2 Mose 21 - New Revised Asante Twi BibleNkoa ho mmara ( Deuteronomium 15.12-18 ) 1 Na yeinom ne atemmusɛm a fa to wɔn anim: 2 Sɛ wotɔ akoa a ɔyɛ Hebrini a, ɔnsom mfeɛ nsia, na afe a ɛtɔ so nson no, ɔmfa ne ho nkɔdi kwa. 3 Sɛ ɔno nko na ɔbaeɛ a, ɔno nko na ɔnkorɔ; sɛ ɔyɛ ɔwarefoɔ a, ne yere no ne no nkɔ. 4 Sɛ ne wura ama no ɔyerɛ, na wawo mmabanin anaa mma mmaa ama no a, ɔbaa no ne ne mma no nyɛ ne wura dea, na ɔno nko nkɔ. 5 Na sɛ akoa no ka sɛ: Medɔ me wura ne me yere ne me mma, mempɛ sɛ mefa me ho mekɔdie a, 6 ɛnneɛ ne wura no mfa no mmra Nyankopɔn anim, na ɔmfa no mmra ɛpono ho anaa aponnwa ho, na ne wura no mfa fitiiɛ mfiti n’aso mu, na ɔnsom no daa. 7 Na sɛ ɔbarima bi tɔn ne babaa kɔyɛ afenaa a, ɛnneɛ ɔmmfa ne ho nnkɔdi sɛ nkoa no. 8 Sɛ ɔnsɔ ne wura a ɔtɔɔ no sɛ ɔreware no ani a, ɔmma wɔmmɛgye no, na ɔnni ho kwan sɛ ɔbɛtɔn no ama ɔnanani bi, ɛfiri sɛ wadaadaa no. 9 Na sɛ ɔgye no awareɛ ma ne ba a, ɔnyɛ no sɛ ɔbabaa. 10 Sɛ agya no ware ɔbaa foforɔ ka ne ho a, ɔmmma n’anoduane, ne nkataho ne n’awadeɛ asɛdeɛ so nnhwan. 11 Na sɛ wanyɛ adeɛ mmiɛnsa yi amma no a, ɛnneɛ ɔmfiri nkɔ kwa, sika biara nni mu. Kum a ɛnam nsapare soɔ 12 Deɛ ɔbɔ onipa ma no wuo no, kum na wɔnku no. 13 Na sɛ wantɛ no na Onyankopɔn na ama ne nsa apa a, ɛnneɛ mɛyi baabi mama wo, na wadwane akɔ hɔ. 14 Sɛ obi hyɛ da kɔtoa ne yɔnko ku no aniteɛ mu a, yi no m’afɔrebukyia ho na ɔnwu. 15 Deɛ ɔbɔ n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no. 16 Deɛ ɔwia onipa tɔn no anaasɛ wɔhu no ne nsam no, kum na wɔnku no. 17 Deɛ ɔdome n’agya anaa ne na no, kum na wɔnku no. 18 Sɛ mmarima reko, na obi bɔ ne yɔnko boɔ anaasɛ kuturuku, na wanwu, na ɛka no to mpa so a, 19 sɛ ɔsɔre bio sɔ ne poma mu nante firi adi a, ɛnneɛ deɛ ɔbɔɔ no no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ, ne mmerɛ a wasɛe no nko ho ka na ɔntua, na sa na ɔmma wɔnsa no yadeɛ. 20 Na sɛ obi bɔ n’akoa anaa n’afenaa abaa na ɔtɔ ne nsa ano a, wɔntɔ no so were. 21 Nanso sɛ ɔtena hɔ da koro anaa nnanu a, wɔnntɔ no so were, ɛfiri sɛ ɔyɛ ne sika. 22 Na sɛ mmarima reko na wɔkɔpem onyinsɛnfoɔ, na ɔba no firi, na bɔne bi amma akyire a, gyeɛ na wɔnnye no deɛ ɔbaa no kunu de bɛto no soɔ no, na ɔmma sɛdeɛ atemmufoɔ no bɛkyerɛ. 23 Na sɛ bɔne bi ba akyire a, ɛnneɛ ma ɔkra nsi ɔkra ananmu, 24 aniwa nsi aniwa ananmu, ɛse nsi ɛse ananmu, nsa nsi nsa ananmu, ɛnan nsi ɛnan ananmu, 25 ɔhyeɛ nsi ɔhyeɛ ananmu, apirakuro nsi apirakuro ananmu, ntampeɛ nsi ntampeɛ ananmu. 26 Na sɛ obi bɔ n’akoa ani anaa n’afenaa ani na ɛsɛe a, n’ani no nti akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi. 27 Na sɛ ɔtu n’akoa se anaa n’afenaa se a, ne se no nti ɔmma akoa anaa afena no mfa ne ho nkɔdi. Awuranom asodie 28 Sɛ nantwie pem ɔbarima anaa ɔbaa ma no wu a, ɛnneɛ wɔnsi nantwie no aboɔ, na wɔnnni ne nam, na nantwie no wura no mfa ne ho tɔtorɔtɔɔ. 29 Na sɛ nantwie no yɛ apempem dada, na wɔama ne wura no ate, na wanhwɛ no so, na wakɔkum ɔbarima anaa ɔbaa a, wɔnsi nantwie no aboɔ, na ne wura no nso, wɔnku no. 30 Sɛ wɔbɛgye no mpata a, ɔmma adeɛ biara a wɔbɛgye no mfa nnye ne kra. 31 Ɔbabanin na ɔpem no oo, ɔbabaa na ɔpem no oo, atɛn yi ara na wɔmfa mmu no. 32 Sɛ nantwie no pem akoa anaa afenaa a, ɔmma akoa anaa afena wura dwetɛ, nnwetɛbena aduasa, na wɔnsi nantwie no aboɔ. 33 Na sɛ obi kɔbue abura ano anaasɛ obi kɔtu amena na wankata so, na nantwie anaa afunumu kɔhwe mu a, 34 amena no wura no nhyɛ ananmu, na ɔmma wɔn wura no sika, na efunu no nyɛ ne dea. 35 Na sɛ obi nantwie pem ne yɔnko nantwie na ɔwu a, wɔntɔn nantwie nikanfoɔ no na wɔnkyɛ ne tiriadeɛ no mu, na efunu no nso wɔnkyɛ. 36 Anaasɛ, sɛ wɔnim sɛ nantwie no yɛ apempem dada na ne wura no anhwɛ no so a, ɔmfa nantwie nikanfoɔ nsi nantwie no ananmu, na efunu no nyɛ ne dea. |
The Bible Society of Ghana, 2012