Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 25 - New Revised Asante Twi Bible


Samuel wuo. Nabal nkwaseasɛm

1 Na Samuel wuiɛ; na Israel nyinaa boaboaa wɔn ano bɛgyamm no, na wɔkoraa no ne fie wɔ Rama. Na Dawid sɔre siane kɔɔ Paran serɛ so.

2 Na ɔbarima bi wɔ Maon a n’adwuma wɔ Karmel, na ɔbarima no yɛ onipa kɛseɛ; ɔwɔ nnwan mpensa ne mmirekyie apem; na ɔretwitwa ne nnwan ho wɔ Karmel.

3 Na ɔbarima no din de Nabal, na ne yere din de Abigail; na ɔbaa no wɔ adwempa, na ne ho nso yɛ fɛ; na ɔbarima no deɛ, na ɔyɛ den, na ne nneyɛɛ nyɛ; na ɔyɛ Kalebni.

4 Na Dawid tee no ɛserɛ so hɔ sɛ Nabal retwitwa ne nnwan ho.

5 Na Dawid somaa mmeranteɛ du, na Dawid ka kyerɛɛ mmeranteɛ no sɛ: Momforo nkɔ Karmel na monkɔ Nabal nkyɛn, na monkɔbɔ me din nkyea no mma me.

6 Na monse no sɛ: Asomdwoeɛ nka wo, asomdwoeɛ nka wo fie, na asomdwoeɛ nka deɛ wowɔ nyinaa.

7 Na afei, mate sɛ wowɔ nnwan ho twitwafoɔ; afei wo nnwanhwɛfoɔ a wowɔ wɔn no ne yɛn tenaeɛ no, yɛampoopoo wɔn, na wɔn biribiara nso anyera berɛ a wɔtenaa Karmel no nyinaa.

8 Bisabisa wo mmeranteɛ no na wɔbɛka akyerɛ wo; enti ma mmeranteɛ no nnya w’anim adom, na afahyɛ da na yɛaba yi, fa deɛ ɛwɔ wo nsam ma wo nkoa ne wo ba Dawid ɛ!

9 Na Dawid mmeranteɛ no duruiɛ no, wɔde Dawid din kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ Nabal, na wɔtwɛneeɛ.

10 Na Nabal buaa Dawid nkoa no sɛ: Hwan ne Dawid, na hwan ne Yisai ba? Ɛnnɛ nkoa a wɔtete wɔn ho firi wɔn wuranom ho dɔɔso.

11 Na memfa m’aduane ne me nsuo ne me nam a makum de rema me nnwan ho twitwafoɔ no memma nnipa a mennim deɛ wɔfire anaa?

12 Ɛnna Dawid mmeranteɛ no danee wɔn ho sii kwan soɔ, na wɔsane bɛkaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no.


Dawid ne Abigail

13 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ ne nnipa no sɛ: Mo nyinaa mmobɔ mo nkrantɛ mo asenem. Na wɔn nyinaa bobɔɔ wɔn nkrantɛ, na Dawid nso bɔɔ ne nkrantɛ, na ɛbɛyɛ mmarima ahanan foro dii Dawid akyi, na ahanu tenaa nnoɔma no ho.

14 Na mmeranteɛ no mu baako kɔka kyerɛɛ Nabal yere Abigail sɛ: Hwɛ, Dawid somaa abɔfoɔ firi ɛserɛ so bɛkyeaa yɛn wura, na ɔpoopoo wɔn.

15 Nso nnipa no yɛ ma yɛn sɛ, na wɔanyɛ yɛn bɔne biara, na yɛwɔ wiram hɔ a yɛne wɔn nam no nyinaa, yɛn biribiara anyera da;

16 wɔyɛɛ yɛn ho fasuo anadwo ne awia berɛ a yɛne wɔn teɛ a yɛrehwɛ nnwan no nyinaa.

17 Na afei hwɛ, na dwene deɛ wobɛyɛ, na wɔakyere yɛn wura ne ne fie nyinaa so sa bɔne, nso ɔyɛ ɔba huhuni a obi ntumi nkasa nkyerɛ no.

18 Ɛnna Abigail yɛɛ ntɛm faa paanoo ahanu ne nsa nkotokuo mmienu ma, ne nnwan nnum a wɔasiesie wɔn ne nkyeweɛ susuoadeɛ nnum ne bobe aba a wɔabɔ no ntoantoa ahanu de soaa mfunumu,

19 na ɔka kyerɛɛ ne mmeranteɛ no sɛ: Monsene nni m’anim, hwɛ, meredi mo akyiri maba. Na ne kunu Nabal deɛ, wanka ankyerɛ no.

20 Na ɛbaa sɛ ɔte afunumu so resiane aba bepɔ no aseɛ no, hwɛ, na Dawid ne ne nnipa no nso resiane hyia no, na ɔhyiaa wɔn.

21 Nso na Dawid aka sɛ: Kwa ara kwa na mahwɛ oyi adeɛ a ɔwɔ no ɛserɛ so nyinaa soɔ, na deɛ ɛyɛ ne deɛ nyinaa mu biribiara anyera, nso bɔne na ɔde ahyɛ me papa ananmu.

22 Sɛ ɛkɔsi ɔkyena anɔpa, megya n’adeɛ a ɔwɔ nyinaa mu onini baako sei mpo a, Onyankopɔn nyɛ Dawid atamfoɔ saa na ɔnka ho saa!

23 Na Abigail hunuu Dawid no, ɔyɛɛ ntɛm firii n’afunumu so sii fam, na ɔde n’anim butuu Dawid anim, na ɔbɔɔ ne mu ase kɔɔ fam,

24 na ɔde ne ho hwee ne nan ase kaa sɛ: Me wura, me so na amumuyɛ yi nna, na ma w’afenaa nkasa ngu w’aso mu ɛ, na tie w’afenaa nsɛm.

25 Mesrɛ wo, mma me wura mmfa n’akoma nnto onipa huhuni Nabal yi so, na sɛ ne din teɛ no, sɛ ɔteɛ ara ne no, Nabal ne ne din, agyegyentwisɛm wɔ ne mu; na me, w’afenaa deɛ, manhunu me wura mmeranteɛ a wosomaa wɔn no.

26 Na afei, me wura, sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, AWURADE asianka wo, na woammɛdi mogya ho so sɛ wode wo ara wo nsa bɛtɔ were. Na afei ma w’atamfo ne wɔn a wɔpɛ me wura bɔne no nyɛ sɛ Nabal.

27 Na afei, akyɛdeɛ a w’afenaa de abrɛ me wura yi, ma wɔmfa mma mmeranteɛ a wɔdi me wura akyire no.

28 Fa ɛso yi kyɛ w’afenaa ɛ! Na ampa ara AWURADE bɛkyekyere efie a atim ama me wura, ɛfiri sɛ me wura reko ama AWURADE, na wɔrenhunu wo mu bɔne biara wo nna nyinaa.

29 Na sɛ onipa asɔre reti wo na wahwehwɛ wo aku wo a, ɛnneɛ wɔnkyekyere me wura kra, nkwa boaa mu, AWURADE wo Nyankopɔn nkyɛn, na w’atamfo kra deɛ, wɔnto no sɛ adeɛ a ɛfiri ntɔmmoɔ mu.

30 Na sɛ AWURADE nya yɛ me wura papa a waka wɔ wo ho no nyinaa na ɔde wo si Israel so hene a,

31 me wura werɛ renho na n’akoma remmɔ no paripari sɛ waka mogya agu kwa anaa sɛ me wura no ara atɔ were. Na AWURADE bɛyɛ me wura yie, na woakae w’afenaa.

32 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Abigail sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo maa wobɛhyiaa me nnɛ yi.

33 Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankɔdi mogya ho so, na mamfa me ara me nsa mantɔ were.

34 Na ampa ara, sɛ AWURADE, Israel Nyankopɔn a wasianka me na manyɛ wo bɔne no te aseɛ yi, sɛ woanyɛ ntɛm ammɛhyia me a, anka ɛbɛduru ɔkyena anɔpa, obiara a ɔyɛ onini renka mma Nabal.

35 Ɛnna Dawid gyee deɛ ɔde brɛɛ no no ne nsam, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Foro kɔ wo fie asomdwoeɛ mu, hwɛ, matie wo, na mahwɛ w’anim.

36 Na Abigail kɔɔ Nabal nkyɛn, na hwɛ, wato ne ho pono ne fie hɔ sɛ ɔhene pono na Nabal ani agye ne ho, na waboro titaa. Na wanka no hwee kɔsii sɛ adeɛ kyeeɛ.

37 Na anɔpa nsa tetee Nabal ani soɔ no, ne yere kaa nsɛm yi nyinaa kyerɛɛ no, na n’akoma gyenee wɔ ne yam, na ɔdanee sɛ ɔboɔ.

38 Na ɛbɛyɛ dadu no, AWURADE bɔɔ Nabal, na ɔwuiɛ.

39 Na Dawid tee sɛ Nabal awuo no, ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE a watɔ Nabal nsopa so were ama me na wasɔ n’akoa mu afiri bɔne ho, na AWURADE adane Nabal bɔne agu n’atifi! Na Dawid soma maa wɔne Abigail kɔkasaa sɛ ɔbɛfa no aware.

40 Na Dawid nkoa no duruu Abigail nkyɛn Karmel kɔka kyerɛɛ no sɛ: Dawid asoma yɛn wo nkyɛn sɛ ɔrebɛfa wo aware.

41 Na ɔsɔre bɔɔ ne tiri ase kotoe kaa sɛ: Hwɛ, w’afenaa yɛ abaawa a ɔbɛhohoro me wura nkoa nan ho.

42 Na Abigail yɛɛ ntɛm sɔre tenaa afunumu so, ne mmaawa baanum a wɔnenam ne nan aseɛ, na ɔdii Dawid abɔfoɔ no akyi kɔyɛɛ ne yere.

43 Na Dawid waree Ahinoam a ɔfirii Yesreel nso, na wɔn baanu no yɛɛ ne yerenom.

44 Na Saulo de ne ba Mikal, Dawid yere no, ama Lais ba Palti a ɔfiri Galim.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan