1 Mose 19 - New Revised Asante Twi BibleSodom nneyɛɛ bɔne 1 Na abɔfoɔ baanu no duruu Sodom anwummerɛ; na Lot te Sodom kuro pono ano. Na Lot hunuu wɔn no, ɔsɔre kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase kaa sɛ: 2 Me wuranom, mesrɛ mo, mommane mmra mo akoa fie mmɛsoɛ anadwo yi, na monhohoro mo nan ase, na anɔpatutu moasɔre akɔ mo kwan. Na wɔse: Dabi, yɛbɛda abɔntene so. 3 Na ɔsrɛɛ wɔn dendeenden. Na wɔmanee ne nkyɛn baa ne fie, na ɔtoo wɔn pono, na ɔtoo apiti maa wɔdii. 4 Na wɔnnya nkɔdaeɛ no, Sodom kurom hɔfoɔ bɛtwaa ɛdan no ho hyiae, ɛfiri mmɔfra so kɔsi mpanimfoɔ so, ɔman mu no nyinaa. 5 Na wɔfrɛɛ Lot ka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima a wɔbaa wo nkyɛn anadwo yi no wɔ he? Yi wɔn brɛ yɛn, na yɛne wɔn nna. 6 Na Lot firi kɔɔ wɔn nkyɛn ɛpono ano, na ɔtoo ɛpono no mu wɔ n’akyi. 7 Na ɔkaa sɛ: Anuanom, mesrɛ mo, monnyɛ bɔne saa! 8 Hwɛ, mewɔ mmammaa baanu a wɔnhunuu ɔbarima, momma memfa wɔn mfiri mmrɛ mo, na monyɛ wɔn sɛdeɛ ɛyɛ mo ani soɔ na mmarima yi nko deɛ, monnyɛ wɔn hwee, na ɛno nti na wɔbaa me suhyɛ aseɛ yi. 9 Na wɔkaa sɛ: Twe wo ho firi hɔ! Na wɔse: Saa onipa yi ba bɛyɛɛ ɔhɔhoɔ, ɛnna afei ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔtemmufoɔ yi! Afei yɛbɛyɛ wo bɔne akyɛne wɔn. Na wɔhyɛɛ ɔbarima Lot so denden twe baa sɛ wɔbɛbubu ɛpono no. 10 Na mmarima no tenee wɔn nsa twee Lot baa wɔn nkyɛn wɔ ɛdan no mu, na wɔtoo ɛpono no mu. 11 Na nnipa a wɔgyina ɛpono ano no deɛ, wɔfirafiraa wɔn ani firi mmɔfra so kɔsi mpanin so, na wɔhwehwɛɛ ɛpono ano kwan brɛe. Lot tu firi Sodom 12 Na mmarima no ka kyerɛɛ Lot sɛ: Wowɔ obi wɔ ha ka wo ho? Aseɛ anaa mmammarima anaa mmammaa anaa biribiara a wowɔ wɔ kuro yi mu, yi wɔn firi ha, 13 na yɛrebɛsɛe ha, ɛfiri sɛ wɔn nnebɔne ayɛ kɛse AWURADE anim, na AWURADE asoma yɛn sɛ yɛmmɛsɛe ha. 14 Na Lot firii adi ne ne nsenom a wɔrebɛware ne mmammaa no kɔkasaa sɛ: Monsɔre mfiri ha, na AWURADE rebɛsɛe kuro yi. Nanso ɔyɛɛ ne nsenom ani so sɛ obi a ɔredi fɛw. 15 Na adeɛ reyɛ akye no, abɔfoɔ no piapiaa Lot sɛ: Sɔre, fa wo yere ne wo mmammaa baanu a wɔwɔ ha no kɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo, ɔman yi asotwe mu. 16 Na ɔtwentwɛn ne nan ase no, mmarima no sosɔɔ ɔno ne ne yere ne ne mmammaa baanu no nsa, na wɔde no firii adi gyaa no kuro no akyi ɛfiri sɛ AWURADE huu no mmɔbɔ. 17 Na wɔde wɔn firii adie no, ɔkaa sɛ: Dwane gye wo kra nkwa, nhwɛ w’akyi, nso nnyina kanko yi mu baabiara; bepɔ so na dwane korɔ, anyɛ saa a, wɔbɛsɛe wo. 18 Na Lot ka kyerɛɛ no sɛ: O, me wura, nnyɛ saa. 19 Hwɛ, w’akoa anya w’anim adom, na woama w’adɔeɛ a woayɛ me yi aso sɛ woregye me nkwa nanso merentumi nnwane nkɔ mmepɔ no so, na mmusuo no ammɛto me, na manwu. 20 Hwɛ, kuro yi na ɛbɛn sɛ wɔdwane kɔ hɔ, ɛhɔ sua. Ma mennwane nkɔ hɔ ɛ! Ɛnsua anaa? Na me kra anya nkwa. 21 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, matie wo wɔ saa asɛm yi ho nso, na meremmutu kuro a woaka ho asɛm yi. 22 Yɛ ntɛm dwane kɔ hɔ, ɛfiri sɛ merentumi nyɛ hwee gye sɛ woakɔduru hɔ ansa. Enti na wɔfrɛ kuro no din sɛ: Soar. Sodom ne Gomora sɛeɛ 23 Na Lot duruu Soar no, na owia apue asase so. 24 Na AWURADE tɔɔ sɔfe ne ogya firi ɔsoro guu Sodom ne Gomora so. 25 Na ɔbutuu nkuro no ne kanko no nyinaa ne wɔn a wɔtete nkuro no mu nyinaa ne deɛ afifiri asase no soɔ. 26 Na Lot yere no deɛ, ɔhwɛɛ n’akyi, na ɔdanee nkyene sie. 27 Na Abraham tuaa ahema kɔɔ faako a na ɔgyina AWURADE anim hɔ no. 28 Na ɔdanee n’ani kyerɛɛ Sodom ne Gomora ne kanko no asase nyinaa, na ɔhwɛe, na hwɛ, asase no so wisie foroo sɛ fononoo mu wisie. 29 Enti berɛ a Onyankopɔn sɛee kanko no nkuro no no, ɔkaee Abraham, na ɔgyee Lot firii butuo a ɔbutuu nkuro a Lot te mu no mu. Moabfoɔ ne Amonfoɔ ahyɛaseɛ 30 Na Lot firii Soar kɔtenaa bepɔ no so, ɔne ne mmammaa baanu no, ɛfiri sɛ ɔsuroo Soar tena, na ɔne wɔn kɔtenaa ɔbodan bi mu. 31 Na abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Yɛn agya anyini, na ɔbarima biara nni asase yi so a ɔbɛba yɛn ho, sɛdeɛ asase sofoɔ nyinaa amanneɛ teɛ. 32 Bra, na yɛmma yɛn agya nsa nnom, na yɛne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma. 33 Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no, na abakan no kɔɔ mu ne n’agya kɔdae; na wanhunu ne nna ne ne sɔreɛ mu. 34 Na adeɛ kyeeɛ no, abakan no ka kyerɛɛ akumaa no sɛ: Hwɛ, me ne m’agya akɔda anadwo yi, ma yɛmma no nsa nnom nnɛ anadwo yi nso, na kɔ mu, na wo ne no nkɔda, na yɛanya yɛn agya ho mma. 35 Na wɔmaa wɔn agya nsa nomee anadwo no nso, na akumaa no sɔre ne no kɔdae; na wanhunu ne nna ne ne sɔreɛ mu. 36 Na Lot mma maa baanu no nyinaa nyinsɛn wɔn agya ho. 37 Na abakan no woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Moab; ɔne Moabfoɔ agya de bɛsi nnɛ. 38 Na akumaa no nso woo ɔbabarima, na ɔtoo no din Ben-ami; ɔne Amon mma agya de bɛsi nnɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012