Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Korintofo 2 - New Revised Asante Twi Bible


Kristo a wɔbɔɔ no asennua mu no

1 Na me nso, anuanom, mebaa mo nkyɛn no, mamfa asɛm anaa nyansa a ɛtra soɔ mammɛka Nyankopɔn adansesɛm no.

2 Na mebɔɔ me tirim sɛ merenhwehwɛ biribiara wɔ mo hɔ, gye Yesu Kristo a wɔbɔɔ no asɛnnua mu no.

3 Na me deɛ, mmerɛyɛ ne ehu ne ahopopoɔ bebree mu na me ne mo tenaeɛ.

4 Na me kasa ne m’asɛnka amfa nnipa nyansa adɛfɛdɛfɛ kwan so, na mmom ɛnam honhom ne tumi yikyerɛ mu,

5 na mo gyidie annyina nnipa nyansa so, na mmom agyina Nyankopɔn tumi so.


Nyankopɔn nokorɛ nyansa no

6 Nanso yɛka nyansa ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔdi mu; na ɛyɛ nyansa a ɛnyɛ wiase yi deɛ, na ɛnyɛ wiase atumfoɔ a wɔbɛyi wɔn hɔ no deɛ,

7 na mmom yɛka Nyankopɔn nyansa ahuntasɛm mu, nyansa a wɔde sieeɛ a Onyankopɔn de too hɔ maa yɛn animuonyam ansa na wɔrehyɛ wiase aseɛ.

8 Deɛ wiase yi atumfoɔ mu biara anhunu, na sɛ wɔhunuiɛ a, anka wɔammɔ animuonyam Wura no asɛnnua mu,

9 na mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ: Deɛ ani nhunuiɛ, na aso nteeɛ na ɛmmaa onipa akoma mu da ne nnoɔma a Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no no.

10 Na yɛn na Onyankopɔn nam Honhom so ayi akyerɛ yɛn; ɛfiri sɛ Honhom no pɛɛpɛɛ adeɛ nyinaa mu, Nyankopɔn nnoɔma a emu dɔ no nso mu.

11 Na nnipa mu hwan na ɔnim deɛ ɛwɔ onipa mu, gye onipa no ara honhom a ɛwɔ ne mu? Saa ara nso na obi nnim Nyankopɔn adwene, gye Nyankopɔn honhom.

12 Na yɛn deɛ, ɛnyɛ wiase honhom na yɛnyaeɛ, na mmom honhom a ɔfiri Nyankopɔn mu, na yɛahunu deɛ Onyankopɔn de adom yɛn kwa no.

13 Nso deɛ yɛka no, ɛnyɛ nsɛm a wɔde nnipa nyansa kyerɛkyerɛ, na mmom deɛ Honhom no kyerɛkyerɛ na yɛde honhom adeɛ to honhom adeɛ ho.

14 Na onipa a ɔnni honhom no nnye Nyankopɔn Honhom adeɛ, na ɛyɛ no nkwaseasɛm, na ɔntumi nhunu mu, ɛfiri sɛ wɔbu mu atɛn honhom mu.

15 Na onipa a ɔwɔ honhom mu no deɛ, ɔbu adeɛ nyinaa atɛn, na ɔno deɛ obiara mmu no atɛn.

16 Na hwan na wahunu Awurade adwene a ɔbɛkyerɛkyerɛ no? Na yɛn deɛ, yɛwɔ Kristo adwene.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan