1 Samuel 23 - New Revised Asante Twi BibleDawid wɔ Keila ne Sif serɛ so 1 Na wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: Hwɛ, Filistifoɔ ne Keila reko na wɔrefom ayuporebea fa. 2 Na Dawid bisaa AWURADE sɛ: Menkɔto nhyɛ Filistifoɔ yi so anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ na kɔto hyɛ Filistifoɔ no so, na gye Keila. 3 Na Dawid mmarima no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, Yuda ha mpo yɛsuro, na nkantom sɛ yɛbɛkɔ Keila akɔne Filistifoɔ dɔm ako. 4 Na Dawid kɔɔ so bisaa AWURADE bio. Na AWURADE buaa no sɛ: Sɔre siane kɔ Keila, na me na mede Filistifoɔ no merehyɛ wo nsa. 5 Ɛnna Dawid ne ne nnipa no sii mu kɔɔ Keila, na ɔne Filistifoɔ no kɔkoeɛ, na ɔkaa wɔn mmoa faeɛ, na ɔkum wɔn ekumkɛseɛ, na Dawid gyee Keilafoɔ. 6 Na Ahimelek ba Abiatar redwane akɔ Dawid nkyɛn Keila no, na asɔfotadeɛ no kura no, na ɔde siane kɔeɛ. 7 Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid aba Keila. Na Saulo kaa sɛ: Onyankopɔn reyi no ahyɛ me nsa, na wato ne ho mu, sɛ wakɔ kuro a ano wɔ apono ne adaban mu. 8 Na Saulo maa wɔhyiaa ɔman no nyinaa sɛ wɔrekɔ ɔsa na wasiane akɔ Keila akɔtua Dawid ne ne nnipa no. 9 Na Dawid hunuu sɛ Saulo rebɔ ne ho pɔ bɔne no, ɔka kyerɛɛ Ɔsɔfoɔ Abiatar sɛ: Fa asɔfotadeɛ no bra. 10 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE Israel Nyankopɔn, w’akoa ate no ampa ara sɛ Saulo repɛ aba Keila, na me nti wabɛsɛe kuro no. 11 Keilafoɔ de me bɛhyɛ ne nsa anaa? Saulo bɛsiane aba sɛdeɛ w’akoa teeɛ no? AWURADE, Israel Nyankopɔn, mekoto mesrɛ wo, ka kyerɛ w’akoa ɛ! Na AWURADE kaa sɛ: Ɔbɛsiane aba. 12 Na Dawid kaa sɛ: Keilafoɔ bɛyi me ne me nnipa ahyɛ Saulo nsa? Na AWURADE se: Wɔbɛyi wo ama. 13 Ɛnna Dawid ne ne mmarima a wɔbɛyɛ ahansia no sɔre firii Keila, na wɔkɔɔ baabiara a wɔbɛtumi akorɔ. Na wɔkɔka kyerɛɛ Saulo sɛ Dawid adwane afiri Keila no, ɔgyaee n’akyiridie. 14 Na Dawid kɔtenaa ɛserɛ so bepɔ so atenaeɛ ahodoɔ no mu; na ɔtenaa bepɔ bi so Sif serɛ so. Na Saulo hwehwɛɛ no da biara; nanso Onyankopɔn amfa no anhyɛ ne nsa. 15 Na Dawid hunuu sɛ Saulo afiri adi rebɛhwehwɛ no aku no. Nso na Dawid wɔ Sif serɛ so wɔ Hores. 16 Ɛnna Saulo ba Yonatan sɔre kɔɔ Dawid nkyɛn wɔ Hores, na ɔhyɛɛ ne nsa den Nyankopɔn mu. 17 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na m’agya Saulo nsa renka wo, na wo na wobɛdi Israel so hene, na mayɛ w’abadiakyire; na m’agya Saulo nso nim yei. 18 Na wɔn baanu pamee AWURADE anim. Na Dawid tenaa Hores, na Yonatan kɔɔ ne fie. 19 Ɛnna Sififoɔ foro kɔɔ Saulo nkyɛn Gibea kɔkaa sɛ: Ɛnyɛ Dawid na ɔhunta yɛn nkyɛn wɔ atenaeɛ a ɛwɔ Hores, Hakila kokoɔ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no soɔ no? 20 Na afei, ɔhene, siane bra sɛdeɛ wo kra hwehwɛ a ɔrehwehwɛ sɛ ɔbɛsiane no teɛ nyinaa, na yɛn deɛ ne sɛ yɛbɛyi no ahyɛ ɔhene nsa. 21 Ɛnna Saulo kaa sɛ: AWURADE nhyira nka mo sɛ moahu me mmɔborɔ. 22 Monkɔ nkɔhwehwɛ mu yie, na monhwɛ nhunu faako a ɔhyɛ ne onii ko a ɔhunuu no hɔ. Na mate sɛ ɔyɛ onitefoɔ sɛ. 23 Na monhwɛ nhu no, faako a ɔhuntahunta no nyinaa, na sɛ ɛyɛ ampa a, monsane mmra me nkyɛn, na me ne mo nkɔ. Na sɛ ɔwɔ asase no so a, mɛtwee mapɛ no Yuda mpempem nyinaa mu. 24 Na wɔsɔre dii Saulo anim kɔɔ Sif. Na Dawid ne ne nnipa no wɔ Maon serɛ so, mpaperɛ a ɛwɔ ɛserɛ pataa no anafoɔ fam no so. 25 Na Saulo ne ne nnipa kɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ no. Na wɔkɔka kyerɛɛ Dawid; na ɔsianee ɔbotan no kɔtenaa Maon serɛ so. Na Saulo teeɛ no, ɔtii Dawid baa Maon serɛ so. 26 Na Saulo nam bepɔ no fa ha, na Dawid ne ne nnipa nso nam bepɔ no fa ha; na Dawid repɛ ntɛm afiri Saulo anim akorɔ no, Saulo ne ne nnipa no twaa Dawid ne ne nnipa no ho hyiae sɛ wɔrekye wɔn. 27 Na ɔbɔfoɔ bi baa Saulo nkyɛn bɛkaa sɛ: Ka wo ho bra, na Filistifoɔ abɛgu asase no so. 28 Enti Saulo sane firi Dawid akyi kɔ kɔhyiaa Filistifoɔ no; enti wɔfrɛ hɔ sɛ Dwaneeɛ Botan. 29 Na Dawid firi hɔ foro kɔtenaa En-gedi bepɔ so atenaeɛ mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012