Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Mose 13 - New Revised Asante Twi Bible


Abram ne Lot di ntetemu

1 Na Abram ne ne yere ne deɛ ɔwɔ nyinaa, ne Lot nso, firii Misraim baa Negeb.

2 Na Abram anya ne ho sɛ, mmoa, dwetɛ ne sika mu.

3 Na ɔdii atutena firi Negeb kɔduruu Betel, deɛ akane na ne ntomadan sie no, wɔ Betel ne Ai ntam,

4 deɛ afɔrebukyia a ɔsii kane no wɔ. Na Abram sɔree AWURADE wɔ hɔ.

5 Na Lot nso a ɔne Abram nam no wɔ nnwan ne anantwie ne ntomadan.

6 Na asase no nso mma wɔn sɛ wɔbɛtena faako, ɛfiri sɛ wɔn ahodeɛ dɔɔso sɛ, enti wɔantumi antena faako.

7 Na akasakasa baa Abram mmoahwɛfoɔ ne Lot mmoahwɛfoɔ ntam. Na berɛ no mu na Kanaanfoɔ ne Perisifoɔ tete asase no so.

8 Na Abram ka kyerɛɛ Lot sɛ: Mesrɛ wo, mma akasakasa mmma me ne wo ntam, ne me mmoahwɛfoɔ ne wo mmoahwɛfoɔ ntam, na yɛyɛ anuanom.

9 Ɛnyɛ asase no nyinaa na ɛda w’anim yi? Mesrɛ wo, twe wo ho firi me ho, sɛ wofa benkum a, mɛfa nifa, na sɛ wofa nifa a, mɛfa benkum.

10 Na Lot maa n’ani so hwɛɛ Yordan kanko nyinaa de kɔsi Soar hunuu sɛ ne nyinaa so wɔ nsuo te sɛ AWURADE turo no, te sɛ Misraim, ansa na AWURADE resɛe Sodom ne Gomora no.

11 Na Lot yii Yordan kanko no nyinaa, na ɔtu faa apueeɛ fam; na anuanom no dii mpaapaemu.

12 Abram tenaa Kanaan asase so, na Lot deɛ, ɔtenaa Yordan kanko no nkuro mu, na ɔtutuu ne ntomadan ara de kɔduruu Sodom.

13 Nso na Sodomfoɔ yɛ atirimuɔdenfoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ kɛse, AWURADE anim.


Abram kɔtena Hebron

14 Na Lot tee ne ho firii Abram ho no, AWURADE ka kyerɛɛ Abram sɛ: Ma w’ani so, na firi deɛ wowɔ hɔ hwɛ atifi fam ne anafoɔ fam, apueeɛ ne atɔeɛ.

15 Na asase a wohunu yi nyinaa, wo ne w’asefoɔ na mede bɛma mo daa.

16 Na mɛma w’asefoɔ adɔɔso sɛ asase so mfuturo. Na sɛ obi tumi kan asase so mfuturo a, ɛnneɛ na ɔbɛtumi akan w’asefoɔ nso.

17 Sɔre, fa asase no tentene ne ne tɛtrɛtɛ mu, na wo na mede bɛma woɔ.

18 Na Abram tutuu ne ntomadan, na ɔbɛtenaa Mamre pɔ a ɛwɔ Hebron no ho, na ɔsii afɔrebukyia maa AWURADE wɔ hɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan