1 Samuel 27 - New Revised Asante Twi BibleDawid wɔ Filistifoɔ asase so 1 Na Dawid see no n’akoma mu sɛ: Anhwɛ a, da bi, Saulo nsa na ɛbɛku me; biribiara nyɛ mma me sɛ mɛdwane akɔ Filistifoɔ asase soɔ, na Saulo agyaa me na wanhwehwɛ me bio Israel asase nyinaa so, na mafiri ne nsa. 2 Na Dawid sɔreeɛ, na ɔne mmarima ahansia a wɔka ne ho no twaa mu kɔɔ Gathene Maok ba Akis nkyɛn. 3 Na Dawid ne Akis tenaa Gat, ɔno ne ne mmarima no, obiara ne ne fiefoɔ, Dawid ne ne yerenom baanu no, Yesreelni Ahinoam ne Karmelni Abigail, Nabal yere no. 4 Na wɔka kyerɛɛ Saulo sɛ: Dawid adwane kɔ Gat; na wankɔ so anhwehwɛ no bio. 5 Na Dawid ka kyerɛɛ Akis sɛ: Sɛ manya w’anim adom a, ma wɔmma me tenabea bi wiram nkuro no bi mu, na menkɔtena hɔ: Na adɛn nti na w’akoa ne wo ntena ahenkuro mu? 6 Ɛnna Akis de Siklag maa no da no ara; enti Siklag danee Yuda ahemfo deɛ de bɛsi nnɛ yi. 7 Na nna a Dawid de tenaa Filistifoɔ asase soɔ no yɛ afirinhyia ne abosome nnan. 8 Na Dawid ne ne mmarima no kɔ kɔtuaa Gesurfoɔ ne Girsifoɔ ne Amalekfoɔ; na wɔn na na wɔtete asase no soɔ firi teteete de kɔduru Sur a ɛda kɔ Misraim asase soɔ no. 9 Na Dawid bɔɔ asase no, na wannya ɔbarima anaa ɔbaa anikan, na ɔfaa nnwan ne anantwie ne mfunumu ne yoma ne ntadeɛ, na ɔsane baa Akis nkyɛn. 10 Na Akis kaa sɛ: Ɛhefoɔ na ɛnnɛ mokɔfom wɔn faeɛ yi? Na Dawid se: Yɛkɔɔ Yuda Negeb ne Yerahmeelfoɔ anafoɔ fam ne Kenifoɔ anafoɔ fam. 11 Na Dawid annya ɔbarima anaa ɔbaa bi anikan sɛ ɔde wɔn bɛba Gat, ɛfiri sɛ ɔse: Anyɛ a, wɔbɛka yɛn ho asɛm sɛ: Sɛɛ na Dawid ayɛ. Na nna a ɔde tenaa Filistifoɔ asase soɔ no nyinaa sɛ ɔyɛeɛ ara ne no. 12 Na Akis gyee Dawid diiɛ kaa sɛ: Wama ne ho abɔn ne man Israel pa ara, enti ɔbɛyɛ m’akoa daa. |
The Bible Society of Ghana, 2012