2 Mose 29 - New Revised Asante Twi BibleAaron ne ne Mma asɔfohyɛ ho nhyehyɛɛ ( Lewitikɔs 8.1-36 ) 1 Na yei na yɛ fa dwira wɔn, na wɔnni me asɔfoɔ: Fa nantwiburuwa baako ne adwennini mmienu a wɔnni dɛm, 2 ne apiti paanoo ne taterɛ a wɔagu mu ngo, ne apiti ɔfam a wɔasra ho ngo; ayuosiam na fa yɛ. 3 Na fa gu kɛntɛn baako mu, na ɛngu kɛntɛn no mu na fa bra, ɛne nantwinini ne adwennini mmienu no. 4 Na fa Aaron ne ne mma no bra ahyiaeɛ ntomadan no ano, na fa nsuo dware wɔn. 5 Na fa ntadeɛ no hyɛ Aaron, atadeɛ yuu ne asɔfotadeɛ ase batakari ne asɔfotadeɛ ne adaaboɔ no, na fa asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no bɔ ne mu, 6 na fa abotitene no bɔ ne ti, na fa kronkronyɛ ahyehyɛdeɛ no fam abotitene no anim, 7 na fa sra ngo hwie gu n’atifi fa sra no. 8 Na fa ne mma no nso bra, na hyehyɛ wɔn ntadeɛ yuu. 9 Na fa aboomu bobɔ Aaron ne ne mma no mu, na bobɔ wɔn abotire; na asɔfodwuma nyɛ wɔn deɛ sɛ daa atorɔmudeɛ. Sɛɛ na hyɛ Aaron ne ne mma asɔfoɔ. 10 Na ma wɔmfa nantwinini no mmra ahyiaeɛ ntomadan no anim, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu nantwie no atifi. 11 Na kum nantwie no AWURADE anim, ahyiaeɛ ntomadan no ano. 12 Na fa nantwie no mogya no bi, na fa wo nsateaa bɔ mu sra afɔrebukyia no mmɛn no ho; na hwie mogya no nyinaa gu afɔrebukyia no ase. 13 Na yi sradeɛ a ɛkata ayamdeɛ no ho nyinaa ne deɛ ɛsensɛne mmerɛboɔ no ho no, ne sawa mmienu no ne ɛso sradeɛ no, na hye no wɔ afɔrebukyia no so. 14 Nantwie no nam ne ne nwoma ne n’agyanan deɛ, fa ogya hye no nsraban no akyi, ɛyɛ bɔne ho afɔdeɛ. 15 Na fa odwennini baako, na Aaron ne ne mma no mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. 16 Na kum odwennini no, na fa ne mogya pete afɔrebukyia no ho hyia. 17 Na twitwa odwennini no asinasini, na hohoro n’ayamdeɛ ne ne nnyawa ho, na fa gu n’asinasini no ne ne tiri so. 18 Na hye odwennini mu no nyinaa afɔrebukyia no so. Ɛyɛ AWURADE hyeɛ afɔdeɛ, adeɛ a ɛyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. 19 Na fa odwennini baako no, na Aaron ne ne mma mfa wɔn nsa ngu odwennini no atifi. 20 Na kum odwennini no na fa ne mogya no bi, na fa ka Aaron aso nifa ne ne mma no aso nifa ano ne wɔn nsa nifa kokurobetie ano, ne wɔn nan nifa kokurobetie ano, na fa mogya no pete afɔrebukyia no ho hyia. 21 Na fa afɔrebukyia no so mogya no bi ne sra ngo no bi, na fa petepete Aaron ne ne ntadeɛ so, ne ne mma no ne ne mma ntadeɛ nso so, na ɛnnwira no ne ne ntadeɛ ne ne mma ne ne mma ntadeɛ no nso. 22 Na afei fa odwennini no sradeɛ ne ne sradeɛ dua no ne sradeɛ a ɛkata n’ayamdeɛ ho ne deɛ ɛsensɛne ne mmerɛboɔ ho ne ne sawa mmienu ne ɛho sradeɛ ne ne srɛ nifa no, ɛfiri sɛ ɛyɛ asɔfohyɛ dwennini, 23 ne paanoo mua baako ne paanoo taterɛ a wɔde ngo afɔre baako ne ɔfam baako firi apiti kɛntɛn a ɛsi AWURADE anim no mu, 24 na fa ne nyinaa gu Aaron ne ne mma no nsam him di akɔneaba yɛ AWURADE anim ehim afɔdeɛ. 25 Na gye wɔn nsam, na ka ano gya afɔrebukyia no so ɔhyeɛ afɔdeɛ no so, na ɛnyi hwa hwanhwam, AWURADE anim: Ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. 26 Na fa Aaron asɔfohyɛ dwennini no yan, na him yɛ ehim afɔdeɛ ma AWURADE, na ɛnyɛ wo kyɛfa. 27 Na ma Aaron ne ne mma asɔfohyɛ dwennini him yan ne mmasoɔ srɛ a wɔahim na wɔama soɔ no nyɛ kronkron, 28 na ɛnyɛ Aaron ne ne mma dea, daa atorɔmudeɛ a ɛfiri Israelfoɔ nsam, ɛfiri sɛ ɛyɛ mmasoɔ afɔdeɛ. Ɛnyɛ mmasoɔ afɔdeɛ a Israelfoɔ de firi wɔn asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no mu bɔ, wɔn mmasoɔ afɔdeɛ a wɔbɔ ma AWURADE. 29 Na Aaron ntadeɛ kronkron no nyɛ ne mma deɛ wɔ n’akyi, na wɔnsra wɔn ngo wɔ mu, na wɔmfa nhyɛ wɔn asɔfoɔ. 30 Ne mma mu deɛ ɔbɛsi n’ananmu adi sɔfoɔ no nhyɛ no nnanson ansa na waba ahyiaeɛ ntomadan no mu abɛsom kronkronbea hɔ. 31 Na fa asɔfohyɛ dwennini no, na noa ne nam no beaeɛ a ɛhɔ yɛ kronkron. 32 Na Aaron ne ne mma no nni odwennini no nam ne paanoo a ɛwɔ kɛntɛn mu no, ahyiaeɛ ntomadan no ano. 33 Na wɔnni nnoɔma a wɔde pata maa wɔn de hyɛɛ wɔn asɔfoɔ na wɔde dwiraa wɔn no, nanso asɔfoɔ nko ara na wɔnni bi, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 34 Na sɛ asɔfohyɛ nam no ne paanoo no bi ka ma adeɛ kye so a, ɛnneɛ fa ogya hye deɛ ɛkaeɛ no; wɔnnni, ɛfiri sɛ ɛyɛ kronkron. 35 Na sei na yɛ Aaron ne ne mma no, sɛdeɛ mahyɛ woɔ yi nyinaa. Nnanson na fa hyɛ wɔn asɔfoɔ. 36 Na fa nantwinini bɔ bɔne ho afɔdeɛ daa, na ɛnyɛ mpata. Na sɛ wɔrepata afɔrebukyia no so a, prapra ɛho bɔne, na sra no ngo fa yɛ no kronkron. 37 Nnanson na pata afɔrebukyia no soɔ yɛ no kronkron, na afɔrebukyia no ayɛ akronkronneɛ mu kronkron; obiara a ɔka afɔrebukyia no nyɛ kronkron. Daa hyeɛ afɔdeɛ ( Numeri 28.1-8 ) 38 Na yei ne afɔdeɛ a bɔ wɔ afɔrebukyia no soɔ: Nnwanten mma mmienu a wɔadi afe afe na fa bɔ so afɔdeɛ daa. 39 Fa odwan ba no baako bɔ afɔdeɛ anɔpa, na fa odwan ba baako no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ; 40 na fa esiam olonka abupɛn du mu baako a wɔde ngodua aba a wɔasie ngo toa baako ne ɛfa agu soɔ ne bobesa toa baako ne ɛfa ahwiesa ka adwammaa baako ho. 41 Na adwammaa baako no, fa no bɔ afɔdeɛ anwummerɛ, na yɛ no sɛ anɔpa aduane afɔdeɛ no ne ɛho ahwiesa no, na ɛnyi hwa hwanhwam, ɛyɛ AWURADE ogya afɔdeɛ. 42 Ɛnyɛ daa hyeɛ afɔdeɛ mo awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa mu a mommɔ no ahyiaeɛ ntomadan no ano, AWURADE anim, deɛ me ne mo bɛhyia na me ne wo akasa hɔ. 43 Na ɛhɔ na me ne Israelfoɔ bɛhyia, na wɔafa m’animuonyam so ayɛ kronkron. 44 Na mɛma ahyiaeɛ ntomadan ne afɔrebukyia no ayɛ kronkron, na mɛma Aaron ne ne mma ayɛ kronkron, na wɔayɛ me asɔfoɔ. 45 Na mɛtena Israelfoɔ no mu, na mayɛ wɔn Nyankopɔn, 46 na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn a meyii wɔn firii Misraim asase soɔ sɛ mɛtena wɔn mu no, mene AWURADE, wɔn Nyankopɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012