1 Korintofo 8 - New Revised Asante Twi BibleAduane a wɔde ma Abosom 1 Na abosom afɔrebɔdeɛ ho deɛ, yɛnim sɛ yɛn nyinaa wɔ nimdeɛ. Nimdeɛ ma ahomasoɔ, na ɔdɔ deɛ ɛma nkɔsoɔ. 2 Na sɛ ɛyɛ obi sɛ ɔnim biribi a, ɔnnya nhunuu sɛdeɛ ɛsɛ sɛ ɔhunu. 3 Na obi dɔ Onyankopɔn a, ɔno na Onyankopɔn nim no. 4 Na abosom afɔrebɔdeɛ die ho deɛ, yɛn deɛ yɛnim sɛ, ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, ɛfiri sɛ, onyame biara nni hɔ sɛ ɔbaako no ara. 5 Na sɛ nso ɔsoro oo, asase so oo, nnoɔma a wɔfrɛ wɔn anyame wɔ hɔ, sɛ anyame bebree ne awurade bebree wɔ hɔ no a, 6 yɛn deɛ, Onyankopɔn baako pɛ na yɛwɔ, Agya no a nnoɔma nyinaa firi ne mu, na yɛn nso yɛwɔ hɔ ma no, ne Awurade baako, Yesu Kristo a wɔnam ne so yɛ nnoɔma nyinaa, na yɛn nso yɛnam ne so wɔ hɔ no. 7 Nanso saa nimdeɛ yi nni nnipa nyinaa mu; enti ebinom de wedare a wɔawedare wɔ abosonsɛm ho bɛsi nnɛ no di no sɛ abosom afɔrebɔdeɛ, na ɛnam sɛ wɔn ahonim yɛ mmerɛ nti, efi ka no. 8 Na aduane nkamfo yɛn mma Nyankopɔn; na ɛnyɛ sɛ yɛdi a, yɛbɛyɛ ma, anaa sɛ yɛanni a, yɛbɛtɔ sini. 9 Na monhwɛ yie na ɛho kwan a mowɔ no anto wɔn a wɔyɛ mmerɛ no suntidua. 10 Na sɛ obi hunu wo a wowɔ nimdeɛ no sɛ wote abosonnan mu adidiiɛ a, ɛremma n’ahonim a ɛyɛ mmerɛ no nnya nnyinasoɔ nkɔdi abosom afɔrebɔdeɛ anaa? 11 Ɛnneɛ na ɛnam wo nimdeɛ so na onua a ɔyɛ mmerɛ, a ne nti Kristo wuiɛ no bɛyera. 12 Na sɛ moyɛ anuanom bɔne saa pira wɔn ahonim a ɛyɛ mmerɛ no a, na moreyɛ Kristo bɔne. 13 Enti sɛ nam die to me nua suntidua a, ɛnneɛ merenni ara da na manto me nua suntidua. |
The Bible Society of Ghana, 2012