1 Korintofo 5 - New Revised Asante Twi BibleAbrabɔ bɔne a ada adi wɔ asafo no mu 1 Wɔabɛka sɛ adwamammɔ wɔ mo mu, adwamammɔ a ɛnni abosonsomfoɔ mpo mu, sɛ obi ne n’agya yere da. 2 Na morehoahoa mo ho, na mo werɛ anho amma wɔanyi deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ no amfiri mo mu. 3 Na me deɛ, menni hɔ honam fam deɛ, nanso mewɔ hɔ honhom mu, na mabu deɛ ɔyɛɛ saa adeɛ yi atɛn dada te sɛ deɛ mewɔ hɔ. 4 Sɛ mo ne me honhom hyia yɛn Awurade Yesu din mu na yɛn Awurade Yesu tumi ka ho a, 5 momfa onii no nhyɛ Satan nsa, na honam no nsɛe, na ebia wɔagye honhom no nkwa, Awurade da no. 6 Mo ahohoahoa no nyɛ fɛ. Monnim sɛ mmɔreka kakra na ɛka mmɔre no nyinaa? 7 Enti monyi mmɔreka dada no, na moayɛ mmɔre foforɔ sɛdeɛ moyɛ apiti no. Ɛfiri sɛ wɔakum yɛn Twam dwan Kristo no nso. 8 Enti momma yɛnhyɛ fa; ɛnyɛ mmɔreka dada no mu, nanso ɛnyɛ bɔneyɛ ne amumuyɛ mmɔreka mu, na mmom Kronkronyɛ ne nokorɛ apiti mu. Wɔammu Paulo kɔkɔbɔ 9 Metwerɛɛ wɔ me krataa no mu sɛ mo ne adwamammɔfoɔ nnni afra. 10 Ɛnyɛ wiase adwamammɔfoɔ anaa aniberefoɔ ne amimfoɔ anaa abosonsomfoɔ ho asɛm koraa na mereka; ɛnneɛ na anka ɛsɛ sɛ mofiri wiase fire. 11 Na afei matwerɛ mo sɛ, sɛ obi a wɔfrɛ no onua yɛ odwamamfoɔ anaa oniberefoɔ anaa ɔbosonsonni anaa tɔkwapɛfoɔ anaa sabofoɔ anaa omimfoɔ a, mo ne no mmmɔ; saa onipa no, mo ne no nnnidi mpo. 12 Na ɛfa me ho bɛn na merebu wɔn a wɔmfra mo mu no nso atɛn bie? Ɛnyɛ wɔn a wɔfra mo mu no na mobu wɔn atɛn? 13 Na wɔn a wɔmfra mo mu no, Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn. Monyi deɛ ɔyɛ ɔbɔnefoɔ no mfiri mo mu. |
The Bible Society of Ghana, 2012