Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 22 - New Revised Asante Twi Bible


Dawid da so dwane

1 Na Dawid firi hɔ kɔeɛ, na ɔdwane kɔɔ Adulam bodan mu. Na ne nuanom ne n’agya fie nyinaa teeɛ no, wɔsiane kɔɔ ne nkyɛn hɔ.

2 Na wɔn a wɔn ho akyere wɔn ne wɔn a wɔdede aka ne wɔn a wɔn werɛ ahoɔ boaboaa wɔn ano baa ne nkyɛn, na ɔdii wɔn so safohene. Mmarima bɛyɛ ahanan na wɔbɛkaa ne ho.

3 Na Dawid firii hɔ kɔɔ Mispe wɔ Moab, na ɔka kyerɛɛ Moabhene sɛ: Mesrɛ wo, ma m’agya ne me na mmɛtena mo nkyɛn nkɔsi sɛ mɛhunu deɛ Onyankopɔn bɛyɛ me ansa.

4 Na ɔgyaa wɔn Moabhene no nkyɛn, na wɔtenaa ne nkyɛn nna a Dawid wɔ bepɔ so atenaeɛ hɔ nyinaa.

5 Na Odiyifoɔ Gad ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Ntena bepɔ so atenaeɛ hɔ, na sim kɔ Yuda asase so. Na Dawid sii mu baa Heret kwaeɛ mu.


Doeg fatwa

6 Na Saulo tee sɛ wɔahunu deɛ Dawid ne nnipa a wɔka ne ho no wɔ. Na Saulo te Gibea, santɛ dua bi ase wɔ kokoɔ so, na ne pea kura ne nsam, na ne nkoa nyinaa gyinagyina ne ho.

7 Na Saulo ka kyerɛɛ n’asomfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Mo Benyaminfoɔ, montie! Yisai ba no nso bɛmema mo nyinaa mfuo ne bobe nturo na ɔde mo nyinaa asisi mpempem so asafohene ne ɔha ha so asafohene?

8 Sɛɛ mo nyinaa moapam me tiri so, na obiara nni hɔ a oyi me asotire, sɛ me ba ne Yisai ba no apam, na mo mu biara nni hɔ a ɔdi me ho ya na ɔyi me asotire sɛ me ba de m’akoa agyina hɔ ne me redi asie, sɛ ɔntɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?

9 Ɛnna Edomni Doeg a ɔno nso gyina Saulo nkoa no nkyɛn no buaa sɛ: Mehunuu Yisai ba no sɛ ɔbaa Nob, Ahitub ba Ahimelek nkyɛn

10 na ɔbisaa AWURADE maa no, na ɔmaa no akwansoduane, na ɔde Filistini Goliat nkrantɛ no maa no.

11 Ɛnna ɔhene soma maa wɔkɔhyiaa Ahitub ba Ɔsɔfoɔ Ahimelek ne n’agya fie asɔfoɔ a wɔwɔ Nob no nyinaa, na wɔn nyinaa baa ɔhene nkyɛn.

12 Na Saulo kaa sɛ: Ahitub ba, tie ɛ! Na ɔbuaa sɛ: Menie, me wura.

13 Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Adɛn nti na wo ne Yisai ba no apam me tiri soɔ, na womaa no aduane ne nkrantɛ, na wobisaa Onyankopɔn maa no, sɛ ɔnsɔre me so na ɔntetɛ me sɛdeɛ ɛte nnɛ yi?

14 Na Ahimelek buaa ɔhene sɛ: Na wo nkoa nyinaa mu hwan na ɔyɛ ɔnokwafoɔ sɛ Dawid a ɔyɛ ɔhene ase, na ɔtie w’asɛm, na wɔdi no ni wɔ wo fie?

15 Nnɛ na merefiri aseɛ mabisa Onyankopɔn mama no anaa? Yei mpare me! Mma ɔhene mmfa asɛm bi nnto n’akoa anaa m’agya fie nyinaa so, na w’akoa nnim yeinom nyinaa ho hwee, ketewa oo, kɛseɛ oo!

16 Na ɔhene kaa sɛ: Ahimelek, wuo ara na wobɛwuo, wo ne w’agya fie nyinaa.

17 Na ɔhene ka kyerɛɛ awɛmfoɔ a wɔgyinagyina ne ho no sɛ: Monnanedane mo ho nkum AWURADE asɔfoɔ no, na wɔn nsa nso wɔ Dawid deɛ mu, na wɔnim sɛ ɔredwane, na wɔanyi me asotire. Na ɔhene nkoa no ampɛ sɛ wɔtene wɔn nsa ka AWURADE asɔfoɔ no.

18 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Doeg sɛ: Wo deɛ, dane wo ho na ka asɔfoɔ no. Na Edomni Doeg danee ne ho na ɔkaa asɔfoɔ no kumm mmarima aduɔwɔtwe nnum a wɔhyɛ nwera asɔfotadeɛ da no ara.

19 Na asɔfoɔ kuro Nob nso, ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn; mmarima ne mmaa, mmɔfra ne nkɔkoaa, anantwie ne mfunumu ne nnwan nyinaa na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn.

20 Na Ahitub ba Ahimelek babarima baako a wɔfrɛ no Abiatar firii mu dwane tii Dawid.

21 Na Abiatar ka kyerɛɛ Dawid sɛ Saulo akum AWURADE asɔfoɔ no.

22 Na Dawid ka kyerɛɛ Abiatar sɛ: Da no a na Edomni Doeg wɔ hɔ no na mehunuu sɛ ɛyɛ deɛn ara a, ɔbɛkɔ akɔka akyerɛ Saulo; me na medi w’agya fie akra nyinaa ho so.

23 Tena me nkyɛn, nsuro, na deɛ ɔrehwehwɛ me aku me no ara na ɔrehwehwɛ wo nso aku woɔ. Na me nkyɛn deɛ, wɔbɛhwɛ wo so.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan