Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 35 - New Revised Asante Twi Bible


Onyankopɔn hyira Yakob wɔ Betel

1 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sɔre kɔ Betel kɔtena hɔ, na si afɔrebukyia wɔ hɔ ma Onyankopɔn a ɔyii ne ho kyerɛɛ wo ɛda a woredwane afiri wo nua Esau anim no.

2 Ɛnna Yakob ka kyerɛɛ ne fiefoɔ ne wɔn a wɔka ne ho nyinaa sɛ: Montoto anyame ananafoɔ a ɛwɔ mo mu no ngu, na monnwira mo ho, na monsakyera mo ntadeɛ.

3 Na momma yɛnsɔre nkɔ Betel, na menkɔsi afɔrebukyia wɔ hɔ memma Onyankopɔn a m’ahohiahia da ɔtiee me na ɔdii m’akyi wɔ kwan a mekɔeɛ no mu no.

4 Ɛnna wɔde wɔn anyame ananafoɔ a ɛwɔ wɔn nsam nyinaa ne wɔn aso mu nkaa maa Yakob, na ɔde siee dupɔn bi a ɛwɔ Sekem ho no ase.

5 Na wɔsii mu sɛ wɔrekorɔ no, Nyankopɔn ho hu baa nkuro a atwa wɔn ho ahyia no so, na wɔanti Yakob mma no.

6 Na Yakob ne nkurɔfoɔ a wɔka ne ho nyinaa duruu Lus a ɛwɔ Kanaan asase soɔ (a ɛne Betel).

7 Na ɔsii hɔ afɔrebukyia, na ɔfrɛɛ hɔ: El-betel, ɛfiri sɛ da a ɔredwane afiri ne nua anim no, ɛhɔ na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ no.

8 Na Rebeka abaawa panin Debora wui, na wɔsiee no Betel aseɛ fam wɔ odum bi ase, na ɔtoo dua no din Alon-bakut.

9 Na Onyankopɔn yii ne ho kyerɛɛ Yakob bio, ne ba a ɔfirii Mesopotamia baeɛ no mu, na ɔhyiraa no.

10 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Wo din de Yakob, nanso wɔremfrɛ wo Yakob bio, na mmom Israel ne wo din; na ɔtoo no din Israel.

11 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Mene Onyankopɔn Tweaduampɔn, dɔre na yɛ bebree; ɔman ne aman asafo bɛfiri wo mu aba, na ahemfo firi w’asene mu bɛba.

12 Na asase a mede mama Abraham ne Isak no, wo na mede bɛma woɔ; na w’asefoɔ a wɔbɛdi w’akyire no na mede asase no bɛma wɔn.

13 Na Onyankopɔn firii ne nkyɛn wɔ deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ kɔɔ ɔsoro.

14 Na Yakob de odum sii deɛ ɔne no kasaeɛ hɔ, ɔboɔ dum, na ɔhwiee ɔnom afɔdeɛ guu so, na ɔde ngo guu so.

15 Na Yakob frɛɛ deɛ ɔne Onyankopɔn kasaeɛ hɔ Betel.


Rahel wuo

16 Na wɔtutu firi Betel kɔe. Na aka kwan tiaa bi na wɔaduru Efrat no, awoɔ kaa Rahel, na awoɔ no denee no.

17 Na n’awoɔ mu yɛɛ den no, awogyefoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, na yei nso wobɛwo ɔbabarima.

18 Na ne kra refiri ne mu na ɔreyɛ awuo no, ɔtoo no din Ben-oni, na n’agya deɛ, ɔfrɛɛ no Benyamin.

19 Na Rahel wui, na wɔsiee no ɛkwan a ɛde Efrat (a ɛne Betlehem) no nkyɛn.

20 Na Yakob sii ne da so dum, ɛne Rahel da so dum de bɛsi nnɛ.

21 Na Israel tutu kɔsii ne ntomadan wɔ Eder abantenten akyiri nohoa.

22 Na ɛbaa sɛ Israel te asase no soɔ no, Ruben ne n’agya abaawayerɛ Bilha kɔdae, na Israel tee.


Yakob mmammarima
( 1 Berɛsosɛm 2.1-2 )

23 Nso Yakob mmammarima yɛ dummienu: Lea mma ne Ruben (Yakob abakan), Simeon, Lewi, Yuda, Isakar ne Sebulon.

24 Rahel mma ne Yosef ne Benyamin.

25 Na Rahel abaawa Bilha mma ne Dan ne Naftali.

26 Na Lea abaawa Silpa mma ne Gad ne Aser. Yeinom ne Yakob mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Mesopotamia.


Isak wuo

27 Na Yakob baa n’agya Isak nkyɛn wɔ Mamre, wɔ Kiriat-arba (a ɛne Hebron), deɛ Abraham ne Isak tenaeɛ sɛ ahɔhoɔ no.

28 Na Isak nna nyinaa yɛ mfirinhyia ɔha aduɔwɔtwe.

29 Na Isak gyaa ne honhom mu, na ɔwui, na ɔtii ne nananom wɔ asamando, berɛ a na wabɔ akora, na nna amee no. Na ne mma Esau ne Yakob siee no.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan