2 Mose 23 - New Revised Asante Twi BibleAtɛntenenee ne pɛrepɛreyɛ 1 Ntie atesɛm hunu. Ɛne ɔbɔnefoɔ nnni nsawɔsoɔ sɛ wobɛdi nkontompo adanseɛ. 2 Nni nnipa dodoɔ akyi nkɔyɛ bɔne, nanso nkasa asɛm bi mu nkom nkɔdi nnipa dodoɔ akyi nnane asɛm ani. 3 Na mmɔborɔni nso, nhwɛ n’anim wɔ n’asɛm mu. 4 Sɛ wokɔto wo tamfo nantwie anaa n’afunumu sɛ wafom kwan a, fa no sane brɛ no. 5 Sɛ wohunu deɛ ɔkyiri woɔ afunumu sɛ ɔhyɛ n’adesoa ase a, hwɛ yie na woannya no amma no, sane na wo ne no nsane no. 6 Nnane wo mmɔborɔni asɛm ani wɔ atemmuo mu. 7 Twe wo ho firi atorosɛm mu kɔ akyirikyiri. Na nkum deɛ ɔnyɛɛ bɔne biara ne ɔteneneeni, ɛfiri sɛ meremmu ɔbɔnefoɔ bem. 8 Nso nnye kɛtɛasehyɛdeɛ, na ɛfira aniwa, na ɛkyea ateneneefoɔ nsɛm. 9 Na nhyɛ ɔhɔhoɔ so, na mo ara monim ɔhɔhoɔ kra, ɛfiri sɛ mo nso moayɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn. Mfeɛ a ɛtɔ so Nson ne Ɛda a ɛtɔ so Nson no 10 Mfeɛ nsia na dua w’asase so aduane, na boaboa nnɔbaeɛ no ano sie; 11 na deɛ ɛtɔ so nson no so deɛ, ma asase no nhome na ɛnna hɔ kwa, na wo man mu ahiafoɔ nni, na deɛ wɔbɛgya no, wiram mmoadoma mmɛdi. Saa ara na yɛ wo bobe turo ne wo ngodua turo. 12 Nnansia na fa yɛ w’adwuma, na ɛda a ɛtɔ so nson no, fa home; na wo nantwie ne w’afunumu nhome, na w’afenaa ba ne wo hɔhoɔ nya ahomegyeɛ. 13 Deɛ maka no nyinaa, monni so. Na anyame foforɔ din nso, mommmɔ, mommma wɔnnte wɔ mo anomu. Afahyɛ akɛseɛ ahodoɔ mmiɛnsa no ( Eksodɔs 34.18-26 ; Deuteronomium 16.1-17 ) 14 Mprɛnsa na hyɛ fa ma me afirinhyia mu. 15 Di apiti nnapa no: Nnanson na di apiti, sɛdeɛ mehyɛɛ woɔ no, bosome Abib mu berɛ a wɔahyɛ no, ɛfiri sɛ ɛno mu na wofirii Misraim baeɛ; nso obiara mmfa nsapan mmmɛpue m’anim. 16 Di otwa afahyɛ no, na fa w’adeɛ a woduaa no w’afuo mu no aba a ɛdi kan no brɛ me. Afei nso di anoboaboa afahyɛ no, afe awieeɛ a woaboaboa w’adwumadeɛ ano afiri mfuo mu no. 17 Wo mmarima nyinaa mmɛpue AWURADE Nyankopɔn anim mprɛnsa afirinhyia. 18 Mfa m’afɔdeɛ mogya mmɔ afɔdeɛ ngu mmɔreka so, na mma adeɛ nnkye m’afahyɛ mu sradeɛ so. 19 W’asase so aba a ɛdi kan no, fa bra AWURADE wo Nyankopɔn fie. Nnoa odwan ba wɔ ne na nufosuo mu. Bɔhyɛ ne Nhyehyɛɛ ahodoɔ 20 Hwɛ, meresoma ɔbɔfoɔ adi w’anim akɔhwɛ wo ɛkwan mu, na ɔde wo akɔduru deɛ masiesie hɔ no. 21 Hwɛ yie wɔ n’anim, na tie ne nne; nnwene ntia no, na ɔremfa mo mmarato nkyɛ mo, ɛfiri sɛ me din wɔ ne mu. 22 Na sɛ ampa ara wotie ne nne na woyɛ deɛ meka nyinaa a, ɛnneɛ mɛyɛ w’atamfo tamfoɔ na mahiahia w’ahohiahiafoɔ ho. 23 Na me bɔfoɔ no bɛdi w’anim de wo akɔduru Amorifoɔ, Hetifoɔ, Perisifoɔ, Kanaanfoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ no mu, na matu wɔn agu. 24 Nsɔre wɔn anyame na nsom wɔn, na nyɛ wɔn nneyɛɛ nso, na butuo na butu wɔn, na bubuo na bubu wɔn adum. 25 Na monsom AWURADE mo Nyankopɔn na wahyira w’aduane ne wo nsuo so, na mayi yadeɛ afiri wo mu. 26 Worenhunu deɛ ɔpɔn anaa obonini wɔ w’asase so; wo nna dodoɔ no mɛma no adu. 27 Mɛma me ho hu adi w’anim, na mama aman a wobɛduru wɔn soɔ nyinaa agyigya, na mama w’atamfo nyinaa adane wɔn akyi akyerɛ wo. 28 Na mɛsoma nkotokurodu adi w’anim na wɔapam Hewifoɔ, Kanaanfoɔ ne Hetifoɔ no wɔ w’anim. 29 Merempamo wɔn w’anim afe koro, na asase no annane amamfo, na wiram mmoadoma ammɛdɔɔso antia wo; 30 nkakrankakra na mɛpamo wɔn w’anim akɔsi sɛ wobɛdɔɔso na woagye asase no. 31 Na mɛtwa w’ahyeɛ afiri Mmɛwa Po ano akɔsi Filistifoɔ po ano, na afiri ɛserɛ so akɔsi asuo no ano; na mɛyi asase no sofoɔ mahyɛ mo nsa na woapamo wɔn afiri w’anim. 32 Ɛne wɔn ne wɔn anyame mmpam. 33 Mma wɔnntena w’asase so, na wɔamma woanyɛ me ho bɔne; na sɛ wosom wɔn anyame a, ampa ɛbɛyɛ wo fidie. |
The Bible Society of Ghana, 2012