Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 28 - New Revised Asante Twi Bible


Asɔfoɔ Ntadeɛ
( Eksodɔs 39.1-7 )

1 Afei, ma wo nua Aaron ne ne mmabanin mfiri Israelfoɔ mu mmra wo nkyɛn, na wɔnyɛ me asɔfoɔ: Aaron ne ne mma Nadab, Abihu, Eleasa ne Itamar.

2 Na pam kronkronyɛ ntadeɛ ma wo nua Aaron, animuonyam ne fɛ so.

3 Na ka kyerɛ wɔn a wɔwɔ nyansa akoma a mede nyansa honhom mahyɛ wɔn mu amaama no nyinaa na wɔmpam Aaron ntadeɛ no, na wɔmfa nyɛ no kronkron na ɔnni me sɔfoɔ.

4 Na ntadeɛ a wɔmpam nie: Adaaboɔ ne asɔfotadeɛ ne batakari ne atadeɛ yuu a wɔanwono no damedame ne abotire ne abɔsoɔ; na wɔmpam kronkronyɛ ntadeɛ mma wo nua Aaron ne ne mmabanin, na wɔnhyɛ nni me sɔfoɔ.

5 Na wɔmfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa nyɛ.

6 Na wɔmfa ntomanwono mu anyansadwuma so mfa sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nyɛ asɔfotadeɛ no.

7 Ɛnnya mmatire mmienu a ɛtoa ano ano, na wɔmfa ntoa.

8 Na asɔfotadeɛ fɛfɛ no nkyekyeremu mfiri mu ara, sɛdeɛ ne yɛbea no teɛ, sika ne bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira.

9 Na fa apopobibireboɔ mmienu, na kurukyire Israel mma no din wɔ so.

10 Wɔn din no nsia nkɔ ɔboɔ baako so, na wɔn din nsia a aka no nso nkɔ ɔboɔ baako so, sɛdeɛ wɔn awoɔ ntoatoasoɔ teɛ.

11 Abodwumfoɔ adwuma, nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ na fa kurukyire aboɔ mmienu no soɔ, sɛdeɛ Israel mma no din teɛ; na fa sika mfefaano twa ho hyia.

12 Na fa aboɔ mmienu sisi asɔfotadeɛ no mmatiri so, na ɛnyɛ nkaeɛ aboɔ mma Israelfoɔ no, na Aaron nsoa wɔn din ne mmatiri mmienu so nkɔ AWURADE anim mfa nyɛ nkaeɛ.

13 Na yɛ sika mfefaano

14 ne sika ntweaban mmienu; wɔ no mmɛsa yɛ no sɛ nhoma, na fa ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa no hyehyɛ mfefaano no so.


Atemmuo Adaaboɔ no
( Eksodɔs 39.8-21 )

15 Na yɛ atemmuo adaaboɔ, ntomanwono mu anyansadwuma, yɛ no sɛdeɛ asɔfotadeɛ no yɛbea teɛ: Sika, bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira na fa yɛ.

16 Ɛnyɛ ahinanan, na wɔmmuka nto so; ne tentene nyɛ saama, na ne trɛ nyɛ saama.

17 Na fa aboɔ sisi mu, aboɔ kyerɛpɛn nnan. Kyerɛpɛn a ɛdi kan nyɛ bogyanamboɔ, akrateboɔ ne ahahammonoboɔ;

18 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmienu no nyɛ nsramaboɔ, hoaboɔ ne bɔwerɛboɔ;

19 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so mmiɛnsa no nyɛ akutuhonoboɔ, mfrafraeɛboɔ ne beredumboɔ;

20 na kyerɛpɛn a ɛtɔ so nnan no nyɛ sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ; ne nsisimu no, sika mfefaano ntwa ho nhyia.

21 Na aboɔ no ano nyɛ sɛ Israel mma no din ano teɛ, dummienu, sɛ wɔn din no teɛ; ɛnyɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ, sɛdeɛ din no teɛ mmaako mmaako, sɛ mmusuakuo dummienu no teɛ.

22 Na fa sika amapa yɛ adaaboɔ no so ntweaban a wɔawɔ no mmɛsa sɛ nhoma.

23 Na yɛ adaaboɔ no so sika nkaa mmienu, na fa nkaa mmienu no hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu so.

24 Na fa sika mmɛsa mmienu no toatoa adaaboɔ no ntwea so nkaa no mu.

25 Na mmɛsa mmienu no ano mmienu a aka no, fa toatoa mfefaano mmienu no mu, na fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no mmatiri mmienu no so anim fam.

26 Na yɛ sika nkaa mmienu fa hyehyɛ adaaboɔ no ntwea mmienu no so, ano a ɛwɔ emu fam kyerɛ asɔfotadeɛ no.

27 Na yɛ sika nkaa mmienu bio fa hyehyɛ asɔfotadeɛ no afaafa mmienu no so anim fam wɔ aseɛ a ɛbɛn ne ntoaeɛ no, asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no so.

28 Na wɔmfa bibire nhoma nkyekyere adaaboɔ no nkaa no nsosɔ asɔfotadeɛ no nkaa no mu, na ɛmfam asɔfotadeɛ no nkyekyeremu no atifi, na adaaboɔ no ansane amfiri asɔfotadeɛ no so.

29 Na Aaron nsoa Israel mma din atemmuo adaaboɔ no mu n’akoma so, mfa nkɔ kronkronbea hɔ, na ɛnyɛ AWURADE anim nkaeɛ daa.

30 Na fa Urim ne Tumim no hyɛ atemmuo adaaboɔ no mu, na sɛ Aaron rekɔ AWURADE anim a, ɛnna ne koko so, na Aaron nsoa Israelfoɔ no atemmuo n’akoma so, AWURADE anim daa.


Asɔfoɔ ntadeɛ afoforɔ
( Eksodɔs 39.22-31 )

31 Na fa birisi nko ara yɛ asɔfotadeɛ no ase batakari.

32 Na tokuro nna mfimfini wɔ n’atifi, na wɔmfa ntomaban a wɔanwono mmare tokuro no ano nhyia te sɛ adaaboɔ mu tokuro, na ansuane.

33 Na mmuano no so no, wɔmfa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan nyɛ atoaa aba nsɛsoɔ ntwa ho nhyia, na sika nnɔnnɔmma nsensɛne ntam ntam nhyia.

34 Sika adɔmma ne atoaa aba, ntwa batakari no mmuano ho nhyia.

35 Na Aaron nhyɛ nsom, na sɛ ɔhyɛne kronkronbea hɔ AWURADE anim na ɔfiri adi a, wɔate ne nnyegyeeɛ, na wanwu.

36 Na boro sika amapa traatraa, na kurukyire so sɛ nsɔanodeɛ nkurukyireeɛ sɛ: Kronkron ma AWURADE.

37 Na fa fam bibire homa so, na ntena abotire no so; abotire no anim na ɛmfam.

38 Na ɛmfam Aaron moma so, na Aaron nsoa mmusuo biara a aba akronkronneɛ a Israelfoɔ yɛ no kronkron, wɔn ayɛyɛdeɛ kronkron nyinaa mu no; na ntena ne moma so daa, na AWURADE ani asɔ wɔn.

39 Na nwono nwera damedame atadeɛ yuu no, na yɛ nwera abotitene, na yɛ ntomanwono mu adwini abɔsoɔ.

40 Na Aaron mma no nso, yɛ ntadeɛ ne aboomu ma wɔn, na yɛ abotire bi ma wɔn, na wɔn anim nyɛ nyam na wɔn ho nyɛ fɛ.

41 Na fa hyehyɛ wo nua Aaron ne ne mma a wɔka ne ho no, na sra wɔn ngo, na hyɛ wɔn asɔfoɔ na dwira wɔn, na wɔnni me sɔfoɔ.

42 Na yɛ nwera twakoto ma wɔn, na ɛnkata wɔn adagya so mfiri asene nkɔsi nsrɛkyire.

43 Na Aaron ne ne mma no, sɛ wɔreba ahyiaeɛ ntomadan no mu anaasɛ wɔrebɛn afɔrebukyia no abɛsom kronkronbea hɔ a, wɔnhyehyɛ, na wɔammɔ mmusuo na wɔanwu; ɛnyɛ daa atorɔmudeɛ mma no ne n’asefoɔ a wɔbɛdi n’akyire no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan