Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 16 - New Revised Asante Twi Bible


Hagar ne Ismael

1 Na Abram yere Sarai nwo mma no. Na ɔwɔ afenaa bi a ɔyɛ Misraimni a ne din de Hagar.

2 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hwɛ, AWURADE asi m’awoɔ ho kwan, enti kɔ m’afenaa nkyɛn, ebia mɛnya ne ho mma. Na Abram tiee Sarai.

3 Na Abram tenaa Kanaan asase so mfirinhyia du no, ne yere Sarai faa n’afenaa Hagar a ɔyɛ Misraimni no de no maa ne kunu awareɛ.

4 Na ɔkɔɔ Hagar ho, na ɔnyinsɛnee. Na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔbuu n’awuraa animtia.

5 Na Sarai ka kyerɛɛ Abram sɛ: Asɛmmɔne a wadi me da wo so. Me na mede m’afenaa mato wo kokom, na ɔhunuu sɛ wanyinsɛn nti, ɔbu me animtia. AWURADE mmu me ne wo ntam atɛn.

6 Ɛnna Abram ka kyerɛɛ Sarai sɛ: Hwɛ, w’afenaa wɔ wo nsam, yɛ no sɛdeɛ ɛyɛ w’ani soɔ. Na Sarai tanee n’ani maa no dwane firii ne nkyɛn.

7 Na AWURADE bɔfoɔ hunuu no nsuo aniwa bi ho wɔ ɛserɛ so wɔ Sur kwan so nsuo aniwa no ho.

8 Na ɔbisaa sɛ: Hagar, Sarai afenaa, wofiri he na woreba, na worekɔ he ni? Na ɔse: Mefiri m’awuraa Sarai anim na meredwane.

9 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sane kɔ w’awuraa nkyɛn, na kɔbrɛ wo ho ase ma no.

10 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Dɔ na mɛma w’asefoɔ adɔ, na wɔn dodoɔ nti wɔrentumi nkan wɔn.

11 Na AWURADE bɔfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, woanyinsɛn, na wobɛwo ɔba, na wobɛto ne din Ismael, sɛ AWURADE ate w’amanehunu.

12 Na ɔbɛyɛ onipa a ɔte sɛ ɛserɛ so afunumu. Ne nsa bɛtia nnipa nyinaa, na nnipa nyinaa nsa atia no, na ɔbɛsɔre atia ne nuanom nyinaa.

13 Na ɔfrɛɛ AWURADE a ɔne no kasaeɛ no din sɛ: Wone El-roi, na ɔse: Mahunu deɛ ɔhu me no ampa anaa?

14 Enti wɔfrɛ asubura no sɛ: Beer-lahai-roi, na hwɛ, ɛwɔ Kades ne Bared ntam.

15 Na Hagar woo ɔba maa Abram. Abram frɛɛ ne ba a Hagar woo no no Ismael.

16 Na Hagar woo Ismael maa Abram no, na Abram adi mfeɛ aduɔwɔtwe nsia.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan