1 Mose 37 - New Revised Asante Twi BibleYosef ne ne nuanom 1 Na Yakob tenaa asase a n’agya yɛɛ so hɔhoɔ a ɛne Kanaan asase no so. 2 Na yei ne Yakob abusua ho abakɔsɛm: Yosef dii mfirinhyia dunson no, ɔne ne nuanom kɔhwɛɛ nnwan; na aberantewaa no ne n’agya yerenom Bilha ne Silpa mma na ɛwɔ hɔ. Na Yosef bɛka wɔn ho asɛmmɔne kyerɛ n’agya. 3 Na ɛsiane sɛ Yosef yɛ ne nkɔkoraaberɛ mu ba nti, na Israel dɔ no sene ne mma nyinaa; enti ɔpam batakari fɛfɛ bi maa no. 4 Na ne nuanom hunuu sɛ wɔn agya dɔ no sene wɔn nyinaa no, wɔtanee no, na wɔmfa abodwoɔ ne no nkasa. 5 Na Yosef soo daeɛ, na berɛ a ɔka kyerɛɛ ne nuanom no, wɔtanee no senee akane no. 6 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Montie daeɛ a maso yi: 7 Na hwɛ, na yɛrekyekyere ayuo afiafi wɔ afuom. Na m’afi no sɔre gyinaa kyirebenn, na hwɛ, mo afiafi no twaa m’afi ho hyiae, na ɛrekoto m’afi no. 8 Na ne nuanom ka kyerɛɛ no sɛ: Kyerɛ sɛ worebɛdi yɛn so hene anaasɛ worebɛdi yɛn so tumi? Na ne daeɛ ne ne nsɛm no nti wɔkɔɔ so tanee no bebree. 9 Na ɔsoo daeɛ foforɔ bio, na ɔka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Hwɛ, maso daeɛ bio, na hwɛ, owia ne ɔsrane ne nsoromma dubaako akoto me. 10 Na ɔka kyerɛɛ n’agya ne ne nuanom no, n’agya kaa n’anim sɛ: Daeɛ bɛn na woaso yi? Kyerɛ sɛ, me ne wo na ne wo nuanom bɛba abɛkoto fam wɔ w’anim? 11 Na ne nuanom ani beree no; na n’agya deɛ, ɔde nsɛm no siee. Wɔtɔn Yosef ma wɔde no kɔ Misraim 12 Na ne nuanom de wɔn agya nnwan kɔɔ adidie wɔ Sekem. 13 Na Israel ka kyerɛɛ Yosef sɛ: Sɛ wonim sɛ wo nuanom rewɛn mmoa wɔ Sekem. Bra na mensoma wo wɔn nkyɛn. Na ɔse: Menie. 14 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhwɛ sɛ wo nuanom ne nnwan no ho yɛ anaa; na sane bɛka kyerɛ me. Na ɔsomaa no firii Hebron bonhwa mu, na ɔkɔduruu Sekem. 15 Na ɔbarima bi hunuu no, na hwɛ, na ɔrewɔ wira no mu ntwɛtwɛdɛ. Na ɔbarima no bisaa no sɛ: Worehwehwɛ deɛn? 16 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nuanom na merehwehwɛ wɔn; mesrɛ wo, kyerɛ me faako a wɔrehwɛ wɔn mmoa no. 17 Na ɔbarima no se: Wɔatu ha; na metee sɛ wɔreka sɛ: Momma yɛnkɔ Dotan. Na Yosef tii ne nuanom, na ɔkɔhunuu wɔn wɔ Dotan. 18 Na ne nuanom hunuu no akyirikyiri na ɔnnya nnuruu wɔn nkyɛn no, wɔpamm ne tiri so sɛ wɔbɛku no. 19 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Hwɛ, ɔdaeɛsofoɔ no na ɔreba no. 20 Afei mommra mma yɛnku no mfa no nto mmura yi bi mu, na yɛnka sɛ: Aboa bɔne bi na awe no, na yɛahwɛ deɛ ne daeɛ no bɛyɛ. 21 Na Ruben teeɛ no, ɔgyee no firii wɔn nsam kaa sɛ: Mommma yɛnnku no. 22 Na ɔkaa sɛ: Monnhwie mogya nngu, na momfa no nto ɛserɛ so ha abura yi mu; na mommfa mo nsa nnka no. Ɔreyɛ na anka wayi no afiri wɔn nsam de no asane akɔma n’agya. 23 Na Yosef duruu ne nuanom nkyɛn no, wɔworɔɔ n’atadeɛ ne batakari fɛfɛ a ɔhyɛ no, 24 na wɔde no kɔtoo abura no mu. Nso na abura no da mpan a nsuo nni mu. 25 Na wɔtenaa ase didii. Na wɔmaa wɔn ani so hwɛe, wɔhunuu Ismaelfoɔ akwantufoɔkuo bi a wɔfiri Gilead rekɔ Misraim ne wɔn yoma a wɔsoso hyehwam ne akyenkyennuro ne kurobo sɛ wɔreba. 26 Na Yuda ka kyerɛɛ ne nuanom sɛ: Sɛ yɛkum yɛn nua na yɛsi ne mogya so a, mfasoɔ bɛn na ɛwɔ mu? 27 Mommra mma yɛntɔn no mma Ismaelfoɔ. Mommma yɛmmfa yɛn nsa nnka no, ɛfiri sɛ ɔyɛ yɛn nua ne yɛn mogya. Na ne nuanom no tiee no. 28 Na Midianfoɔ adwadifoɔ bi rebɛsene. Na wɔtwetwee Yosef yii no firii abura no mu, na wɔtɔn no maa Ismaelfoɔ no gyee nnwetɛbena aduonu. Na wɔde Yosef kɔɔ Misraim. 29 Na Ruben sane baa abura no so, na hwɛ, na Yosef nni abura no mu. Na ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, 30 na ɔsane baa ne nuanom nkyɛn bɛkaa sɛ: Abɔfra no nni hɔ, na afei ɛdeɛn na menyɛ? 31 Na wɔfaa Yosef atadeɛ no, na wɔkumm ɔpapo bi, na wɔde atadeɛ no bɔɔ mogya no mu. 32 Na wɔsoma maa wɔde batakari fɛfɛ no brɛɛ wɔn agya bɛkaa sɛ: Yei na yɛahunu, hwɛ sɛ wo ba no atadeɛ ni anaa? 33 Na ɔhwɛeɛ no, ɔkaa sɛ: Ɛyɛ me ba no atadeɛ a! Aboa bɔne bi na awe no, ampa ara wɔatete Yosef mu. 34 Ɛnna Yakob sunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma bɔɔ n’asene, na ɔsuu ne ba no kyɛree. 35 Na ne mmammarima nyinaa ne ne mmammaa nyinaa bae sɛ wɔbɛkyekyere ne werɛ, nanso wamma wɔankyekyere ne werɛ. Na ɔkaa sɛ: Mede awerɛhoɔ yi ara bɛkɔ me ba nkyɛn wɔ Asamando. Na n’agya suu no. 36 Na Midianfoɔ no kɔtɔnee no wɔ Misraim maa Potifar a ɔyɛ Farao piani ne n’ankɔbeafoɔ so panin no. |
The Bible Society of Ghana, 2012