2 Mose 26 - New Revised Asante Twi BibleNtomadan no ho nhyehyɛɛ ( Eksodɔs 36.8-38 ) 1 Na tenabea no, yɛ no ntoma du a ɛyɛ asaawa fitaa a wɔafira ne bibire, ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan yɛ ntomanwono mu adwini. 2 Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunan, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu. Ntoma no nyinaa nsusuiɛ nyɛ baako. 3 Wɔmfa ntoma no nnum ntoatoa so, baako ntoa baako so; na ntoma nnum nso ntoatoa so, baako ntoa baako so. 4 Na fa bibire bobɔ ntoma baako mmuano so kantankoraa wɔ ano wɔ ntoaeɛ no so. Saa ara na yɛ wɔ ntoma a ɛdi akyire no mmuano so ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ. 5 Nkantankoraa aduonum na bobɔ wɔ ntoma baako ano, na nkantankoraa aduonum nso na bobɔ wɔ ntoma a ɛwɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no soɔ no ano; nkantankoraa no nni mmɔanim. 6 Na yɛ sika nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no yɛ ma ntoma no baako ntoa baako so, na tenabea no nyɛ baako. 7 Na fa mmirekyie nwi yɛ ntoma, na fa yɛ tenabea no so ntomadan. Yɛ no ntoma dubaako. 8 Ntoma no baako tentene nyɛ basafa dunum, na ntoma no baako tɛtrɛtɛ nyɛ basafa mmienu; ntoma dubaako no nsusuiɛ nyɛ baako. 9 Na fa ntoma no mu nnum toatoa so yɛ no baako, na fa nsia nso toatoa so yɛ no baako, na buka ntoma a ɛtɔ so nsia no ma no nkata ntomadan no so wɔ anim. 10 Na bobɔ nkantankoraa aduonum wɔ ntoma baako a ɛdi akyire no mmuano so wɔ ntoaeɛ no so, ne nkantankoraa aduonum nso wɔ ntoaeɛ a ɛtɔ so mmienu no ntoma no mmuano so. 11 Na yɛ kɔbere mfrafraeɛ nkɔtɔkorɔ aduonum, na fa nkɔtɔkorɔ no sosɔ nkantankoraa no mu, na ma ntomadan no ntoa nyɛ baako. 12 Na ntomadan no ntoma nkaeɛ a ɛboro soɔ no, ntoma fa no a aka no, nsensɛne tenabea no akyi. 13 Na ntomadan no ntoma no tentene no mu anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha ne anammɔn baako ne fa a ɛboro so wɔ nkyɛn ha no nsensɛne tenabea no nkyɛn mu wɔ ha ne ha nkata so. 14 Na fa adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ yɛ ntomadan no nkatasoɔ, na fa sukraman nwoma yɛ ɛno so nkatasoɔ. 15 Na fa okuo yɛ tenabea no ntaaboɔ a ɛsisi hɔ. 16 Taaboɔ baako tentene nyɛ basafa nnum, na taaboɔ biara tɛtrɛtɛ nyɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. 17 Nan mmienu ntuatua taaboɔ baako ase, na biribi nsosɔ nan baako ne baako mu; saa na yɛ tenabea no ntaaboɔ no nyinaa ho. 18 Sei na yɛ tenabea no ntaaboɔ no: Ntaaboɔ aduonu nni anafoɔ fam nkyerɛ nifa. 19 Na yɛ ntaaboɔ aduonu no ase dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, nnyinasoɔ mmienu mmienu nhyehyɛ ntaaboɔ no mmaako mmaako ase mma ne nan mmienu mmienu no. 20 Na tenabea no nkyɛn baako a ɛdi atifi fam no, ntaaboɔ aduonu na ɛnni hɔ, 21 ne ne dwetɛ nnyinasoɔ aduanan, ntaaboɔ no mmaako mmaako ase nnyinasoɔ mmienu mmienu. 22 Na tenabea no akyiri fam a ɛkyerɛ atɔeɛ no, fa ntaaboɔ nsia yɛ hɔ. 23 Na yɛ tenabea no akyiri ntweaso mmienu no so ntaaboɔ mmienu. 24 Na ɛmpam ho mfiri fam nkɔ, nanso ɛnyɛ mu nkɔduru ne hini so wɔ deɛ kaa a ɛdi kan no tua hɔ. Saa ara na ne mmienu nyinaa nyɛ, na ɛnni ntweaso mmienu no soɔ. 25 Na ɛnyɛ ntaaboɔ nwɔtwe ne ne dwetɛ nnyinasoɔ dunsia, taaboɔ baako ase nnyinasoɔ mmienu, ne taaboɔ baako no ase nnyinasoɔ mmienu. 26 Na fa okuo yɛ mmeamu; enum nyɛ tenabea no nkyɛn baako ntaaboɔ no deɛ, 27 na mmeamu nnum no nso nyɛ tenabea no nkyɛn baako no ntaaboɔ no deɛ, na mmeamu nnum nso nyɛ tenabea no akyi wɔ atɔeɛ fam ntaaboɔ no deɛ. 28 Na mfimfini mmeamu a ɛfa ntaaboɔ no mfimfini no ntwam mfiri tire nkɔduru tire. 29 Na ntaaboɔ no, fa sika duradura ho, na fa sika yɛ ɛho nkaa no ma no nyɛ mmeamu no hyehyɛbea, na fa sika duradura mmeamu no ho nso. 30 Na si tenabea no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔayi akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no. 31 Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira yɛ ntwamutam. Ntomanwono mu adwini a kerubim wɔ mu na wɔnyɛ no. 32 Na fa sɛne okuo adum nnan a wɔaduradura ho sika ho; ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na ɛnsisi dwetɛ nnyinasoɔ nnan so. 33 Na fa ntwamutam no sɛne nkoamu no ase, na fa Adanseɛ adaka no bɛsi ntwamutam no akyi, na ntwamutam no ntwa kronkronbea ne kronkron mu kronkronbea no mu mma mo. 34 Na fa mpata adwa no si Adanseɛ adaka no so wɔ kronkron mu kronkronbea hɔ. 35 Na fa ɛpono no si ntwamutam no anim, na kaneadua no nni ɛpono no ntentensoɔ wɔ tenabea no nkyɛn mu anafoɔ fam, na fa ɛpono no si nkyɛn mu atifi fam. 36 Na fa bibire ne asaawa a ɛbere dum ne koogyan ne asaawa fitaa a wɔafira nwono nkyeremu fa yɛ ntomadan no ano nkataano. 37 Na fa okuo adum nnum yɛ nkataano no, na fa sika duradura ho, na ne nkɔtɔkorɔ nyɛ sika, na fa kɔbere mfrafraeɛ nnyinasoɔ nnum gu aseɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012