1 Mose 11 - New Revised Asante Twi BibleBabel abantenten no 1 Na asase nyinaa sofoɔ yɛ anokorɔ kasa kasa korɔ. 2 Na wɔtuu kwan faa apueeɛ no, wɔhunuu asasetam bi wɔ Sinear asase so, na wɔtenaa hɔ. 3 Na wɔsesee wɔn ho wɔn ho sɛ: Wiɛ, momma yɛnyɛ ntaayaa, na yɛnto! Na ntaayaa no yɛɛ wɔn aboɔ, na ama yɛɛ wɔn dɔteɛ. 4 Ɛnna wɔkaa sɛ: Wiɛ, momma yɛnkyekyere kuro, na yɛnto abantenten a n’atifi bɛduru soro, na yɛmfa nnye din, na yɛanhwete asase nyinaa ani. 5 Na AWURADE siane bɛhwɛɛ kuro ne abantenten a nnipa mma retoɔ no. 6 Na AWURADE kaa sɛ: Hwɛ, wɔyɛ ɔman baako, na wɔn nyinaa ka kasa korɔ; na deɛ wɔafiri aseɛ reyɛ nie; na afei, biribiara rentumi nsi wɔn deɛ wɔsusu sɛ wɔbɛyɛ no biara ho kwan. 7 Wiɛ, momma yɛnsiane nkɔ hɔ na yɛnkɔyɛ wɔn kasa basabasa, na wɔn mu biara ante ne yɔnko kasa bio. 8 Na ɛfiri hɔnom na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani, na wɔgyaee kuro no kyekyerɛ. 9 Enti na wɔfrɛ hɔ Babel, ɛfiri sɛ ɛhɔ na AWURADE yɛɛ asase nyinaa kasa basabasa. Ɛfiri hɔ na AWURADE bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani. Sem awoɔ ntoatoasoɔ ( 1 Berɛsosɛm 1.24-27 ) 10 Yeinom ne Sem awoɔ ntoatoasoɔ: Sem dii mfirinhyia ɔha na ɔwoo Arfaksad, nsuyire no akyiri mfeɛ mmienu. 11 Na Sem woo Arfaksad no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanum na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 12 Na Arfaksad dii mfirinhyia aduasa nnum na ɔwoo Sela. 13 Na ɔwoo Sela no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 14 Na Sela dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Eber. 15 Na Sela woo Eber no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanan ne mmiɛnsa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 16 Na Eber dii mfirinhyia aduasa nnan na ɔwoo Peleg. 17 Na ɔwoo Peleg no akyi no, ɔdii mfeɛ ahanan aduasa na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 18 Na Peleg dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Reu. 19 Peleg woo Reu no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 20 Na Reu dii mfirinhyia aduasa mmienu na ɔwoo Serug. 21 Na Reu woo Serug no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu ne nson, na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 22 Na Serug dii mfirinhyia aduasa na ɔwoo Nahor. 23 Na Serug woo Nahor no akyiri no, ɔdii mfeɛ ahanu na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 24 Na Nahor dii mfirinhyia aduonu nkron na ɔwoo Tera. 25 Na Nahor woo Tera no akyiri no, ɔdii mfeɛ ɔha ne dunkron na ɔwoo mmammarima ne mmammaa. 26 Na Tera dii mfirinhyia aduɔson na ɔwoo Abram, Nahor ne Haran. Abram agya Tera awoɔ ntoatoasoɔ 27 Na yeinom ne Tera awoɔ ntoatoasoɔ: Tera woo Abram, Nahor ne Haran, na Haran woo Lot. 28 Na Haran wuu n’agya Tera anim, asase a wɔwoo no soɔ no so, ɛne Ur a ɛwɔ Kaldea. 29 Na Abram ne Nahor waree yerenom, Abram yere din de Sarai, na Nahor yere din de Milka a ɔyɛ Haran babaa. Na Haran yɛ Milka ne Iska agya. 30 Na Sarai yɛ obonini, na ɔnni ba. 31 Na Tera faa ne ba Abram ne ne nana Lot, a ɔyɛ Haran ba, ne n’ase Sarai, ne ba Abram yere, na ɔne wɔn firii Ur a ɛwɔ Kaldea sɛ wɔrekɔ Kanaan asase so. Na wɔduruu Haran no, wɔtenaa hɔ. 32 Na Tera nna yɛ mfeɛ ahanu ne nnum, na Tera wuu wɔ Haran. |
The Bible Society of Ghana, 2012