɛɛ agye nsam ama wɔabɔ wɔn ho adapaa, w’atamfo anim no),

26 ɔgyinaa nsraban no tia kaa sɛ: Deɛ ɔwɔ AWURADE afa mmra me nkyɛn. Na Lewifoɔ nyinaa boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn.

27 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn seɛ nie: Momfa mo nkrantɛ mmobɔ mo asene, na montwa nkɔ, na monsane mmra, mfiri nsraban no tia nkɔ tia, na monkunkum mo nuanom ne mo nnamfonom ne mo afipamfoɔ.

28 Na Lewifoɔ no yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ wɔn no, na ɛda no ɔman no mu nnipa bɛyɛ mpensa totɔe.

29 Na Mose kaa sɛ: Moayɛ mo ho kronkron ama AWURADE nnɛ, sɛ obiara bɛsɔre atia ne ba ne ne nua mpo, na mode nhyira aba mo so nnɛ.

30 Na adeɛ kyeeɛ no, Mose ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Mo deɛ, moayɛ bɔne kɛse, na afei mɛforo makɔ AWURADE nkyɛn, ebia mɛtumi mapata ama mo bɔne no.

31 Na Mose sane kɔɔ AWURADE nkyɛn kɔkaa sɛ: Ao, bɔne kɛseɛ na ɔman yi ayɛ, na wɔayɛ sika anyame afa.

32 Na afei, sɛ wode wɔn bɔne no bɛkyɛ a! Na sɛ ɛnte saa a, pepa me nso firi wo nwoma a woatwerɛ no mu ɛ!

33 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Deɛ wayɛ me bɔne no, ɔno na mɛpepa no mafiri me nwoma mu.

34 Na afei kɔ, na kɔgya ɔman no kɔ deɛ maka makyerɛ woɔ no; hwɛ, me bɔfoɔ bɛdi w’anim; nanso da a mɛba abɛhwɛ wɔn no, mɛtua wɔn wɔn bɔne so ka.

35 Na sɛ wɔayɛ nantwie ba a Aaron yɛeɛ no nti, AWURADE haa ɔman no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan