Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 31 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔyi Besalel ne Oholiab sɛ wɔnsi ntomadan
( Eksodɔs 35.30—36.1 )

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ,

2 Hwɛ, mabɔ Hur ba Uri ba Besalel a ɔfiri Yuda abusuakuo mu din mafrɛ no,

3 na mede Nyankopɔn honhom mahyɛ no ma, nyansa ne nhunumu ne nimdeɛ ne adwinnie ahodoɔ nyinaa mu,

4 sɛ ɔmfa nnwene ho ne tirim na ɔnni sika ne dwetɛ ne kɔbere mfrafraeɛ,

5 ne aboɔ a wɔsene sisi adeɛ mu ne nnuasene mu adwini, na ɔnni adwinhodoɔ nyinaa.

6 Na me ara, hwɛ, mafa Ahisamak ba Oholiab a ɔfiri Dan abusuakuo mu maka ne ho; na nnipa a wɔwɔ nyansa akoma nyinaa, mede nyansa mahyɛ wɔn akoma mu na wɔayɛ deɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa;

7 ahyiaeɛ ntomadan no ne Adanseɛ adaka no ne mpata adwa no a ɛsi soɔ no ne ntomadan no ho ade nyinaa;

8 ne ɛpono no ne ɛho nnoɔma ne kaneadua a ɛho teɛ no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne aduhwamhyeɛ bukyia no;

9 ne ɔhyeɛ afɔrebukyia no ne ɛho nnoɔma nyinaa ne kuduo ne ne ntaaseɛ no

10 ne mmasoɔ ntadeɛ ne Ɔsɔfoɔ Aaron ntadeɛ kronkron no ne ne mma ntadeɛ a wɔde bɛdi asɔfoɔ no;

11 ne sra ngo no ne kronkronbea aduhwam a wɔhyeɛ no. Wɔnyɛ no sɛdeɛ mahyɛ woɔ nyinaa.


Homedadie

12 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ:

13 Na wo nso ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ: Me home da no ara na monnie; na ɛyɛ me ne mo ntam nsɛnkyerɛnneɛ, mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, na moahunu sɛ me AWURADE na meyɛ mo kronkron.

14 Enti monni homeda no, na ɛyɛ kronkron ma mo; obiara a ɔbɛgu ho fi no, kum na wɔbɛku no; na obiara a ɔyɛ mu adwuma no, wɔbɛtwa saa kra no afiri ne man mu atwene.

15 Nnansia na wɔmfa nyɛ adwuma, na da a ɛtɔ so nson no yɛ ɔhome mu homeda a ɛyɛ kronkron ma AWURADE; obiara a ɔyɛ adwuma homeda no, kum na wɔbɛku no.

16 Enti Israelfoɔ no nhwɛ homeda no na wɔnni, wɔn awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu, sɛ daa apam.

17 Me ne Israel ntam nsɛnkyerɛnneɛ ne no de kɔsi daa; na nnansia na AWURADE de yɛɛ ɔsoro ne asase, na da a ɛtɔ so nson no ɔhomee na ɔdwodwoo ne ho.

18 Na ɔne Mose wiee kasa Sinai bepɔ soɔ no, ɔmaa no adanseɛ apono mmienu, aboɔpono a wɔde Nyankopɔn nsateaa atwerɛ soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan