Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 18 - New Revised Asante Twi Bible


Isak awoɔ ho bɔhyɛ

1 Na AWURADE yii ne ho kyerɛɛ Abraham wɔ Mamre pɔ mu, na ɔte ne ntomadan pono ano awia ketee.

2 Na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, mmarima baasa abɛgyina ne ntentensoɔ. Na ɔhunuu wɔn no, ɔfirii ne ntomadan pono ano tuu mmirika kɔhyiaa wɔn, na ɔbɔɔ ne mu ase

3 kaa sɛ: Me wura, sɛ manya w’anim adom a, mesrɛ wo, nsiane w’akoa ho nkɔ.

4 Ma wɔnkɔsa nsuo kakraa bi mmra, na monhohoro mo nan ase, na monhome dua yi ase.

5 Moanya abɛfa mo akoa nkyɛn yi, merekɔ makɔfa paanoo kakra maba, na mode adwodwo mo akoma, na ɛno akyiri no moakɔ. Na wɔse: Yɛ sɛdeɛ woaka yi.

6 Na Abraham yɛɛ ntɛm kɔɔ Sara nkyɛn ntomadan mu kaa sɛ: Yɛ ntɛm, fa esiam pa susukoraa mmiɛnsa, fete to taterɛ.

7 Na Abraham tuu mmirika kɔɔ anantwie mu kɔkyeree nantwie ba a ɔyɛ na ɔde maa ɔsomfoɔ bi, na ɔyɛɛ ntɛm siesiee no.

8 Na Abraham faa nufosuo ani sradeɛ ne nufosuo ne nantwie ba nam a ɔsiesiee no no, na ɔde bɛsii wɔn anim; na ɔno deɛ, ɔgyinaa wɔn nkyɛn dua no ase, maa wɔdidii.

9 Na wɔbisaa Abraham sɛ: Wo yere Sara wɔ he? Na ɔse: Hwɛ, ɔwɔ ntomadan mu.

10 Na wɔn mu baako kaa sɛ: Ampa ara, mɛsane maba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no, na wo yere Sara anya ɔba. Na Sara retie no ntomadan pono a ɛwɔ n’akyire no ano.

11 Na Abraham ne Sara nyinaa anyininyini a wɔadi mfirinhyia pii, na deɛ ɛyɛ mmaa no to atwa wɔ Sara ho.

12 Enti Sara seree ne mu kaa sɛ: Sɛ manya awie aberewa bɔ na me wura nso abɔ akɔkoraa yi, na mɛnya anigyeɛ?

13 Na AWURADE bisaa Abraham sɛ: Adɛn nti na Sara seree sɛ: Ampaneampa ara manyini yi mɛwo ɔba?

14 Biribi yɛ AWURADE yɛna anaa? Berɛ a mahyɛ no, mɛsane aba wo nkyɛn afeda sɛsɛɛ no na Sara anya ɔba.

15 Na Sara sanee sɛ: Menseree, ɛfiri sɛ na ɔsuro. Na ɔse: Dabi, woasere.


Abraham di ma Sodomfoɔ

16 Na mmarima no sɔre firii hɔ danee wɔn ani kyerɛɛ Sodom, na Abraham kɔgyaa wɔn kwan.

17 Na AWURADE kaa sɛ: Memfa deɛ merebɛyɛ yi mensie Abraham anaa?

18 Ɛfiri sɛ ampa ara Abraham bɛyɛ ɔman a ɛso na wɔwɔ tumi, na ne mu na wɔbɛhyira wiase aman nyinaa.

19 Na mahu no mayi no sɛ ɔnhyɛ ne mma ne ne fiefoɔ a ɛbɛdi n’akyire sɛ wɔnni AWURADE kwan so nyɛ tenenee ne atɛntenenee adeɛ, na AWURADE ama deɛ waka no Abraham ho no aba ne so.

20 Na AWURADE kaa sɛ: Ɛsiane sɛ Sodom ne Gomora so nteamu so, na wɔn nnebɔne yɛ duru dodo nti,

21 meresiane makɔhwɛ sɛ wɔayɛ sɛdeɛ nteamu a ɛduru me nkyɛn no teɛ no a; na sɛ ɛnte saa, mahunu.

22 Na mmarima no danee wɔn ani firii hɔ kɔɔ Sodom; na Abraham deɛ, na ɔda so gyina AWURADE anim ara.

23 Na Abraham twe bɛn bisaa sɛ: Wobɛpra ɔteneneeni ne ɔbɔnefoɔ abom agu anaa?

24 Sɛ ebia sɛsɛɛ ateneneefoɔ aduonum wɔ kuro no mu a, anka wobɛpra wɔn agu a ateneneefoɔ aduonum a ɛwɔ mu no nti woremfa kuro no ho nkyɛ wɔn anaa?

25 Yei mpare wo sɛ wobɛdi saa asɛm yi sɛ wobɛkum ɔteneneeni ne ɔdebɔneyɛni afra, na ɔteneneeni ayɛ sɛ ɔdebɔneyɛni; yei mpare wo. Deɛ ɔbu asase nyinaa atɛn no remmu atɛntenenee anaa?

26 Na AWURADE kaa sɛ: Sɛ mehunu ateneneefoɔ aduonum Sodom kuro mu a, wɔn nti mede kuro no nyinaa ho bɛkyɛ wɔn.

27 Na Abraham buaa sɛ: Hwɛ, meyɛ mfuturo ne nso deɛ, nanso masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa:

28 Sɛ ebia ateneneefoɔ aduonum no so te enum a; anka enum nti wobɛsɛe kuro no nyinaa anaa? Na ɔse: Sɛ mehunu aduanan nnum wɔ hɔ a, merensɛe hɔ.

29 Na Abraham toaa so kasa kyerɛɛ AWURADE bio sɛ: Ebia wɔbɛhunu aduanan wɔ hɔ. Na AWURADE buaa sɛ: Aduanan no nti merenyɛ.

30 Ɛnna ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na ma menkasa: Ebia wɔbɛhunu aduasa wɔ hɔ. Na ɔse: Sɛ mehunu aduasa wɔ hɔ a, merenyɛ.

31 Na ɔkaa sɛ: Hwɛ, masi me bo sɛ me ne AWURADE bɛkasa. Ebia wɔbɛhunu aduonu wɔ hɔ. Na ɔse: Aduonu no nti merensɛe hɔ.

32 Na ɔkaa sɛ: Mma AWURADE bo mmfu, na menkasa baako pɛ yi: Ebia wɔbɛhunu edu wɔ hɔ. Na ɔse: Edu no nti merensɛe hɔ.

33 Na AWURADE ne Abraham kasa wieeɛ no, ɔkɔe, na Abraham sane baa ne fie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan