Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 30 - New Revised Asante Twi Bible

1 Na Rahel hunuu sɛ ɔnwo mma Yakob no, ɔtwee ne nuabaa no ho kora, na ɔka kyerɛɛ Yakob sɛ: Ma me mma, na anyɛ saa a, mɛwu.

2 Na Yakob bo fuu Rahel kaa sɛ: Mesi Nyankopɔn a ɔkame wo wo yam mma no ananmu anaa?

3 Na Rahel kaa sɛ: Hwɛ, m’afenaa Bilha nie, wo ne no nna, na ɔnwo ngu me srɛ so, na me nso mennya ne ho mma.

4 Na ɔde n’abaawa Bilha maa no awareɛ, na Yakob ne no dae.

5 Na Bilha nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima maa Yakob.

6 Na Rahel kaa sɛ: Onyankopɔn adi m’asɛm, na watie me nne nso ama me ɔba. Enti ɔtoo no din Dan.

7 Na Rahel abaawa Bilha nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

8 Na Rahel kaa sɛ: Ako akɛseɛ na me ne me nuabaa adie, nso matumi no. Na ɔtoo no din Naftali.

9 Na Lea hunuu sɛ n’awoɔ mu atwe no, ɔde n’abaawa Silpa maa Yakob awareɛ.

10 Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima maa Yakob.

11 Na Lea kaa sɛ: Aba yie. Na ɔtoo no din Gad.

12 Na Lea abaawa Silpa woo ɔbabarima a ɔtɔ so mmienu maa Yakob.

13 Na Lea kaa sɛ: M’ahotɔ nie! Na mmaa bɛfrɛ me deɛ wɔahyira no. Na ɔtoo no din Aser.

14 Na ayuo twaberɛ mu no, Ruben firii adi kɔhunuu dudaim wɔ wiram, na ɔde brɛɛ ne na Lea. Na Rahel ka kyerɛɛ Lea sɛ: Ma me wo ba dudaim yi bi ɛ!

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnnɔɔso sɛ woafa me kunu? Na worebɛgye me ba dudaim nso anaa? Na Rahel se: Wo ba dudaim no nti ma ɔne wo nkɔda anadwo yi.

16 Na anwummerɛ a Yakob firi wiram reba no, Lea firii adi kɔhyiaa no kaa sɛ: Bra me nkyɛn, ɛfiri sɛ ampa ara mede me ba dudaim matɔ wo. Na ɔne no daa anadwo no.

17 Na Onyankopɔn tiee Lea, na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nnum maa Yakob.

18 Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn atua me ka, sɛ mede m’abaawa mama me kunu awareɛ. Na ɔtoo no din Isakar.

19 Na Lea nyinsɛnee bio, na ɔwoo ɔbabarima a ɔtɔ so nsia maa Yakob.

20 Na Lea kaa sɛ: Onyankopɔn akyɛ me akyɛdeɛ pa, afei deɛ, me kunu ne me bɛtena yie, ɛfiri sɛ mawo mmammarima baasia mama no. Na ɔtoo no din Sebulon.

21 Na ɛno akyiri no, ɔwoo ɔbabaa, na ɔtoo no din Dina.

22 Na Onyankopɔn kaee Rahel, na Onyankopɔn tiee no, na ɔbuee ne yam.

23 Na ɔnyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima, na ɔse: Onyankopɔn ayi m’ahohora.

24 Na ɔtoo no din Yosef sɛ: AWURADE mma me ɔba foforɔ nka ne ho.


Laban ne Yakob nnaadaa

25 Na Rahel woo Yosef no, Yakob ka kyerɛɛ Laban sɛ: Gya me kwan na menkɔ me kurom ne m’asase so.

26 Fa me yerenom ne me mma a wɔn nti mesomm woɔ no ma me. Wo ara wonim me som a masom woɔ.

27 Na Laban ka kyerɛɛ no sɛ: Ma mennya w’anim animuonyam, na mahunu sɛ wo nti AWURADE ahyira me.

28 Kyerɛ me w’akatua a woregye me, na mɛma.

29 Na Yakob see no sɛ: Wo ara wonim sɛdeɛ masom wo afa ne sɛdeɛ wo mmoakuo ayɛ wɔ m’aseɛ.

30 Mebaa wo nkyɛn no, na deɛ wowɔ no sua, na afei aseɛ atrɛ ayɛ pii, na AWURADE ahyira wo baabiara a mefa. Na afei da bɛn na menhwɛ me fie nso?

31 Na ɔbisaa sɛ: Ɛdeɛn na memma woɔ? Na Yakob se: Mma me biribiara; sɛ wobɛyɛ saa adeɛ yi ama me deɛ a, mɛsane mabɛyɛne wo nnwan na mahwɛ wɔn.

32 Ɛnnɛ mɛkɔ makɔfa wo nnwan nyinaa mu, na mayiyi emu nnwan a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworonnworan nyinaa ne nnwammire nyinaa wɔ nnwanten no mu ne mmirekyie no mu nworonnworan ne ntokontrama. Wɔn a wɔtete sɛɛ na ɛnyɛ m’akatua.

33 Na daakye bi a wobɛka m’akatua ho asɛm no, me tenenee abua ama me wɔ w’anim. Mmirekyie no mu biara a ne ho nyɛ ntokontrama ne nworonnworan, ne nnwanten no mu deɛ ɔnyɛ odwammire no, ma wɔmmu no awifodeɛ wɔ me nsam.

34 Na Laban se: Hwɛ, ma no nyɛ sɛdeɛ woaka yi ɛ!

35 Na da no ara ɔyiyii mpapo a wɔn ho yɛ nsensannsensan ne nworonnworan, ne mmirekyibereɛ a wɔn ho yɛ ntokontrama ne nworonnworan nyinaa, obiara a fufuo wɔ ne ho, ne nnwanten no mu nnwammire nyinaa. Na ɔde wɔn hyɛɛ ne mmammarima nsa.

36 Na ɔde nnansa kwan too ɔne Yakob ntam, na Yakob yɛnee Laban nnwan a ɛkaeɛ no.

37 Na Yakob faa sɛsɛ dua, ɛdwono dua ne kyɛnkyɛn dua mman mono, na ɔyiyii ho nsema fitafitaa maa mmaa no ho fitaa no fifirii adi.

38 Na ɔde mmaa a ɔyiyii ho no guu anomeeɛ adaaseɛ a nnwan no rebɛnom mu nsuo no mu wɔ nnwan no anim, na wɔba nsunom a, wɔanyenyem so.

39 Na nnwan no nyenyem mmaa no so, na wɔwowoo nsensannsensan, ntokontrama ne nworonnworan.

40 Na Yakob yiyii nnwammaa no, na ɔde nnwan no ani kyerɛɛ Laban nnwan no mu nsensannsensan ne nnwammire nyinaa. Na ɔyɛɛ ɔno ara nnwankuo nko wɔ fa baabi, na wamfa wɔn amfra Laban nnwan no mu.

41 Na sɛ daa nnwan a wɔn ho yɛ den no nyenyem a, na Yakob de mmaa no akɔgu adaaseɛ no mu wɔ nnwan no anim, na wɔanyenyem mmaa no so.

42 Na nnwan no yɛ nofonofo deɛ a, ɔmfa ngu mu. Na wɔn a wɔyɛ mmerɛ no yɛɛ Laban dea, na wɔn a wɔn ho yɛ den no yɛɛ Yakob dea.

43 Na ɔbarima no yɛɛ kɛseɛ pa ara, na ɔnyaa nnwan pii ne mfenaa ne nkoa ne yoma ne mfunumu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan