1 Mose 15 - New Revised Asante Twi BibleOnyankopɔn de ɔba hyɛ Abram bɔ 1 Nsɛm yi akyiri no, AWURADE asɛm baa Abram nkyɛn anisoadehunu mu sɛ: Nsuro, Abram, mene wo kyɛm, na w’akatua bɛdɔɔso pii. 2 Na Abram bisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na wode bɛma me? Menni ba na menam, na deɛ ɔbɛdi m’adeɛ ne Damaskoni Eliesa anaa? 3 Na Abram kaa sɛ: Ao, me deɛ, woamma me asefoɔ, na hwɛ, me fienipa na ɔbɛdi m’adeɛ. 4 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Ɛnyɛ oyi na ɔbɛdi w’adeɛ, na deɛ ɔbɛfiri wo ara w’asene mu na ɔbɛdi w’adeɛ. 5 Na ɔde no firii adi kaa sɛ: Hwɛ ɔsoro ɛ, na kan nsoromma sɛ wobɛtumi akan anaa? Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ne no. 6 Na Abram gyee AWURADE diiɛ, na ɔbuu yei sɛ tenenee maa no. 7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Mene AWURADE a ɔde wo firii Ur a ɛwɔ Kaldea no, sɛ mede asase yi bɛma wo sɛ agyapadeɛ. 8 Na ɔbisaa sɛ: AWURADE Nyankopɔn, ɛdeɛn na mede bɛhunu sɛ mɛnya? 9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Fa nantwie ba a wadi mfeɛ mmiɛnsa, abirekyie a wadi mfeɛ mmiɛnsa, odwennini a wadi mfeɛ mmiɛnsa, anyankuku ne aborɔnoma ba brɛ me. 10 Na ɔde yei nyinaa brɛɛ no, na ɔpaepaee wɔn mu mmienu mmienu, na ɔde afaafa no kyerɛkyerɛɛ anim totoo hɔ; na nnomaa no deɛ, wampaapae wɔn mu. 11 Na nnomaa a wɔdi nam bɛsisii mmoa afunu no so, na Abram pamm wɔn. 12 Na owia reyɛ akɔtɔ no, Abram daa nnahɔɔ, na hwɛ, ehu sum kabii duruu no. 13 Na AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Hunu ampa ara sɛ w’asefoɔ bɛyɛ ahɔhoɔ asase a ɛnyɛ wɔn dea so, na wɔayɛ nkoa na wɔasom, na wɔbɛha wɔn mfirinhyia ahanan. 14 Na ɔman a wɔbɛsom wɔn no, mɛbu wɔn atɛn, na akyire yi no, wɔde ahodeɛ pii bɛfiri hɔ akɔ. 15 Na wo deɛ, wobɛkɔ wo nananom nkyɛn asomdwoeɛ mu, na wɔasie wo nkɔkoraaberɛ pa mu. 16 Na awoɔ ntoatoasoɔ nnan mu na wɔbɛsane aba ha, ɛfiri sɛ Amorifoɔ amumuyɛ nnya nnurui. 17 Na owia tɔeɛ na esum kusuu duruiɛ no, hwɛ, biribi a ɛte sɛ gyaframa a ɛrefiri wisie ne tɛnee a ɛredɛre bɛfaa afaafa no ntam. 18 Da no ara na AWURADE ne Abram yɛɛ apam sɛ: W’asefoɔ na mede asase yi mama wɔn ɛfiri Misraim asubɔnten ho de kɔsi asubɔnten kɛseɛ, Eufrate asubɔnten ho: 19 Kenifoɔ, Kenisifoɔ, Kadmonifoɔ, 20 Hetifoɔ, Perisifoɔ, Refaimfoɔ, 21 Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Girgasifoɔ ne Yebusifoɔ. |
The Bible Society of Ghana, 2012