1 Samuel 31 - New Revised Asante Twi BibleSaulo ne ne mmammarima wuo ( 1 Berɛsosɛm 10.1-12 ) 1 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ; na Israel mmarima dwanee Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe Gilboa bepɔ so. 2 Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ no kumm Saulo mma Yonatan ne Abinadab ne Malkisua. 3 Na ɔko no denee Saulo, na agyantofoɔ, mmarima a wɔkura tadua no hunuu no, na wɔtoo no piraa no. 4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛwɔ me na wɔammɛgoro me atɔprɛ. Na n’akodeɛkurani no ampene, ɛfiri sɛ na ɔsuro pii. Ɛnna Saulo faa nkrantɛ na ɔhwee soɔ. 5 Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo awuo no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so saa ara, na ɔne no wui. 6 Saa ara na Saulo ne ne mma baasa ne n’akodeɛkurani ne ne mmarima nyinaa nso wuwuu prɛko da no ara. 7 Na Israel mmarima a wɔwɔ bonhwa no agya ne wɔn a wɔwɔ Yordan agya hunuu sɛ Israel mmarima adwane na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyaa nkuro no hɔ dwanedwanee, na Filistifoɔ no ba bɛtenaa mu. 8 Na adeɛ kyeeɛ a Filistifoɔ ba bɛyiyii atɔfoɔ ho adeɛ no, wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ wɔ Gilboa bepɔ soɔ. 9 Na wɔtwaa ne ti, na wɔyii ne ho akodeɛ, na wɔsoma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so hyiae, sɛ wɔnkɔbɔ kaseɛ wɔ wɔn abosomfie ne ɔman no mu. 10 Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee Astarot dan mu, na ne funu no, wɔde sɛnee Bet-san fasuo ho. 11 Na Yabes-gileadfoɔ tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo no, 12 akofoɔ nyinaa sɔree nam anadwo nyinaa kɔfaa Saulo funu ne ne mma afunu no firii Bet-san fasuo no ho de baa Yabes, na wɔhyee no wɔ hɔ. 13 Na wɔfaa wɔn nnompe kɔkoraa no santɛ dua no ase wɔ Yabes, na wɔdii mmuada nnanson. |
The Bible Society of Ghana, 2012