Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

2 Mose 22 - New Revised Asante Twi Bible


Ɛka tua ho mmara

1 Sɛ obi kɔwia nantwie anaa odwan kum anaa ɔtɔn no a, ɔmfa anantwie nnum nsi nantwie baako no ananmu, ne nnwan nnan nsi odwan baako no ananmu.

2 Sɛ wɔhunu owifoɔ sɛ ɔrebubu aba mu, na wɔbɔ no na ɔwu a, wɔnni ne mogya ho fɔ;

3 na sɛ owia pue ne so deɛ a, wɔbɛdi ne mogya ho so. Ananmu na ɔnsie; sɛ ɔnni biribi a, ne korɔno no nti wɔntɔn no.

4 Sɛ wɔhunu akorɔnneɛ wɔ ne nsam, sɛ nantwie oo, afunumu oo, odwan oo, na ɔyɛ anikan a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nsi ananmu.

5 Sɛ obi ma n’aboa di afuo anaa bobe turo bi mu adeɛ anaa ɔgyaa no ma no kɔdi obi afuo mu adeɛ a, ɔmfa ɔno ara n’afuo mu nnepa ne ne bobe turo mu nnepa bi na ɛnsi ananmu.

6 Sɛ ogya dɛre na ɛkɔsɔ nkasɛɛ mu, na ɛhye ayuo afiafi kuo anaa ayuo a ɛgyina hɔ anaa afuo a, hyɛ na deɛ ɔsɔɔ gya no nhyɛ ananmu.

7 Sɛ obi de sika anaa nnoɔma ma ne yɔnko asie na wɔwia wɔ onipa no fie na wɔhunu owifoɔ no a, owifoɔ no mmu mmɔ ho nhyɛ ananmu.

8 Sɛ wɔanhunu owifoɔ no a, wɔmfa efiewura no mmra Nyankopɔn anim mmɛhwɛ sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko no adeɛ no anaa.

9 Mmarato ho asɛm biara, nantwie deɛ oo, afunumu deɛ oo, odwan deɛ oo, atadeɛ deɛ oo, adeɛ a ayera biara a nnipa baanu bɛpere ho sɛ ɛyɛ wɔn dea no obi bɛka sɛ “ɛne no” deɛ oo, Nyankopɔn anim ara na wɔmfa wɔn baanu asɛm no mmra. Deɛ Onyankopɔn bɛbu no fɔ no, mmɔ ho mmienu nhyɛ ne yɔnko no ananmu.

10 Sɛ obi de afunumu, sɛ nantwie, sɛ odwan, sɛ aboa bi ma ne yɔnko asie, na aboa no wu anaa ɔpira anaasɛ wɔka no to wiram na obi anhunu a,

11 AWURADE ntam mmra wɔn baanu ntam, sɛ ɔmfaa ne nsa nkaa ne yɔnko aboa no. Na ɔdenadeɛ no mpene na ɔbaako no nsi no ananmu.

12 Na sɛ wia na ɔwiaa no ne nkyɛn a, ɔnsi ɔdenadeɛ no ananmu.

13 Sɛ teteɛ na aboa bi tetee no a, ɔmfa mmra mmɛdi adanseɛ. Na ɔnnsi deɛ wɔatete no no ananmu.

14 Sɛ obi kɔfɛm biribi ne yɔnko nkyɛn na aboa no pira anaasɛ ɔwu, na ɔdenadeɛ no ho nnim ho bi a, ɔnii ko no nhyɛ ananmu.

15 Sɛ ɔdenadeɛ no nim ho bi a, ɔnnsi ananmu; sɛ wɔbɔɔ no paa a, na ne paadie na ɛmaa no baeɛ.


Abrabɔ ne nyamesom ho mmara

16 Sɛ obi kɔdaadaa ababaa a wɔnnyee no awadeɛ ne no da a, ma no mma tiriadeɛ na ɔnware no.

17 Sɛ n’agya mpene sɛ ɔde no ma no a, ɔnkari sika mma, sɛdeɛ wɔma mmaa bunu tiriadeɛ no.

18 Mma ɔbaa ntafowayifoɔ nntena ase.

19 Obiara a ɔne aboa bɛda no, kum na wɔnku saa onipa no.

20 Deɛ ɔbɛbɔ afɔdeɛ ama onyame biara na ɛnyɛ AWURADE nko no, wɔnseɛ no korakora.

21 Na ɔhɔhoɔ deɛ, mmɔ no atirimuɔden, nso nhyɛ no so, ɛfiri sɛ mo nso moakɔyɛ ahɔhoɔ Misraim asase so pɛn.

22 Monnhyɛ ɔbaakunafoɔ anaa awisiaa biara so.

23 Sɛ wohyɛ wɔn so, na wɔsu frɛ me pɛ a, tie na mɛtie wɔn sufrɛ no,

24 na m’abufuo ano ayɛ den, na mede nkrantɛ maku mo, na mo yerenom adanedane akunafoɔ, na mo mma ayeyɛ nwisiaa.

25 Sɛ wofɛm me man mu mmɔborɔni bi a ɔne wo wɔ hɔ sika a, ɛnyɛ no sɛ ɔpempensifoɔ; monnnye no nsiho.

26 Sɛ wogye wo yɔnko ntoma awowa a, sane fa ma no ansa na owia akɔtɔ,

27 ɛfiri sɛ ɛno nko ara ne ne nkataho, ne honam ntoma. Ɛdeɛn na ɔmfa nna? Na sɛ ɔsu frɛ me a, mɛtie, ɛfiri sɛ mmɔborɔhunufoɔ ne me.

28 Nka abususɛm ntia Onyankopɔn, na wo man mu panin nso, nnome no.

29 Wo nnɔbaeɛ ne wo nnuaba mu nsuo a ɛdi kan no, ntwentwɛn sɛ wode bɛma. Wo mmabanin mu mmakan no, fa ma me.

30 Saa ara na yɛ w’anantwie ne wo nnwan; nnanson na ɔne ne na ntena, da a ɛtɔ so nwɔtwe no, fa no brɛ me.

31 Na monyɛ nnipa kronkron mma me, na monnni nam bi a wɔatete mu wɔ wiram; monto ntwene mma akraman.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan