Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 31 - New Revised Asante Twi Bible


Yakob dwane firi Laban nkyɛn

1 Na ɔtee Laban mmammarima nsɛm a wɔkaeɛ no sɛ: Yakob afa deɛ ɛyɛ yɛn agya deɛ nyinaa; na ɛno na ɔde anya saa agyapadeɛ yi nyinaa.

2 Na Yakob hunuu Laban anim, na hwɛ, ɛnte no sɛdeɛ na ɛteɛ kane no.

3 Na AWURADE ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Sane kɔ wo nananom asase so ne w’abusua mu, na mɛdi w’akyi.

4 Na Yakob soma maa wɔkɔfrɛɛ Rahel ne Lea baa wiram wɔ ne nnwan no nkyɛn,

5 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mehunu mo agya anim sɛ ɛnte me sɛdeɛ na ɛteɛ kane no; nanso m’agya Nyankopɔn adi m’akyi.

6 Na mo ara monim sɛ m’ahoɔden nyinaa na mede masom mo agya,

7 na mo agya asisi me, adane m’akatua ani mprɛdu; nanso Onyankopɔn amma no kwan amma no anyɛ me bɔne biara.

8 Sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ ntokontrama no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo ntokontrama. Na sɛ ɔka sɛ: Wɔn a wɔn ho yɛ nsensannsensan no nyɛ w’akatua a, na nnwan no nyinaa awowo nsensannsensan.

9 Na Onyankopɔn agye mo agya mmoakuo ama me.

10 Na berɛ a mmoa no refoforo wɔn ho na wɔanyinsɛn no, memaa m’ani so na mehunui wɔ daeɛ mu, na hwɛ, mpapo a na wɔforo mmirekyie no, wɔn ho yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan.

11 Na Nyankopɔn bɔfoɔ ka kyerɛɛ me daeɛ mu sɛ: Yakob! Na mese: Menie.

12 Na ɔse: Ma w’ani so hwɛ, adwennini no a wɔreforo nnwan no nyinaa yɛ nsensannsensan ne ntokontrama ne nworonnworan: Ɛfiri sɛ mahunu deɛ Laban ayɛ woɔ nyinaa.

13 Mene Nyankopɔn a wohyiaa no Betel faako a wosraa ɛhɔ dum na wohyɛɛ bɔ maa me no; afei sɔre firi asase yi so, na sane kɔ w’abusua asase so.

14 Na Rahel ne Lea bua see no sɛ: Yɛda so wɔ kyɛfa anaasɛ agyapadeɛ bi wɔ yɛn agya fie anaa?

15 Ɔmmu yɛn ahɔhoɔ anaa? Ɛsiane sɛ watɔn yɛn, na wadi yɛn tiri sika awie,

16 na ahonyadeɛ a Onyankopɔn gyee yɛn agya nsam no yɛ yɛn ne yɛn mma dea. Enti afei yɛ deɛ Onyankopɔn aka akyerɛ woɔ nyinaa.


Yakob dwane firi Laban anim

17 Na Yakob sɔre faa ne mma ne ne yerenom tenatenaa yoma so,

18 na ɔfaa ne mmoakuo nyinaa ne n’ahodeɛ a ɔnyaeɛ nyinaa ne mmoakuo a ɔnyaeɛ wɔ Mesopotamia no nyinaa sii mu sɛ ɔrekɔ n’agya Isak nkyɛn wɔ Kanaan asase so.

19 Na Laban kɔ rekɔtwitwa ne nnwan ho nwi. Na Rahel wiaa n’agya abusua honi.

20 Na Yakob wiaa ne ho dwanee, ɛfiri sɛ wankra Aramni Laban.

21 Na ɔne deɛ ɔwɔ nyinaa dwanee, na ɔsɔre twaa asubɔnten no, na ɔde n’ani kyerɛɛ Gilead bepɔ.


Laban ti Yakob

22 Na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, wɔkɔka kyerɛɛ Laban sɛ Yakob adwane.

23 Na Laban faa ne nkurɔfoɔ kaa ne ho tii no nnanson kwan, na ɔbɛtoo no Gilead bepɔ so.

24 Na Onyankopɔn baa Aramni Laban nkyɛn anadwo daeɛ mu sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.

25 Na Laban kɔtoo Yakob. Na Yakob asi ne ntomadan wɔ bepɔ no so, na Laban ne ne nkurɔfoɔ nso sii wɔn deɛ Gilead bepɔ so.

26 Na Laban bisaa Yakob sɛ: Ɛdeɛn na woayɛ yi, sɛ woawia wo ho adwane me, na woasoa me mmammaa kɔ sɛ wɔn a wɔde nkrantɛ afa wɔn nnommum yi?

27 Adɛn nti na woahunta adwane, na woawia wo ho afiri me nkyɛn? Adɛn na woanka ankyerɛ me, na mamfa anigyeɛ ne nnwom, mpintin ne nsankuo mannya wo kwan?

28 Adɛn nti na woamma mamfe me mmammarima ne me mmammaa ano anya wɔn kwan? Yei deɛ, woadi no nkwasea so.

29 Mewɔ tumi sɛ anka me ne mo di no bɔne; nanso nnora anadwo no, mo agya ne Nyankopɔn kasa kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ yie, na woankasa papa anaa bɔne so ankyerɛ Yakob.

30 Na afei deɛ korɔ ara na wopɛ sɛ wokorɔ, ɛfiri sɛ gyina na w’ani agyina w’agya fie; na adɛn nti na woawia m’anyame?

31 Na Yakob bua see Laban sɛ: Na mesuro, ɛfiri sɛ mesusuu sɛ wobɛgye wo mmammaa afiri me nsam.

32 Na deɛ wobɛhunu w’anyame wɔ ne nsa mu no rentena ase. Yɛn nkurɔfoɔ yi anim na hwehwɛ deɛ ɛyɛ wo dea wɔ me nkyɛn, na fa kɔ. Na Yakob nnim sɛ Rahel na ɔwiaeɛ.

33 Na Laban kɔɔ Yakob ntomadan mu ne Lea ntomadan ne mfenaa baanu no ntomadan mu, nanso wanhunu. Na ɔfiri Lea ntomadan mu kɔɔ Rahel ntomadan mu.

34 Na Rahel afa abusua honi no de ahyehyɛ yoma so adwa mu atena so. Na Laban de ne nsa kekaa ntomadan mu hɔ nyinaa, nanso wanhunu.

35 Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Mma no nnyɛ me wura abufuo sɛ mentumi mensɔre wɔ w’anim, ɛfiri sɛ mabu me nsa. Na ɔpɛe pɛe pɛe, nanso wanhunu ahoni no.

36 Na Yakob bo fui, na ɔne Laban hamee, na Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Me mfomsoɔ ne sɛn, na me bɔne ne sɛn na wosa me yerɛdɛdɛdɛdɛ yi?

37 Na wobɛhwehwɛɛ me nnoɔma mu nyinaa yi, wo fie mu adeɛ bɛn na woahunu wɔ mu? Saa! Fa bɛto me nkurɔfoɔ ne wo nkurɔfoɔ anim wɔ ha, na wɔmmu yɛn baanu ntam atɛn.

38 Mfirinhyia aduonu ni a metenaa wo nkyɛn, wo nnwammereɛ ne wo mmirekyie ampɔn, na wo nnwan mu adwennini nso, manni bi.

39 Wɔn a mmoa kumm wɔn no mamfa mammrɛ wo, me na metuaa so ka. Deɛ wɔwiaa no awia ne deɛ wɔwiaa no anadwo, me nsa mu na wobisaeɛ.

40 Sɛ ɛyɛɛ me nie: Ahuhuro dee me awia, na awɔ dee me anadwo, na m’ani soroe.

41 Saa na medii wo fie mfirinhyia aduonu. Wo mmammaa baanu ho mesom wo mfeɛ dunan, ne wo mmoakuo ho nso mfeɛ nsia, na wodanee m’akatua ani mprɛdu.

42 Sɛ m’agya Nyankopɔn, Abraham Nyankopɔn, ne Isak suro annyina m’akyiri a, anka afei wogyaa me kwan nsapan. Me brɛ ne me nsa ano adwumayɛ na Onyankopɔn hunuiɛ, na ɔkaa w’anim nnora anadwo.

43 Na Laban bua see Yakob sɛ: Mma mmaa yi, me mma a, na mmammarima yi, me mma a, na nnwan yi, me nnwan a, na deɛ wohunu yi nyinaa, me dea. Na me mmammaa yi, anaasɛ wɔn mma a wɔawo wɔn yi, ɛdeɛn na mɛtumi de ayɛ wɔn nnɛ?

44 Afei bra ma yɛmpam, me ne wo, na ɛnyɛ me ne wo ntam adanseɛ.

45 Na Yakob faa ɔboɔ de yɛɛ odum sii hɔ.

46 Na Yakob ka kyerɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ: Mommoaboa aboɔ ano! Na wɔtasee aboɔ yɛɛ no kuo; na wɔdidii wɔ ekuo no so hɔ.

47 Na Laban frɛɛ hɔ Yegarsahaduta, na Yakob deɛ, ɔfrɛɛ hɔ Galeed.

48 Na Laban kaa sɛ: Ekuo yi ne me ne wo ntam adanseɛ nnɛ. Enti wɔfrɛ hɔ Galeed,

49 ne Mispa, ɛfiri sɛ ɔse: Sɛ yɛtete mu a, AWURADE nhwɛ me ne wo ntam.

50 Sɛ woteetee me mmammaa, na woware yerenom ka me mma ho a, obi nka yɛn ho deɛ, nanso Onyankopɔn ne me ne wo ntam danseni.

51 Na Laban ka kyerɛɛ Yakob sɛ: Hwɛ kuo yi, na hwɛ odum a mama so asi me ne wo ntam yi.

52 Aboɔkuo yi ne adanseɛ, na odum yi nso yɛ adanseɛ, sɛ me deɛ, merensiane ekuo yi ho memma wo nkyɛn, na wo nso, worensiane ekuo yi ne odum yi ho mma me nkyɛn mmɛyɛ bɔne.

53 Abraham Nyankopɔn ne Nahor Nyankopɔn, ne wɔn agya Nyankopɔn mmu yɛn ntam atɛn. Na Yakob kaa n’agya suro ho ntam.

54 Na Yakob bɔɔ afɔdeɛ wɔ bepɔ no so, na ɔfrɛɛ ne nkurɔfoɔ sɛ wɔmmɛdidi; na wɔdidii na wɔtenaa bepɔ no so anadwo no.

55 Na Laban sɔree anɔpatutu, na ɔfee ne nananom ne ne mmammaa no ano hyiraa wɔn, na ɔsii mu sane kɔɔ ne kurom.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan