2 Mose 17 - New Revised Asante Twi BibleNsuo firi ɔbotan mu ba ( Numeri 20.1-13 ) 1 Na Israelfoɔ asafo no nyinaa tu firii Sin serɛ no so, wɔn atutena a wɔdii no AWURADE anomu asɛm soɔ no mu, na wɔbɛkyeree nsraban wɔ Refidim, nso na nsuo a ɔman no bɛnom nni hɔ. 2 Enti ɔman no ne Mose hamee, na wɔse: Ma yɛn nsuo nnom. Na Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn nti na mo ne me ham? Adɛn nti na mosɔ AWURADE hwɛ? 3 Nanso sukɔm dee ɔman no wɔ hɔ; na ɔman no nwiinwii tiaa Mose kaa sɛ: Adɛn nti na woyii yɛn firii Misraim sɛ wode sukɔm rebɛkum yɛn, yɛn mma ne yɛn mmoa yi? 4 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: Ɛdeɛn na mennyɛ memma ɔman yi? Aka kumaa na wɔasi me aboɔ. 5 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Sene di ɔman no anim, na fa Israel mpanin mu bi ka wo ho, na fa wo poma a wode bɔɔ Asuo Nil mu no kura wo nsam kɔ. 6 Hwɛ, mɛgyina w’anim wɔ Horeb botan no so hɔ, na bɔ ɔbotan no, na nsuo bɛfiri mu aba, na ɔman no anom. Na Mose yɛɛ saa wɔ Israel mpanin no anim. 7 Na Israelfoɔ no ham ne sɔ a wɔsɔɔ AWURADE hwɛɛ sɛ “AWURADE wɔ yɛn mu anaasɛ ɔnni yɛn mu” no nti, ɔfrɛɛ hɔ Masa ne Meriba. Wɔdi Amalek so nkonim 8 Na Amalek bae ne Israel bɛkoe wɔ Refidim. 9 Na Mose ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Yi mmarima ma yɛn, na firi adi kɔ, na wo ne Amalek nkɔko. Ɔkyena me deɛ, mɛgyina kokoɔ no atifi, na makura Nyankopɔn poma no wɔ me nsam. 10 Na Yosua yɛɛ sɛdeɛ Mose ka kyerɛɛ no no, ne Amalek kɔkoe, na Mose, Aaron ne Hur foroo kokoɔ no kɔɔ atifi. 11 Na sɛ Mose ma ne nsa so a, Israel di nim, na sɛ ɔgyaa ne nsam a, Amalek di nim. 12 Na Mose nsa yɛɛ duru, enti wɔfaa ɔboɔ de too n’ase, na ɔtenaa so, na Aaron ne Hur sosɔɔ ne nsa no mu, ɔbaako wɔ ha, na ɔbaako nso wɔ ha, na ne nsa no yɛɛ pintinn kɔsii sɛ owia tɔeɛ. 13 Na Yosua dwɛree Amalek ne ne man nkrantɛ ano. 14 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Twerɛ yei hyɛ nwoma bi mu fa yɛ nkaeɛ, na ka hyɛ Yosua aso mu sɛ pepa na mɛpepa Amalek nkaeɛ afiri asase so. 15 Na Mose sii afɔrebukyia, na ɔtoo din Yahwe-nissi (aseɛ ne: AWURADE ne me frankaa), 16 na ɔkaa sɛ: AWURADE aka ntam, AWURADE ne Amalek bɛdi ako firi awoɔ ntoatoasoɔ so de akɔsi awoɔ ntoatoasoɔ so. |
The Bible Society of Ghana, 2012