1 Samuel 29 - New Revised Asante Twi BibleAkis gya Dawid kwan 1 Afei Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm nyinaa ano baa Afek, na Israelfoɔ kɔkyeree nsraban nsuo aniwa a ɛwɔ Yesreel ho. 2 Na Filistifoɔ asafohene bɛtwaa mu, ɔha ɔha ne apem apem so, na Dawid ne ne mmarima no ka Akis ho bɛtwaa mu wɔ kyidɔm no mu. 3 Ɛnna Filistifoɔ asafohene no kaa sɛ: Na Hebrifoɔ yi ɛ? Na Akis ka kyerɛɛ Filistifoɔ asafohene no sɛ: Ɛnyɛ Dawid, Israelhene Saulo akoa a ɔne me atena nna sɛɛ anaa mfeɛ sɛɛ yi a menhunuu ne ho bɔne biara firi da a ɔwaeeɛ de bɛsi nnɛ no nie? 4 Na Filistifoɔ asafohene no bo fuu no, na Filistifoɔ asafohene no ka kyerɛɛ no sɛ: Ma ɔbarima yi nsane, na ɔnsane nkɔ ne tenabea a wode no tenaeɛ hɔ, na mma ɔne yɛn nnkɔ ɔsa no, na wannane n’ani ankyerɛ yɛn ɔko no mu; na ɛdeɛn na oyi de bɛpata ne wura? Ɛnyɛ nnipa yi ti? 5 Ɛnyɛ Dawid a wɔgyee ne ho dwom soɔ asa mu sɛ: Saulo akum n’apem na Dawid akum ne mpem du no nie anaa? 6 Ɛnna Akis frɛɛ Dawid ka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ yi, wotene, na me deɛ, anka ɛyɛ ma me sɛ wo ne me bɛdi akɔneaba ɔsa yi mu; ɛfiri sɛ ɛfiri da a wobaa me nkyɛn de bɛsi nnɛ menhunuu wo ho bɔne biara; na asafohene no na ɛmpɛ woɔ. 7 Enti sane, na kɔ asomdwoeɛ mu, na wo ho anyɛ Filistifoɔ no ahi. 8 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Na mayɛ dɛn, na ɛdeɛn na woahu no w’akoa ho firi da a mebaa w’anim de abɛsi nnɛ yi a enti mennkɔ na me ne me wura ɔhene atamfoɔ nnkɔko yi? 9 Na Akis bua see Dawid sɛ: Menim sɛ woyɛ wɔ m’ani so sɛ Nyankopɔn bɔfoɔ; nso Filistifoɔ asafohene no na wɔse: Ɔne yɛn renkɔ ɔsa no. 10 Enti monsɔre anɔpahema, wo ne wo wura nkoa a wɔne wo baeɛ no, na mosɔre nhema na anim tete ara pɛ a, moasim akɔ. 11 Ɛnna Dawid ne ne mmarima no tuaa nhema sii mu sɛ wɔresane akɔ Filistifoɔ asase so. Na Filistifoɔ no baa Yesreel. |
The Bible Society of Ghana, 2012