Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 30 - New Revised Asante Twi Bible


Dawid tɔ Amalekfoɔ so were

1 Na Dawid ne ne mmarima no duruu Siklag da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na Amalekfoɔ abɛtua anafoɔ fam ne Siklag, na wɔabɔ Siklag, na wɔde ogya ahye.

2 Na wɔafa mmaa a wɔwɔ mu no nnommum, firi mmɔfra so kɔsi mpanin so, wɔankum obiara, na wɔsoaa wɔn sii kwan so kɔeɛ.

3 Na Dawid ne ne mmarima no duruu kuro no mu no, na hwɛ, wɔde ogya ahye, na wɔn yerenom ne wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa no, wɔafa wɔn nnommum kɔ.

4 Ɛnna Dawid ne dɔm a wɔka ne ho no memaa wɔn nne so sui ara kɔsii sɛ wɔannya ahoɔden ansu bio.

5 Na Dawid yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no, nso wɔafa wɔn nnommum bi.

6 Na Dawid ho kyeree no papaapa, ɛfiri sɛ ɛdɔm no kaa sɛ wɔbɛsi no aboɔ, na ɛdɔm no nyinaa kra botoeɛ, wɔn mmammarima ne wɔn mmammaa nti; nanso Dawid hyɛɛ ne ho den AWURADE Nyankopɔn mu.

7 Na Dawid ka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Ahimelek ba Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no brɛ me. Na Abiatar de asɔfotadeɛ no brɛɛ Dawid.

8 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menti ɛdɔm yi anaa? Mɛto wɔn? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ti wɔn, na wobɛto wɔn, na gyeɛ nso wobɛgye.

9 Ɛnna Dawid sii mu kɔeɛ, ɔno ne mmarima ahansia a wɔka ne ho no. Na wɔduruu Besor subonhwa ho no, wɔn a wɔkaa akyire no soo hɔ.

10 Na Dawid ne mmarima ahanan tii wɔn, na ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi antwa Besor subonhwa no soo hɔ.

11 Na wɔhunuu Misraimni bi wiram hɔ, na wɔde no brɛɛ Dawid; na wɔmaa no paanoo diiɛ, na wɔmaa no nsuo nomeeɛ,

12 na wɔmaa no borɔdɔma ɛtoa sini ne bobe aba ntoa ntoa mmienu; na ɔdiiɛ no, n’ani so baee no, ɛfiri sɛ nnansa awia ne anadwo na ɔnnidiiɛ na ɔnnomee.

13 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Hwan nipa ne wo, na ɛhe na wofire? Na ɔse: Meyɛ Misraimni ba, Amalekni bi akoa, na me wura gyaa me hɔ, ɛfiri sɛ yadeɛ bɔɔ me nnaano.

14 Yɛkɔtuaa Keretifoɔ anafoɔ fam ne deɛ ɛyɛ Yuda dea no ne Kaleb anafoɔ fam, na yɛde ogya hyee Siklag.

15 Na Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Wode me bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn? Na ɔse: Ka me Onyankopɔn sɛ worenku me, nso woremfa me nhyɛ me wura nsa, na mede wo bɛsiane akɔ ɛdɔm no nkyɛn.

16 Na ɔde no siane kɔeɛ; na hwɛ, asadeɛ bebrebe a wɔakɔfa no Filistifoɔ asase soɔ ne Yuda asase soɔ no nti, wɔboaboa fam hɔ nyinaa a na wɔredidi na wɔrenom na wɔresa.

17 Na Dawid kunkumm wɔn firi ahemadakye kɔsii da a ɛdi soɔ no anwummerɛ; na wɔn mu biara amfiri mu amfi gye mmeranteɛ ahanan a wɔtenatenaa yoma so dwaneeɛ.

18 Na Dawid gyee deɛ Amalekfoɔ faeɛ no nyinaa; ne yerenom baanu no nso, Dawid gyee wɔn;

19 na anka wɔn biribiara, ketewa oo, kɛseɛ oo, mmammarima oo, mmammaa oo, asadeɛ a wɔbɛfaeɛ no mu biara oo, Dawid de ne nyinaa sane bae.

20 Na Dawid faa nnwan ne anantwie no nyinaa, na wɔde wɔn dii mmoa no anim baeɛ, na wɔkaa sɛ: Yei deɛ, Dawid asadeɛ nie!

21 Na Dawid duruu mmarima ahanu a wɔabrɛ a wɔantumi anni Dawid akyire a wɔgyaa wɔn tenaa Besor subonhwa ho no nkyɛn. Na wɔfirii adi bɛhyiaa Dawid ne ɛdɔm a wɔne no nam no, na Dawid pinkyɛɛ ɛdɔm no kyeaa wɔn.

22 Ɛnna mmarima a wɔne Dawid kɔeɛ no mu nnipa bɔne ne ahuhufoɔ buaa sɛ: Ɛnam sɛ wɔne yɛn ankɔ nti, wɔremma wɔn asadeɛ a yɛakɔgyeɛ no bi, gye wɔn yerenom ne wɔn mma na wɔmfa wɔn nkorɔ.

23 Na Dawid kaa sɛ: Anuanom, monnyɛ saa, deɛ AWURADE de ama yɛn ho, na wahwɛ yɛn soɔ, na ɔde dɔm a wɔbaa yɛn soɔ no ahyɛ yɛn nsa.

24 Na hwan na ɔbɛtie mo, asɛm yi mu? Na sɛ deɛ ɔkɔ akono kyɛfa teɛ no, saa ara na deɛ ɔtenaa nnoɔma ho no nso kyɛfa teɛ, wɔnkyɛ mu pɛ.

25 Na ɛfiri da no ara de rekorɔ no, ɔde too hɔ yɛɛ ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ maa Israel de bɛsi nnɛ.

26 Na Dawid duruu Siklag no, ɔsoma maa wɔde asadeɛ no bi kɔmaa Yuda mpanin a wɔyɛ ne nnamfo kaa sɛ: Hwɛ, AWURADE atamfoɔ asadeɛ mu akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ mo nie.

27 Ɔde kɔmaa wɔn a wɔwɔ Betel ne wɔn a wɔwɔ Ramot a ɛwɔ Negeb ne wɔn a wɔwɔ Yatir,

28 ne wɔn a wɔwɔ Aroer ne wɔn a wɔwɔ Sifmot ne wɔn a wɔwɔ Estemoa,

29 ne wɔn a wɔwɔ Rakal ne wɔn a wɔwɔ Yerahmeelfoɔ nkuro mu, ne wɔn a wɔwɔ Kenifoɔ kuro mu,

30 ne wɔn a wɔwɔ Horma ne wɔn a wɔwɔ Kor-asan ne wɔn a wɔwɔ Atak,

31 ne wɔn a wɔwɔ Hebron, ne mmeammea a Dawid ne ne nnipa kyinkyiniiɛ hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan