2 Berɛsosɛm 3 - New Revised Asante Twi BibleAsɔrefie sie no mfitiaseɛ 1 Na Salomo firii aseɛ sii AWURADE fie no wɔ Yerusalem, Moria bepɔ a wɔkyerɛɛ n’agya Dawid no so, faako a Dawid hyɛeɛ, Yebusini Ornan ayuporebea hɔ. 2 Na ɔfirii aseɛ sii no bosome a ɛtɔ so mmienu, n’ahennie afe a ɛtɔ so nnan mu. 3 Na yei ne fapem a Salomo too sɛ ɔde resi AWURADE dan no: Ne ntwemu yɛ akane nsusuiɛ no mu basafa aduasa, na ne trɛ nso basafa du. 4 Na ntwonoowa a ɛwɔ ɛdan no trɛ anim no, ne ntwemu yɛ basafa du, na ne korɔn, basafa aduosia. Na ɔde sika amapa duraa emu fam. 5 Na ɛdan kɛseɛ no, ɔde pepeaa nnua kataa ho, na ɔde sika pa kataa ho, na ɔdii so adwini, mmɛ ne ntweaban. 6 Na ɔde aboɔ a ne boɔ yɛ den duraa ɛdan no ho sɛ ahyehyɛdeɛ. Na sika no yɛ Parwaim sika. 7 Na ɔde sika kataa ɛdan no mpuna, aponnwa, n’afasuo ne n’apono ntanta no ho. Na ɔsenee kerubim guguu afasuo no ho. 8 Na ɔyɛɛ kronkronkronbea dan no, ne ntwemu sɛdeɛ ɛdan no trɛ teɛ yɛ basafa du, na ne trɛ yɛ basafa du, na ɔde sika pa a ano si talente ahansia kataa ho. 9 Na deɛ wɔkari de yɛɛ nnadewa no ano si sika nnwetɛbena aduonum. Na ɔsoro adan no nso, ɔde sika kataa ho. 10 Na kronkron mu kronkronbea dan no mu no, ɔde dua senee kerubim mmienu, na ɔde sika duraa ho. 11 Na kerubim no ntaban ntwemu yɛ basafa du, baako ataban baako yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo, ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa na ɛka kerub baako no ataban. 12 Na kerub baako no nso ataban yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛka ɛdan no fasuo no, na ataban baako no nso yɛ basafa mmienu ne fa, na ɛpem kerub baako no ataban no. 13 Kerubim yi ntaban a wɔatrɛ mu no yɛ basafa du, na wɔgyinagyina wɔn nan so, na wɔn anim hwɛ ɛdan no. 14 Na ɔde bibire ne asaawa a ɛberedum ne koogyan ne nwera yɛɛ ntwamutam, na ɔyeyɛɛ mu kerubim. Kɔbere mfrafraeɛ Adum mmienu no ( 1 Ahemfo 7.15-22 ) 15 Na ɔyɛɛ ɛdan no anim adum mmienu, n’atentene, basafa dunson ne fa, na aduntire a ɛwɔ atifi no basafa mmienu ne fa. 16 Na ɔyɛɛ ntweaban mpiakyire mu, na ɔde sensɛnee adum no atifi, na ɔyɛɛ atoaa aba nsɛsoɔ, ɔha, hyehyɛɛ ntweaban no mu. 17 Na ɔmemaa adum no so sisii asɔredan no anim, baako wɔ nifa, na baako wɔ benkum. Na ɔtoo nifa fam deɛ no din: Yakin, na benkum fam deɛ no, ɔtoo no din: Boas. |
The Bible Society of Ghana, 2012