2 Mose 25 - New Revised Asante Twi BibleNtomadan ho afɔrebɔdeɛ ( Eksodɔs 35.4-9 ) 1 Na AWURADE kasa kyerɛɛ Mose sɛ: 2 Ka kyerɛ Israelfoɔ no na wɔmmɛma me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. Obiara a n’akoma pɛ no nkyɛn na monnye me mmasoɔ afɔrebɔdeɛ. 3 Na yei ne mmasoɔ afɔrebɔdeɛ a monnye no wɔn nkyɛn no: Sika, dwetɛ, kɔbere mfrafraeɛ, 4 bibire, asaawa a ɛbere dum, koogyan, asaawa fufuo, mmirekyie nwi, 5 adwennini nwoma a wɔahyɛ no kɔkɔɔ, sukraman nwoma ne okuo nnua; 6 kanea ho ngo, ɔsra ngo ne nnuhwam a wɔhyeɛ ho aduro, 7 apopobibire aboɔ ne aboɔ a wɔde bɛsisi asɔfotadeɛ no ne adaaboɔ no mu no. 8 Na ma wɔnyɛ tenabea kronkron mma me na mentena wɔn mu. 9 Sɛdeɛ me ara merebɛkyerɛ wo tenabea no tebea ne ɛho nnoɔma nyinaa tebea no, saa ara na monyɛ no. Apam adaka no yɛbea ( Eksodɔs 37.1-9 ) 10 Na wɔmfa okuo nyɛ adaka a ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. 11 Na fa sika amapa dura ho, emu ne ɛho nyinaa na dura, na yɛ sika hankra twa ho hyia. 12 Na gu sika nkaa nnan, na fa tuatua ne nan nnan no ho; nkaa mmienu nni fa ha, na nkaa mmienu nni fa ha. 13 Na fa okuo sene mpoma, na fa sika dura ho. 14 Na fa poma no wurawura nkaa no mu wɔ adaka no nkyɛn mu, na wɔmfa nsoa adaka no. 15 Mpoma no nwurawura adaka no ho nkaa no mu; wɔnnyiyi mmfiri mu. 16 Na fa Adanseɛ a mede bɛma woɔ no hyɛ adaka no mu. 17 Na fa sika amapa yɛ mpata adwa, ne tentene bɛyɛ basafa baako ne fa, na ne tɛtrɛtɛ bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. 18 Na sika a waboro na fa yɛ Kerubim mmienu no, na fa sisi mpata adwa no tiri mmienu no so. 19 Na yɛ kerub baako wɔ etire ha ne kerub baako wɔ etire ha. Mpata adwa no mu na momma kerubim no nyi adie wɔ ne tiri mmienu so soɔ. 20 Na kerubim no ntrɛtrɛ wɔn ntaban mu ɔsoro mfa wɔn ntaban no nkata mpata adwa no so, na wɔn ani nkyerɛkyerɛ wɔn ho; mpata adwa no so na kerubim no ani nkyerɛkyerɛ. 21 Na fa mpata adwa no si adaka no so, na adaka no mu na fa Adanseɛ a mede bɛma woɔ no hyɛ. 22 Na ɛhɔ na me ne wo bɛhyia, na mafiri mpata adwa no so wɔ kerubim mmienu a wɔwɔ Adanseɛ adaka no soɔ no ntam maka wo nnoɔma a mɛhyɛ wo sɛ fa kyerɛ Israelfoɔ no nyinaa. Ɛpono no ho nhyehyɛɛ ( Eksodɔs 37.10-16 ) 23 Na fa okuo yɛ ɛpono, ne tentene basafa baako, na ne tɛtrɛtɛ anammɔn baako ne fa, na ne korɔn bɛyɛ anammɔn mmienu ne fa. 24 Na fa sika amapa dura ho, na fa sika hankra twa ho hyia. 25 Na yɛ ɛho mfemfamho a ne trɛ te sɛ nsam hyia, na fa sika hankra twa mfemfamho no ho hyia. 26 Na yɛ sika nkaa nnan, na fa nkaa no sisi ntweaso nnan a ɛwowɔ ne nan ho no so. 27 Mfemfamho no ase pa ara na nkaa no nnie, na ɛnyɛ deɛ wɔde mpoma bɛwurawura mu de asoa ɛpono no. 28 Na fa okuo sene mpoma no, na fa sika duradura ho, na wɔde asoa ɛpono no. 29 Na yɛ ɛso nyowa ne nyowaa ne nkoraa ne nkuruwa a wɔde bɛhwie; sika amapa na fa yɛ. 30 Na fa kyerɛ paanoo sisi ɛpono no so wɔ m’anim daa. Kaneadua no ( Eksodɔs 37.17-24 ) 31 Na fa sika amapa a waboro yɛ kaneadua; ne nan ne ne dua; ɛho nhwiren nkuramu, ne kukuduuduu ne ne nhwiren no mfiri ɛno ara mu. 32 Na nsa nsia ntuatua ho, kaneadua no nsa mmiɛnsa ntuatua fa ha, na kaneadua no nsa mmiɛnsa nso ntuatua fa ha. 33 Nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren, na nhwiren nkuramu mmiɛnsa a ɛte sɛ sorɔno deɛ wɔ nsa baako ho, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. Saa ara na yɛ wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no ho no ho. 34 Na kaneadua no ho nhwiren nkuramu a ɛte sɛ sorɔno deɛ nnan, ne kukuduuduu ne ne nhwiren. 35 Na kukuduuduu nsisi nsa mmienu mmienu a ɛtuatua ho no ase, wɔ nsa nsia a ɛtuatua kaneadua no mu no ase. 36 Ɛho kukuduuduu ne ɛho nsa no mfiri mu ara; ne nyinaa na wɔmfa sika amapa a waboro nyɛ no baako. 37 Na yɛ ɛso nkanea nson, na wɔmfa ne nkanea no nsisi so, na ɛnnɛre wɔ anim nkyerɛ fa hɔ. 38 Na ɛho daawa ne ɛho nso nkuruwa nyɛ sika amapa. 39 Sika amapa dwetikɛseɛ baako na wɔmfa nyɛ, ne ɛho nnoɔma yi nyinaa. 40 Na hwɛ na yɛ no sɛdeɛ ne nsususoɔ a wɔde akyerɛ wo bepɔ no soɔ no teɛ no. |
The Bible Society of Ghana, 2012