2 Mose 19 - New Revised Asante Twi BibleƆman no duru Sinai 1 Da a Israelfoɔ sii mu firii Misraim asase soɔ no, ne bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa so pɛpɛɛpɛ na wɔduruu Sinai serɛ so. 2 Na wɔtu firii Refidim no, wɔbaa Sinai serɛ so bɛkyeree nsraban; na Israel kyeree nsraban Sinai bepɔ no anim hɔ. 3 Na Mose foro kɔɔ Nyankopɔn nkyɛn, na AWURADE firi bepɔ no so frɛɛ no sɛ: Sɛdeɛ ka kyerɛ Yakob fie, na ka kyerɛ Israelfoɔ no nie: 4 Mo ara moahunu deɛ meyɛɛ Misraim no ne sɛdeɛ mesoaa mo akɔdeɛ ntaban soɔ, na mede mo aba me nkyɛn yi. 5 Na afei sɛ mobɛtie me nne na moadi m’apam so a, ɛnneɛ, mobɛyɛ m’agyapadeɛ a ɛsom boɔ afiri aman nyinaa mu, na me na asase nyinaa wɔ me. 6 Na mo deɛ, mobɛyɛ me asɔfoɔ ahemman ne ɔman kronkron. Yeinom ne nsɛm a ka kyerɛ Israelfoɔ no. 7 Na Mose ba bɛfrɛɛ ɔman no mpanimfoɔ, na ɔde nsɛm a AWURADE de hyɛɛ no yi nyinaa too wɔn anim. 8 Na ɔman mu no nyinaa buaa prɛko sɛ: Deɛ AWURADE aka nyinaa, yɛbɛyɛ. Na Mose sane kɔkaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Hwɛ, me deɛ, mereba wo nkyɛn mununkum tumm mu, na sɛ me ne wo kasa a, ɔman no ate, na wo nso wɔagye wo adi akɔsi daa. Na Mose kaa ɔman no nsɛm no kyerɛɛ AWURADE. 10 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Kɔ ɔman no nkyɛn na dwira wɔn ho nnɛ ne ɔkyena, na ma wɔnsi wɔn ntadeɛ; 11 na wɔnsiesie wɔn ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no; na saa da no, AWURADE bɛsiane ɔman no nyinaa anim aba bepɔ Sinai so. 12 Na bɔ ɔman no ho hyeban, na ka sɛ: Monhwɛ yie na moamforo bepɔ no anaasɛ moanka ne hyeɛ. Obiara a ɔbɛka bepɔ no no, wuo na ɔbɛwuo; 13 nsa biara nnka no, aboɔ na wɔnsi no anaasɛ agyan na wɔntoto no; aboa oo, onipa oo, ɔrennya nkwa: Sɛ wɔhyɛne totorobɛnto no twe mu a, wɔmforo bepɔ no. 14 Na Mose siane firii bepɔ no so baa ɔman no nkyɛn, na ɔdwiraa ɔman no ho, na wɔsii wɔn ntadeɛ. 15 Na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monsiesie mo ho nsie da a ɛtɔ so mmiɛnsa no. Monnkɔ mo yerenom ho. 16 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no anɔpa no, aprannaa ne anyinam ne mununkum duruduro ne totorobɛnto nne a ɛyɛ den yie baa bepɔ no so. Na ɔman a wɔwɔ nsraban no mu nyinaa ho popoe. 17 Na Mose de ɔman no firii adi firii nsraban no mu kɔhyiaa Onyankopɔn, na wɔkɔgyinagyinaa bepɔ no ase. 18 Na wisie kataa Sinai bepɔ no so nyinaa, ɛfiri sɛ na AWURADE nam ogya mu asiane aba so, na ne wisie no tu kɔɔ soro sɛ fononoo mu wisie, na bepɔ no nyinaa wosoo biribiri. 19 Na totorobɛnto no nne kɔɔ so na ano yɛɛ den ara no, Mose kasae, na Onyankopɔn de nne kɛseɛ gyee so. 20 Na AWURADE siane baa Sinai bepɔ so wɔ n’atifi; na AWURADE frɛɛ Mose kɔɔ bepɔ no atifi, na Mose foro kɔe. 21 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Siane kɔbɔ ɔman no kɔkɔ, na wɔantra hyeban no amma AWURADE nkyɛn ammɛhwɛ, na wɔn mu pii antotɔ. 22 Na asɔfoɔ nso a wɔbɛn AWURADE no nnwira wɔn ho, na AWURADE anto anhyɛ wɔn so. 23 Na Mose ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Ɔman no rentumi mforo mma Sinai bepɔ so, ɛfiri sɛ wo ara woabɔ yɛn kɔkɔ aka sɛ: Bɔ bepɔ no ho hyeban na yɛ no kronkron. 24 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Siane kɔ, na wo ne Aaron mforo mmra; na mma asɔfoɔ no ne ɔman no ntra hyeban no mmforo mmma AWURADE nkyɛn, na wanto anhyɛ wɔn so. 25 Na Mose siane baa ɔman no nkyɛn bɛka kyerɛɛ wɔn. |
The Bible Society of Ghana, 2012