1 Mose 36 - New Revised Asante Twi BibleEsau asefoɔ ( 1 Berɛsosɛm 1.34-37 ) 1 Na yeinom ne Esau (a wɔfrɛ no Edom) awoɔ ntoatoasoɔ: 2 Esau waree Kanaanfoɔ mmaa: Hetini Elon babaa Ada, ne Hewini Sibeon ba Ana babaa Oholibama, 3 ne Ismael babaa Basmat, Nebaiot nuabaa. 4 Na Ada woo Elifas maa Esau, na Basmat woo Reuel. 5 Na Oholibama woo Yeus ne Yalam ne Kora. Yeinom ne Esau mma a wɔwoo wɔn wɔ Kanaan asase soɔ. 6 Na Esau faa ne yerenom ne ne mmammarima ne ne mmammaa ne ne fiefoɔ nyinaa ne ne mmoa ne n’anantwie nyinaa ne n’ahonyadeɛ a ɔnyaeɛ wɔ Kanaan asase soɔ nyinaa, na ɔfirii ne nua Yakob ho kɔɔ asase bi so, 7 ɛfiri sɛ wɔn ahonyadeɛ dɔɔso sene deɛ wɔde tena faako, na asase a wɔyɛ so ahɔhoɔ no, wɔn mmoa dodoɔ nti na wɔnsene so. 8 Esau, a ɔno ara ne Edom no kɔtenaa Seir bepɔ so. 9 Na yeinom ne Edomfoɔ agya Esau a ɔte Seir bepɔ soɔ no awoɔ ntoatoasoɔ: 10 Esau mmammarima din nie: Esau yere Ada ba Elifas, ne Esau yere Basmat ba Reuel. 11 Na Elifas mma ne Teman, Omar, Sefo, Gatam ne Kenas. 12 (Na Timna yɛ Esau ba Elifas mpena, na ɔwoo Amalek maa Elifas.) Yeinom ne Esau yere Ada mma. 13 Na yeinom ne Reuel mma: Nahat, Sera, Sama ne Misa; yeinom ne Esau yere Basmat mma. 14 Na yeinom ne Esau yere Oholibama, Sibeon ba Ana babaa no mma: Ɔwoo Yeus, Yalam ne Kora maa Esau. 15 Yeinom ne Esau mma mu atitire: Esau abakan Elifas mma: Otitire Teman, otitire Omar, otitire Sefo, otitire Kenas, 16 otitire Kora, otitire Gatam, ne otitire Amalek. Yeinom ne Elifas atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Ada mma. 17 Na yeinom ne Esau ba Reuel mma: Otitire Nahat, otitire Sera, otitire Sama, ne otitire Misa. Yeinom ne Reuel atitire wɔ Edom asase so; yeinom ne Esau yere Basmat mma. 18 Na yeinom ne Esau yere Oholibama mma: Otitire Yeus, otitire Yalam, otitire Kora. Yeinom ne Esau yere Oholibama, Ana ba, atitire no. 19 Yeinom ne Esau mma, na yeinom ne wɔn atitire no; (ɔne Edom.) Seir Asefoɔ ( 1 Berɛsosɛm 1.38-42 ) 20 Yeinom ne Horini Seir mma asase no sofoɔ: Lotan, Sobal, Sibeon, Ana, 21 Dison, Eser ne Disan. Yeinom ne Horifoɔ a wɔyɛ Seir mma a na wɔte Edom asase soɔ no atitire. 22 Na Lotan mma ne Hori ne Hemam, na Lotan nuabaa ne Timna. 23 Na yeinom ne Sobal mma: Alwan, Manahat, Ebal, Sefo ne Onam. 24 Na yeinom ne Sibeon mma: Aya ne Ana. Oyi ne Ana a na ɔhwɛ n’agya Sibeon mfunumu no, a ɔhunuu nsuohyeɛ aniwa wɔ ɛserɛ soɔ no. 25 Na yeinom ne Ana mma: Dison ne Oholibama, a ɔyɛ Ana babaa. 26 Na yeinom ne Dison mma: Hemdan, Esban, Itran ne Keran. 27 Yeinom ne Eser mma: Bilhan, Saawan ne Akan. 28 Yeinom ne Disan mma: Us ne Aran. 29 Yeinom ne Horifoɔ atitire: Otitire Lotan, otitire Sobal, otitire Sibeon, otitire Ana, 30 otitire Dison, otitire Eser, otitire Disan. Yeinom ne Horifoɔ atitire sɛdeɛ wɔn mmusua teɛ wɔ Seir asase soɔ. Edom Ahemfo ( 1 Berɛsosɛm 1.43-54 ) 31 Yeinom ne ahemfo a wɔdii Edom asase soɔ ansa na obi redi Israel mma so hene. 32 Na Bela, Beor ba, dii Edomhene, na ne kuro din de Dinhaba. 33 Na Bela wui, na Sera ba Yobab a ɔfiri Bosra bɛdii n’adeɛ. 34 Na Yobab wui, na Husam a ɔfiri Teman asase soɔ no bɛdii n’adeɛ. 35 Na Husam wui, na Bedad ba Hadad a ɔkumm Midian wɔ Moab petee mu no bɛdii n’adeɛ, na ne kuro din de Hawit. 36 Na Hadad wui, na Samla a ɔfiri Masreka bɛdii n’adeɛ. 37 Na Samla wui, na Saulo a ɔfiri Rehobot a ɛda asuo no ho no bɛdii n’adeɛ. 38 Na Saulo wui, na Akbor ba Baal-hanan bɛdii n’adeɛ. 39 Na Akbor ba Baal-hanan wui, na Hadar bɛdii n’adeɛ. Na ne kuro din de Pau, na ne yere din de Mehetabel, Mesahab babaa Matred babaa. 40 Na yeinom ne Esau atitire no din, sɛdeɛ wɔn mmusuakuo, wɔn tenabea ne wɔn din teɛ: Otitire Timna, otitire Alwa, otitire Yetet, 41 otitire Oholibama, otitire Ela, otitire Pinon, 42 otitire Kenas, otitire Teman, otitire Mibsar, 43 otitire Magdiel, otitire Iram. Yeinom ne Edom (a ɔne Esau, Edomfoɔ agya) no atitire, sɛdeɛ wɔn tenabea teɛ wɔ asase a wɔnyaeɛ no soɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012