1 Berɛsosɛm 28 - New Revised Asante Twi BibleSalomo bɛdi n’agya Dawid adeɛ 1 Na Dawid hyiahyiaa Israel mmapɔmma nyinaa, mmusuakuo so mmapɔmma ne akuo so asafohene a wɔsom ɔhene no, ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene, ne ɔhene ne ne mma ahodeɛ ne mmoa nyinaa so asafohene, wɔne mpiadifoɔ, ne nnɔmmarima no, ne mmarima a wɔawedare wɔ ɔko mu nyinaa baa Yerusalem. 2 Na Ɔhene Dawid sɔre gyinaa ne nan so kaa sɛ: Me nuanom ne me man, montie me! Me deɛ, na ɛwɔ m’akoma mu sɛ mɛsi homebea fie mama AWURADE apam adaka no, na ayɛ yɛn Nyankopɔn nan ntiasoɔ. Na masiesie ne sie no ho. 3 Na Onyankopɔn ka kyerɛɛ me sɛ: Nsi efie mma me din, ɛfiri sɛ woyɛ ɔkofoni nipa na woaka mogya nso agu. 4 Na AWURADE, Israel Nyankopɔn ayi me afiri m’agya fiefoɔ nyinaa mu sɛ menni Israel so hene nkɔsi daa. Na wayi Yuda asi no panin, na Yuda fie mu nso wayi m’agya fie, na m’agya mma mu nso ɔpɛɛ m’asɛm sɛ ɔde me bɛsi Israel nyinaa soɔ, 5 na me mma nyinaa mu no, (ɛfiri sɛ AWURADE ama me mma pii,) wayi me ba Salomo sɛ ɔntena AWURADE ahennie adwa a wɔde di Israel soɔ no so. 6 Na waka akyerɛ me sɛ: Wo ba Salomo na ɔbɛsi me fie ne m’abannwa no. Na mayi no ayɛ ɔba, na me nso mɛyɛ no agya. 7 Na sɛ ɔkura mu di me mmara nsɛm ne m’atemmudeɛ so sɛ ɛnnɛ da yi a, mɛma n’ahennie atim akɔsi daa. 8 Na afei, Israel a wɔyɛ AWURADE badwa no nyinaa anim ne yɛn Nyankopɔn aso mu, mese: Monhwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn mmara nsɛm nyinaa nni so, nhwehwɛ akyiri kwan, na moadi asase pa yi so, na moagya no awunnyadeɛ ama mo mma, mo akyi akɔsi daa. 9 Na wo, me ba Salomo, hunu w’agya Onyankopɔn no, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra anisɔ som no, na AWURADE peepee akoma nyinaa mu, na ɔhunu adwene nyinaa mu. Sɛ wohwehwɛ no a, ɔbɛma woahu no; na sɛ wogyaa no a, ɔbɛto wo atwene koraa. 10 Afei hwɛ sɛ AWURADE ayi wo sɛ si efie a ɛbɛyɛ kronkronbea; hyɛ wo ho den na yɛ! Asɔrefie no nsususoɔ ne agyapadeɛ 11 Na Dawid maa ne ba Salomo asɔredan no ntwonoowa ne ɛho adan ne n’adekora mpia ne abansoro mpia ne emu fam mpia ne mpata adwa dan no nsususoɔ 12 ne adeɛ biara a ɛwɔ ne honhom mu nsususoɔ, AWURADE fie abannwa ne mpia a ɛtwa ho hyia nyinaa, ne Nyankopɔn fie adekoraeɛ ne akronkronneɛ akoraeɛ, 13 ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ nkyekyɛmu ne AWURADE fie som adwuma no nyinaa ne AWURADE fie som ho adeɛ nyinaa; 14 sika deɛ no, wɔ sika nkariiɛ so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho adeɛ, dwetɛ adeɛ nyinaa, ne nkariiɛ so, sɛ wɔmfa nyɛ ɔsom no nyinaa ho adeɛ; 15 ne sika nkaneadua ne ɛho sika nkanea no nkariiɛ, sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ nkaneadua sɛdeɛ kaneadua biara ne ɛho nkanea nkarii teɛ, sɛdeɛ nkaneadua no nyinaa ho som teɛ no; 16 ne kyerɛ paanoo pono biara sika a wɔakarie ne dwetɛ apono no dwetɛ; 17 ne adinam ne nkoraa ne nkuruwa ho sika amapa, ne sika mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ, ne dwetɛ mmonsua deɛ, sɛdeɛ ebiara nkariiɛ teɛ; 18 ne aduhwam hyeɛbukyia no ho sika a wɔayiyi mu, ne nkariiɛ so; ne teaseɛnam a ɛne sika kerubim a wɔtrɛ mu kata AWURADE apam adaka no soɔ no nsususoɔ. 19 Ne nyinaa wɔ atwerɛeɛ a ɛfiri AWURADE nsam baa me soɔ no mu na ɔkyerɛɛ me nsususoɔ nnwuma no nyinaa. 20 Na Dawid ka kyerɛɛ ne ba Salomo sɛ: Hyɛ wo ho den na mia w’ani, na yɛ, nsuro na mma w’akoma nntu, na AWURADE Nyankopɔn, me Nyankopɔn no, di w’akyi. Ɔrempa wo, na ɔrennya wo de bɛkɔ akɔsi sɛ wobɛwie AWURADE fie som adwuma no nyinaa. 21 Na hwɛ, asɔfoɔ ne Lewifoɔ akuakuo a wɔbɛsom Nyankopɔn fie som nyinaa nie. Na adwuma no nyinaa mu, nnipa a wɔyi wɔn yam, na wɔwɔ ɔsom nyinaa ho nyansa, ne asafohene no ne ɔman no nyinaa, wɔ wo nsam. |
The Bible Society of Ghana, 2012