Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 17 - New Revised Asante Twi Bible


Dawid kum Goliat

1 Na Filistifoɔ boaboaa wɔn dɔm ano sɛ wɔrebɛdi ako, na wɔbɛboaa wɔn ano Soko a ɛyɛ Yuda dea no, na wɔbɛkyeree nsraban Soko ne Aseka ntam wɔ Efes-damim.

2 Na Saulo ne Israel mmarima boaboaa wɔn ano na wɔkɔkyeree nsraban Ela bonhwa mu, na wɔtwitwaa mpasua sɛ wɔne Filistifoɔ rehyia akɔko.

3 Na Filistifoɔ gyina bepɔ so ɔfa ha, na Israel nso gyina bepɔ so ɔfa ha, na bonhwa da wɔn ntam.

4 Na ɔbarima katakyie bi firi Filistifoɔ nsram firii adi, a ne din de Goliat a ɔfiri Gat, na ne tentene yɛ basafa mmiɛnsa ne saama.

5 Na kɔbere mfrafraeɛ kyɛ hyɛ ne ti, na ɔhyɛ kɔbere mfrafraeɛ abono akotadeɛ, a n’akotadeɛ no mu duro yɛ nnwetɛbena mpemnum.

6 Na kɔbere mfrafraeɛ nkataho kata ne nan ho, na kɔbere mfrafraeɛ pɛmɛ wɔ ne mmatiri so.

7 Na ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua, na ne pea ti kari dadeɛ nnwetɛbena ahansia; na ɛkyɛmkurani di n’anim.

8 Na ɔbɛgyinaa hɔ teaa mu frɛɛ Israel mpasua ka kyerɛɛ wɔn sɛ: Adɛn na moafiri aba mpasua so rebɛko yi? Menyɛ Filistini na mo nso moyɛ Saulo nkoa? Monyi mo mu ɔbarima bi, na ɔnsiane mmra me nkyɛn.

9 Sɛ ɔtumi ne me ko na ɔku me a, ɛnneɛ yɛbɛyɛ mo nkoa; na sɛ me nso metumi no, na meku no a, ɛnneɛ monyɛ yɛn nkoa na monsom yɛn.

10 Na Filistini no kaa sɛ: Me deɛ, meretwa Israel mpasua poa nnɛ da yi, momma me ɔbarima bi na yɛnko.

11 Na Saulo ne Israel nyinaa tee Filistini no nsɛm yi no, wɔn akoma tui, na wɔsuroo pa ara.

12 Nso Dawid yɛ Efratini a ɔfiri Betlehem Yuda a wɔfrɛ no Yisai a ɔwɔ mmammarima baawɔtwe no ba. Na Saulo nna no mu na ɔbarima no abɔ akora a ne mfeɛ akɔ anim ara yie.

13 Na Yisai mma mpanin baasa dii Saulo akyi kɔɔ ɔsa no; na ne mma baasa a wɔkɔɔ ɔsa no din nie: Abakan Eliab ne n’akyiriba Abinadab ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa Sama.

14 Na Dawid deɛ, na ɔno ne akumaa, na mpanimfoɔ baasa no dii Saulo akyiri kɔeɛ;

15 na Dawid deɛ, ɛyɛ a, ɔfiri Saulo nkyɛn sane kɔhwɛ n’agya nnwan wɔ Betlehem.

16 Na adaduanan, na Filistini no firi bɛgyina hɔ anɔpatutu ne anwummerɛ biara de ne ho kyerɛ.

17 Na Yisai ka kyerɛɛ ne ba Dawid sɛ: Fa wo nuanom nnoɔma yi, nkyeweɛ efa yi ne paanoo du yi, tu mmirika kɔ nsraban no mu kɔma wo nuanom;

18 na fa nufosuo a akyenkyen mua du yi kɔma apem so safohene no, na hwɛ sɛdeɛ wo nuanom ho teɛ, na fa wɔn ho biribi bra.

19 Nso na Saulo ne wɔn ne Israel mmarima nyinaa na ɛwɔ Ela bonhwa no mu ne Filistifoɔ reko.

20 Na Dawid sɔree anɔpahema gyaa nnwan no hyɛɛ ɔhwɛfoɔ nsa, na ɔsoa kɔeɛ, sɛdeɛ Yisai hyɛɛ no no; na ɔkɔduruu nteaseɛnam aboaeɛ; na ɛdɔm no refiri adi akɔ mpasua mu na wɔbɔɔ ɔko no ho se,

21 na Israel ne Filistifoɔ atwitwa mpasua a ɛdɔm kyerɛ dɔm anim.

22 Ɛnna Dawid gyaa ne nnoɔma a na ɔkura no hyɛɛ nnoɔma so hwɛfoɔ nsa, na ɔtuu mmirika kɔɔ mpasua no mu na ɔkɔkyeaa ne nuanom no.

23 Na ɔne wɔn rekasa no, hwɛ, Filistini katakyie a wɔfrɛ no Goliat a ɔfiri Gat no, firi Filistifoɔ mpasua mu bae, na ɔbɛkekaa nsɛm no ara, na Dawid teeɛ.

24 Na Israel mmarima no nyinaa, wɔhunu ɔbarima no a, wɔdwanedwane firi n’anim, na wɔsuro sɛ.

25 Na Israel mmarima no kekaa sɛ: Sɛ moahunu ɔbarima a ɔreforo aba yi? Israel ara na waba rebɛtwa wɔn poa; na onii ko a ɔbɛku no no, ɔhene bɛma no anya ne ho sɛ, na ɔde ne babaa bɛma no aware, na wama n’agya fie ade wɔn ho wɔ Israel.

26 Na Dawid ka kyerɛɛ mmarima a wɔne no gyina hɔ no sɛ: Ɛdeɛn na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku Filistini yi na wayi ahohora afiri Israel soɔ no? Na hwan mpo ne Filistini momonoto yi a ɔtwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa yi?

27 Na nkurɔfoɔ no kaa saa asɛm no ara kyerɛɛ no sɛ: Sɛɛ na wɔbɛyɛ onipa a ɔbɛku no no.

28 Na ne nua panin Eliab tee sɛ ɔne mmarima no rekasa; na Eliab bo fuu Dawid kaa sɛ: Adɛn nti na wosiane baa ha? Na hwan na wogyaa nnwan kakra a wɔwɔ wiram no hyɛɛ ne nsa? Me deɛ, menim w’aniɛden ne w’akoma mu bɔne dada sɛ ɔko no hwɛ nti na wosiane baeɛ.

29 Na Dawid se: Na mayɛ dɛn? Ɛnyɛ asɛm bi ntira?

30 Na ɔdanee ne ho firii ne nkyɛn kyerɛɛ obi, na ɔkaa saa asɛm no ara; na nkurɔfoɔ no de akane asɛm no ara buaa no.

31 Na wɔtee Dawid nsɛm a ɔkaeɛ no, wɔde kɔtoo Saulo anim, na ɔmaa wɔkɔfaa no baeɛ.

32 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Mma ne ho nnyɛ obiara akomatuo; w’akoa bɛkɔ akɔne Filistini yi ako.

33 Na Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Wontumi nkɔ nkɔne Filistini no nko, ɛfiri sɛ wo deɛ, woyɛ abɔfra, na ɔno deɛ, ɔyɛ ɔbarima kofoni firi ne mmɔfraase.

34 Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: W’akoa rehwɛ n’agya nnwan na sɛ gyata ne sisire ba bɛkyere adwammaa firi ekuo no mu a,

35 mefiri adi meti no mekɔbɔ no, na meyi no mefiri n’anomu; na sɛ ɔsɔre tia me a, mesɔ ne bɔgyesɛ mu mebɔ no meku no.

36 W’akoa akum gyata ne sisire nyinaa, na Filistini momonoto yi nyɛ sɛ wɔn mu baako, sɛ watwa Onyankopɔn teasefoɔ mpasua poa.

37 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE a ɔyii me gyata ne sisire nsam no, ɔno ara bɛyi me Filistini yi nsam. Ɛnna Saulo ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Kɔ, na AWURADE bɛdi w’akyi.

38 Na Saulo de ne ntadeɛ hyɛɛ Dawid na ɔde kɔbere mfrafraeɛ kyɛ soaa no, na ɔde nkataboɔ hyɛɛ no.

39 Na Dawid de ne nkrantɛ bɔɔ n’atadeɛ no so, na ɔde nante hwɛe; ɛfiri sɛ na ɔnnya nsɔ nhwɛe. Na Dawid ka kyerɛɛ Saulo sɛ: Merentumi mfa yeinom nkɔ, ɛfiri sɛ mensɔ menhwɛe da; na Dawid yi firii ne ho.

40 Na ɔfaa ne poma kuraa ne nsam, na ɔyii mmoseaa a akokwa nnum firii subɔn no mu de guu ne nnwanhwɛfoɔ kotokuo ne bɔtɔ mu; na ɔkuraa ne ntɔmmoɔ ne nsam, na ɔtwe pinii Filistini no.

41 Na Filistini no nso nam reba, na ɔtwe pinii Dawid; na ɔbarima a ɔso kyɛm no di n’anim.

42 Na Filistini no totoo n’ani na ɔhunuu Dawid no, ɔbuu no animtia; ɛfiri sɛ ɔyɛ abɔfra, na ɔbere, na ne ho nso yɛ fɛ.

43 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Meyɛ kraman na wode mpoma reba me nkyɛn yi? Na Filistini no frɛɛ ne nyame domee Dawid.

44 Na Filistini no ka kyerɛɛ Dawid sɛ: Bra me nkyɛn na memfa wo nam memma ewiem nnomaa ne wiram mmoa.

45 Ɛnna Dawid ka kyerɛɛ Filistini no sɛ: Wo deɛ, wode nkrantɛ ne pea ne pɛmɛ na ɛreba me so, na me deɛ, mede asafo AWURADE, Israel mpasua a woatwa wɔn poa no Nyankopɔn din na mereba wo so.

46 Ɛnnɛ da yi AWURADE de wo bɛhyɛ me nsa, na maku wo, na matwa wo tiri afiri so, na mede Filistifoɔ dɔm afunu mama ewiem nnomaa ne asase so mmoadoma nnɛ ara, na asase nyinaa ahunu sɛ Onyankopɔn bi wɔ Israel,

47 na badwa yi nyinaa nso ahunu sɛ ɛnyɛ nkrantɛ ne pea na AWURADE de gye nkwa, ɛfiri sɛ ɔko no yɛ AWURADE dea, na ɔde mo bɛhyɛ yɛn nsa.

48 Na ɛbaa sɛ, Filistini no sɔree sɛ ɔreba abɛhyia Dawid no, Dawid yɛɛ ntɛm tuu mmirika kɔɔ mpasua no so kɔhyiaa Filistini no.

49 Na Dawid tenee ne nsa hyɛɛ kotokuo no mu yii ɔboɔ wɔ mu, na ɔtoo ntɔmmoɔ no bɔɔ Filistini no moma so, na ɔboɔ no hyɛnee ne tirim, na ɔhwee ase maa n’anim butuu fam.

50 Saa na Dawid de ntɔmmoɔ ne ɔboɔ faa Filistini no soɔ, na ɔbɔɔ Filistini no kumm no, nanso na nkrantɛ biara nkura Dawid nsam.

51 Enti Dawid tutuu mmirika kɔgyinaa Filistini no so, na ɔsɔɔ ne nkrantɛ mu twe firii bɔha mu, na ɔkumm no, na ɔde twaa ne ti. Na Filistifoɔ no hunuu sɛ wɔn brane awuo no, wɔdwaneeɛ.

52 Ɛnna Israel ne Yuda mmarima sɔre bɔɔ ose na wɔtii Filistifoɔ no kɔduruu Gai ne Ekron apono akyi. Na Filistifoɔ apirafoɔ no totɔɔ Saaraim kwan so de kɔduruu Gat ne Ekron.

53 Na Israelfoɔ no sane firii Filistifoɔ no akyiridie ne pamo denden no mu, na wɔbɛfomm wɔn nsraban no faeɛ.

54 Na Dawid faa Filistini no ti, na ɔde baa Yerusalem; na n’akodeɛ deɛ, ɔde guu ne ntomadan mu.

55 Na Saulo hunuu Dawid sɛ ɔrefiri adi akɔhyia Filistini no no, ɔka kyerɛɛ ne safohene Abner sɛ: Abner, hwan ba ne aberanteɛ yi? Na Abner se: Ɔhene, sɛ wo kra te aseɛ yi, mennim.

56 Na ɔhene se: Wo deɛ, bisa onii ko a ne ba ne akwankwaa yi.

57 Na Dawid firi Filistini no kum resane aba no, Abner faa no de no baa Saulo anim, na Filistini no tiri no kura ne nsam.

58 Na Saulo ka kyerɛɛ no sɛ: Aberanteɛ, hwan ba ne wo? Na Dawid buaa sɛ: W’akoa Yisai, Betlehemni no ba ne me.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan