Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Samuel 16 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔsra Dawid si no hene

1 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Wobɛgyam Saulo akɔsi da bɛn? Na me deɛ, mapo no sɛ ɔnnni Israel so hene. Fa ngo hyɛ w’abɛn ma, na bra ma mensoma wo Betlehemni Yisai nkyɛn, ɛfiri sɛ ne mma mu na mayi ɔhene mafa.

2 Na Samuel se: Mɛyɛ dɛn makorɔ? Na Saulo te a, ɔbɛku me. Na AWURADE se: Fa nantwie ba kura na kɔka sɛ: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE.

3 Na frɛ Yisai bra afɔdeɛ no ho, na me ara mɛkyerɛ wo deɛ yɛ, na sra deɛ mɛka makyerɛ woɔ no ma me.

4 Na Samuel yɛɛ sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, na ɔkɔɔ Betlehem. Na kuro no mu mpanimfoɔ de ahopopoɔ bɛhyiaa no bisaa no sɛ: Woaba no asomdwoeɛ mu anaa?

5 Na ɔse: Asomdwoeɛ mu: Mebaa sɛ merebɛbɔ afɔdeɛ ama AWURADE; monnwira mo ho na mo ne me nkɔ afɔdeɛ no ho. Na ɔdwiraa Yisai ne ne mma no ho, na ɔfrɛɛ wɔn baa afɔdeɛ no ho.

6 Na wɔbaa mu no, ɔhunuu Eliab, na ɔse: Ampa, deɛ AWURADE asra no no na ɔwɔ n’anim yi.

7 Na AWURADE ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Nhwɛ ne ho tebea ne ne nipadua tenteneyɛ, na mempɛ no; na menhwɛ deɛ onipa hwɛ, na onipa hwɛ deɛ ɛtua aniwa, na AWURADE deɛ, ɔhwɛ akoma mu.

8 Ɛnna Yisai frɛɛ Abinadab maa no twaa mu Samuel anim. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.

9 Na Yisai maa Sama twaa mu. Na ɔse: Oyi nso, AWURADE mfaa no.

10 Na Yisai maa ne mma baason bɛtwaa mu Samuel anim. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: AWURADE nyii yeinom.

11 Na Samuel bisaa Yisai sɛ: Mmeranteɛ no nyinaa nie? Na ɔse: Aka akumaa no, na hwɛ, ɔrehwɛ nnwan. Na Samuel ka kyerɛɛ Yisai sɛ: Soma ma wɔnkɔfa no mmra, na yɛrentena ase gye sɛ waba ha ansa.

12 Na ɔsoma maa wɔkɔfaa no baeɛ. Nso na ɔbere, na n’animma yɛ fɛ, na ne ho nso yɛ fɛ. Na AWURADE kaa sɛ: Sɔre sra no, na ɔno ara nie.

13 Ɛnna Samuel faa ngo abɛn no, na ɔsraa no ne nuanom mu. Na AWURADE honhom sii Dawid so, ɛfiri da no ara de rekorɔ no. Ɛnna Samuel sɔre baa Rama.


Dawid ba Saulo ahemfie

14 Na AWURADE honhom firii Saulo ho, na honhommɔne firi AWURADE nkyɛn bɛhaa no.

15 Na Saulo nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ ɛ, honhommɔne bi a ɛfiri Nyankopɔn nkyɛn na ɛreha woɔ yi.

16 Ma yɛn wura nka nkyerɛ wo nkoa a wɔwɔ w’anim yi, na wɔnkɔhwehwɛ obi a ɔnim sankuo bɔ, na sɛ honhommɔne no firi Nyankopɔn nkyɛn ba wo so a, ɔde ne nsa abɔ ama wo ho atɔ wo.

17 Na Saulo ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Monhwehwɛ obi a ɔnim bɔ yie mma me ɛ, na momfa no mmrɛ me.

18 Na mmeranteɛ no mu baako buaa sɛ: Hwɛ, mahunu Betlehemni Yisai ba bi a ɔnim bɔ, ɔyɛ ɔbarima a ɔtumi ne ho ne ɔkofoni, na ɔhunu nsɛm mu, na ne ho nso yɛ fɛ, na AWURADE di n’akyi.

19 Na Saulo somaa abɔfoɔ maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Ma wo ba Dawid a ɔwɔ nnwan ho no mmra me nkyɛn.

20 Na Yisai faa afunumu de paanoo ne nsa kotokuo ma, ne ɔpapo soaa no, na ɔde somaa ne ba Dawid kɔmaa Saulo.

21 Na Dawid baa Saulo nkyɛn, na ɔbɛyɛɛ ne somfoɔ. Na Saulo dɔɔ no sɛ, na ɔde no yɛɛ n’akodeɛkurani.

22 Na Saulo soma maa wɔkɔɔ Yisai nkyɛn kɔkaa sɛ: Mesrɛ wo, ma Dawid nsom me, na wanya m’anim adom.

23 Na ɛbaa sɛ, sɛ honhom no firi Nyankopɔn nkyɛn ba Saulo so a, na Dawid afa sankuo na ɔde ne nsa abɔ, na Saulo ho adwo no, na ne ho atɔ no, na honhommɔne no afiri ne so kɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan