1 Samuel 12 - New Revised Asante Twi BibleSamuel bɔ ɔman no soboɔ 1 Na Samuel ka kyerɛɛ Israel nyinaa sɛ: Hwɛ, matie mo, sɛdeɛ moka kyerɛɛ me no nyinaa, na masi mo so hene. 2 Na afei, hwɛ, ɔhene no na ɔdi mo anim yi. Na me deɛ, mabɔ akora na mafu dwono, na me mma nso, hwɛ, wɔne mo na ɛwɔ hɔ; na me deɛ, mefiri me mmɔfraase na manante mo anim mabɛduru nnɛ da yi. 3 Hwɛ, menie, monni me adanseɛ AWURADE ne deɛ wasra no yi anim, hwan nantwie na mafa? Na hwan afunumu na mafa? Na hwan na madi no amim? Na hwan na mahyɛ ne soɔ anaa hwan hɔ na magye adanmudeɛ na mede mamua m’ani mama no? Na mennane memma mo. 4 Na wɔse: Wonnii yɛn amim, na wonhyɛɛ yɛn so, na wonnyee obiara hɔ biribiara. 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: AWURADE ne mo danseni, na deɛ wasra no yi ne ɔdanseni nnɛ, sɛ moanhunu biribiara me nsam. Na wɔkaa sɛ: Ɔne danseni. 6 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Ɛyɛ AWURADE a ɔyii Mose ne Aaron na ɔde mo agyanom firii Misraim asase so bae no. 7 Na afei mommɛgyina ha, na memmɔ mo soboɔ AWURADE anim, AWURADE teneneedeɛ a wayɛ ama mo ne mo agyanom nyinaa ho: 8 Ɛberɛ a Yakob kɔɔ Misraim na Misraimfoɔ hyɛɛ wɔn soɔ no, mo agyanom su frɛɛ AWURADE, na AWURADE somaa Mose ne Aaron na wɔyii mo agyanom firii Misraim maa wɔbɛtenaa ha yi. 9 Nanso wɔn werɛ firii AWURADE wɔn Nyankopɔn, na ɔtɔn wɔn hyɛɛ Hasor sahene Sisera nsa ne Filistifoɔ nsa ne Moabhene nsa, na wɔne wɔn bɛkoe. 10 Na wɔsu frɛɛ AWURADE sɛ: Yɛayɛ bɔne sɛ yɛagya AWURADE hɔ akɔsom Baalim ne Astarot, na afei yi yɛn firi yɛn atamfoɔ nsam, na yɛbɛsom wo. 11 Na AWURADE somaa Yerubaal, Bedan, Yefta ne Samuel, na ɔyii mo firi mo atamfoɔ nsam hyia maa motenaa ase dwoodwoo. 12 Na mohunuu sɛ Amonfoɔ hene Nahas reba mo soɔ no, moka kyerɛɛ me sɛ: Dabi, na ɔhene mmɛdi yɛn so, berɛ a na AWURADE mo Nyankopɔn ne mo hene. 13 Na afei, hwɛ, ɔhene a moyiiɛ a mosrɛɛ no no nie, na hwɛ, AWURADE asi mo so hene. 14 Sɛ mosuro AWURADE na mosom no na motie no, na moante AWURADE anomu asɛm so atua na mo ne ɔhene a ɔdi mo soɔ no nyinaa redi AWURADE mo Nyankopɔn akyi a, anka ɛyɛ. 15 Na sɛ moantie AWURADE na mote AWURADE anomu asɛm so atua a, ɛnneɛ AWURADE nsa bɛda mo so sɛdeɛ ɛdaa mo agyanom soɔ no. 16 Afei nso mommɛgyina ha nhwɛ adeɛ kɛseɛ a AWURADE rebɛyɛ mo anim yi. 17 Ɛnyɛ ayuotwa berɛ ne nnɛ? Mɛfrɛ AWURADE na wama aprannaa ne osuo aba, na moahwɛ ahunu sɛ mo bɔne a moayɛ AWURADE anim ne sɛ moabisa ɔhene afa no so. 18 Ɛnna Samuel frɛɛ AWURADE, na AWURADE maa aprannaa ne osuo baa da no. Na ɔman no nyinaa suroo AWURADE ne Samuel sɛ. 19 Na ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: Bɔ AWURADE wo Nyankopɔn mpaeɛ ma wo nkoa, na yɛanwu, ɛfiri sɛ yɛde bɔne yi aka yɛn bɔne nyinaa ho, sɛ yɛabisa ɔhene afa. 20 Na Samuel ka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Monnsuro; moayɛ bɔne yi nyinaa deɛ, nanso AWURADE akyi na monnsane mmfire, na momfa mo akoma nyinaa nsom AWURADE. 21 Na mommmane nnkɔdi ade hunu a mfasoɔ ne ɛgyeɛ nni ho no akyi, na ɛyɛ ade hunu. 22 Na AWURADE din kɛseɛ no nti ɔrempa ne man, na ɛsɔ AWURADE ani sɛ ɔde mo bɛyɛ ne man; 23 me nso, ɛmpare me sɛ mɛgyae mo ho mpaebɔ de ayɛ AWURADE bɔne; na mɛkyerɛ mo kwan pa a ɛtene no. 24 Suro nko na monsuro AWURADE, na momfa mo akoma nyinaa nsom no nokorɛ mu. Na monhwɛ adeɛ kɛseɛ a wayɛ ama mo no. 25 Na sɛ bɔne ara na mobɛyɛ a, ɛnneɛ wɔbɛsesa mo ne mo hene nyinaa akɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012